ADESUA 9
Yeremia Annyae Yehowa Ho Asɛm Ka
Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛtɔ mmere bi a wodi yɛn ho fɛw anaa wɔn bo fuw yɛn. Anhwɛ a eyi bɛma yɛayɛ yɛn adwene sɛ yebegyae Onyankopɔn ho asɛm ka. So woate nka saa pɛn?
Bere a na Yeremia yɛ aberante no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ne nkurɔfo no sɛ wonnyae nneɛma bɔne yɛ. Ná saa adwuma yi yɛ den paa ma Yeremia, na ehu kaa no. Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Minnim nea mɛka. Meyɛ abofra.’ Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro, mɛboa wo.’
Sɛ nhwɛso no, bere bi, nnipa bɔne bi tow Yeremia too amoa tenteenten bi a atɛkyɛ wom mu. Wannya aduan anni, na saa ara nso na wannya nsu annom. Ná saa nkurɔfo no pɛ sɛ Yeremia wu wɔ saa amoa no mu. Nanso, Yehowa boaa no, enti wanwu!
Dɛn na wubetumi asua afi Yeremia ho asɛm no mu?