Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔpɛ fitaa asi ama asaase apaapae; dua baako pɛ na aka si so.

MONKƆ SO NWƐN!

Ɔpɛ Fitaa a Ɛresisi—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Ɔpɛ Fitaa a Ɛresisi—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
  •    “Amanneɛbɔ a efi China kyerɛ a, sɛnea wim ayɛ hyehyeehyew no, wɔnhuu bi da. Wɔsan kyerɛ sɛ, ɔpɛ a asi wɔ ahohurubere mu afe yi no, wuyi mmienu bi a abɛsen kɔ a, wei ne nea ano yɛ den paa.”—The Guardian, September 7, 2022.

  •    “Ɔpɛ fitaa a mfe nnan ni aba Afrika mmeae bi no, ɛbɛtoa so afe baako aka ho.”—UN News, August 26, 2022.

  •    “Sɛnea nneɛma rekɔ no, anhwɛ a ɔpɛ besi Europe fã kɛse no ara, na sɛ esi a, na kyerɛ sɛ mfe 500 ni, ɛno na ɛbɛyɛ ɔpɛ a ano yɛ den paa a asi.”—BBC News, August 23, 2022.

 Abenfo bebree kyerɛ sɛ, ɔpɛ a yɛreka ho asɛm yi, ne nketewa mu a; afei koraa na yɛrebehu ne kɛse. Wohwɛ a, anidaso bi wɔ hɔ sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye anaa? Dɛn na Bible ka?

Nea Bible nkɔmhyɛ ka fa ɔpɛ ho

 Bible ka too hɔ sɛ, yɛn bere yi so no:

  •    “Ɔkɔm bɛba mmeaemmeae.”Luka 21:11.

 Mpɛn pii no ɔpɛ si a, ɛde ɔkɔm na ɛba. Ɔkɔm nso si a, ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ aba mu. Amanehunu ne owu a ɔkɔm de ba no nso ama Bible nkɔmhyɛ aba mu.—Adiyisɛm 6:6, 8.

Nea enti a ɔpɛ a ɛresisi no ano reyɛ den

 Bible ma yehu ade titiriw a ama ɔpɛ a esisi no ano reyɛ den saa. Ɛka sɛ:

  •    “Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”Yeremia 10:23.

 Wei kyerɛ sɛ nnipa rentumi ‘ntutu wɔn nan,’ anaa wɔrentumi nni wɔn ho so mma ensi wɔn yiye. Sɛnea nnipa toto nneɛma basaa no taa kɔfa ɔpɛ ba, na ɛma nsu ho kɔ atwee.

  •    Nyansahufo bebree ka sɛ, nea nnipa reyɛ wɔ asaase yi so no ama wim ayɛ hyehyeehyew, na ɛno na akɔfa ɔpɛ aba wiase baabiara no.

  •    Nnipa binom yɛ adifudepɛ, na ɛyɛ a wɔnnwen daakye ho. Wei nti, wɔbu nnua sɛe kwae, wɔsɛe nsu ne mframa, na ɔdomankoma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nso, wɔyɛ no basabasa. Wei nyinaa reyɛ ama nsupa ho ayɛ na.

 Ne nyinaa mu no, Bible ma yɛn anidaso.

Anidaso bi wɔ hɔ sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye?

 Bible ahyɛ bɔ sɛ, nsu a ɛho ayɛ na no, Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi. Dɛn na ɔbɛyɛ?

  1.  1. Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Ade baako a ama nsu ho akɔ atwee yɛ adifudepɛfo atirimɔdenfo a wɔresɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Onyankopɔn beyi wɔn nyinaa afi hɔ.—2 Timoteo 3:1, 2.

  2.  2. “Asaase a ɛso awo bɛdan ɔtare.” (Yesaia 35:1, 6, 7) Ɔhaw a ɔpɛ akɔfa aba nyinaa Onyankopɔn beyi afi hɔ, na wama asaase ayɛ frɔmfrɔm; ɛbɛyɛ paradise a nsu nyɛ na wɔ so.

  3.  3. “Woma asaase nya nea ehia; ɛsow aba pii ma ɛyɛ frɔmfrɔm.” (Dwom 65:9) Onyankopɔn bɛma aduanpa ne nsupa abu so wɔ asaase so ama obiara anya bi.