Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Som Bo Ma Me Nnɛ Ne Da Biara

Yehowa Som Bo Ma Me Nnɛ Ne Da Biara

Twe Bi:

  1. 1. Abrabɔ mu nsɛm bebree, yentumi nhu ɔkyena asɛm.

    Ɛno nti m’abrabɔ mu, mihia Nyankopɔn akwanky’rɛ nnɛ.

    Na mahyɛ no bɔ; ɔno ne m’agyapade.

    Mɛsom Yehowa na mɛyɛ n’apɛde.

    (NNYESO)

    Yehowa wɔ hɔ ma me, ɔrenni me huammɔ.

    Ɔsom bo ma me, ɔno na mɛsom no.

    Yehowa bɛkyerɛ me kwan, ɔbɛbɔ me ho ban.

    Ɔno na me ne no nam ɛnnɛ ne da biara.

    Me Nyankopɔn de, ɔwɔ hɔ daa nyinaa.

    Ɔsom bo ma me nti mese mɛyɛ n’apɛde daa.

  2. 2. Ewiase afɛfɛde ne emu nnaadaasɛm adɔɔso.

    Ebetumi atwetwe me afi botae pa nyinaa ho.

    Nanso mahyɛ bɔ sɛ mɛsom Nyankopɔn daa.

    Ɔbɛhyɛ me den; ɔwɔ hɔ daa nyinaa.

    (NNYESO)

    Yehowa wɔ hɔ ma me, ɔrenni me huammɔ.

    Ɔsom bo ma me, ɔno na mɛsom no.

    Yehowa bɛkyerɛ me kwan, ɔbɛbɔ me ho ban.

    Ɔno na me ne no nam ɛnnɛ ne da biara.

    Me Nyankopɔn de, ɔwɔ hɔ daa nyinaa.

    Ɔsom bo ma me nti mese mɛyɛ n’apɛde daa.

    (BRIDGE)

    Ɔsom bo ma me nti mɛyɛ n’apɛde.

    Ɔyɛ adamfo pa, na ɔbɛhyɛ me den.

    Yehowa yɛ ɔdɔ, na ɔbɛhwɛ me.

    Na mene no bɛnantew de akosi daa.

    (NNYESO)

    Yehowa wɔ hɔ ma me, ɔrenni me huammɔ.

    Ɔsom bo ma me, ɔno na mɛsom no.

    Yehowa bɛkyerɛ me kwan, ɔbɛbɔ me ho ban.

    Ɔno na me ne no nam ɛnnɛ ne da biara.

    Me Nyankopɔn de, ɔwɔ hɔ daa nyinaa.

    Ɔsom bo ma me nti mese mɛyɛ n’apɛde daa.