Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Ɔko a Ɛrekɔ So Wɔ Ukraine No Ama Aduan Ho Ayɛ Den Paa Wɔ Wiase Baabiara

Ɔko a Ɛrekɔ So Wɔ Ukraine No Ama Aduan Ho Ayɛ Den Paa Wɔ Wiase Baabiara

 May 19, 2022 mu no, Abaguafo a Wɔhwɛ Amanaman Nkabom Bammɔ Ho Nsɛm So nyaa no ntee fii aban mpanyimfo ne atitiriw bɛboro 75 hɔ sɛ, “wim nsakrae a ɛresɛe ne COVID-19 yare kodiawuo no ama aduan ho ayɛ nã, nanso ntɔkwaw a ɛrekɔ so wɔ Ukraine no asɛe asɛm no koraa. Seesei aduan ho akɔ atwee wɔ aman bebree so.” Ɛno akyi no, dawurubɔ krataa a yɛfrɛ no The Economist nso de too gua sɛ, “wiase a yɛte mu yi, yenhu yɛn ho ano dedaw, ɛnna aduankɔm nso de bi rebɛka ho yi. Ɛrenkyɛ koraa, nnipa bebree bɛda kɔm.” Ɛwom, Bible no ma yehu sɛ yɛn bere yi so no, aduan ho bɛyɛ den, nanso ɛsan ma yehu nea yɛyɛ a ɛremma ɛkɔm nkum yɛn.

Bible ka too hɔ sɛ ɔkɔm bɛba

  •    Yesu ka siei sɛ: ‘Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni, na ɔkɔm bɛba.’—Mateo 24:7.

  •    Adiyisɛm nhoma no kaa nnipa nnan bi a wɔtete apɔnkɔ so ho asɛm. Wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no, baako gyina hɔ ma akokoakoko. Nea odi n’akyi no nso gyina hɔ ma ɔkɔm. Saa asɛm no kyerɛ sɛ bere bi bɛba a aduan ho bɛkɔ atwee, na kakra a ɛwɔ hɔ no nso, nkurɔfo betwitwa boɔ akɛseakɛse atoto so. Bible no ka sɛ, “Mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. Metee biribi te sɛ nne bi . . . Na nne no se, ‘Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua.’”—Adiyisɛm 6:5, 6, Akuapem Twi Nkwa Asɛm.

 Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa aduankɔm ho yi, Bible no kaa sɛ ne nyinaa bɛbam wɔ “awiei mmere no” mu, na ɛno ara mu nso na yɛwɔ yi. (2 Timoteo 3:1) “Awiei mmere no” ne nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so a Adiyisɛm nhoma no ka wɔn ho asɛm no, sɛ wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din, Efi Afe 1914 Reba No, Wiase No Asesa. Afei kenkan asɛm a yɛato din “Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Sɛn na Bible betumi aboa yɛn?

  •    Sɛ yɛhwɛ Bible no mu a, yebehu afotusɛm bebree wom a ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw a yɛrehyia no nnɛ no ano. Saa ɔhaw no bi ne sɛ, seesei aduan bo kɔ ara na ɛrekɔ soro na mmeae bi mpo de, wonnya aduan no bi na wɔadi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible afotusɛm yi bi a, kenkan asɛm a yɛato din “How to Live on Less.”

  •    Bible san ma yenya anidaso sɛ, ɛnyɛ sei ara na nneɛma bɛkɔ, da bi-da bi ɛbɛyɛ yiye. Ɛma yehu sɛ bere bi bɛba a “aduan bebu so wɔ asaase no so,” na obiara benya aduan adi amee. (Dwom 72:16) Nneɛma pa bɛn na Bible ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba daakye? Na dɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ ke ara ne ke ɛbɛba mu? Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛmmisa yi ho mmuae a, kenkan asɛm a yɛato din “A Real Hope for a Better Tomorrow.”