Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asaasewosow Akɛse—Dɛn Na Bible Aka Afa Ho?

Asaasewosow Akɛse—Dɛn Na Bible Aka Afa Ho?

 Afe biara, asaasewosow mpempem pii na esisi wɔ wiase. Asaasewosow no dodow no ara ano nyɛ den, nanso nea ano yɛ den no, etumi sɛe nneɛma paa. Etumi ma nnipa bebree hu amane, na ekunkum ebinom mpo. Ɛtɔ da a, nkurow a ɛbemmɛn mpoano no, sɛ asaasewosow a esi po mu a yɛfrɛ no tsunami no si a, etumi kunkum wɔn mu bebree. Asaasewosow akɛse a ɛresisi yi, na Bible aka ho asɛm ato hɔ dada anaa?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Bible ka too hɔ sɛ asaasewosow besisi anaa?

 Yesu hyɛɛ nkɔm bi wɔ Bible mu. Saa nkɔmhyɛ no, ɔkaa asaasewosow ho asɛm wom. Ne nsɛm a ɔkae no wɔ Bible mu nhoma mmiɛnsa a edidi so yi mu:

 “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni, na ɔkɔm ne asaasewosow bɛba mmeaemmeae.”Mateo 24:7.

 “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni; asaasewosow bɛba mmeaemmeae; na ɔkɔm nso bɛba.”—Marko 13:8.

 “Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae.”—Luka 21:11.

 Yesu san ka too hɔ sɛ, bere a ‘asaasewosow resisi wɔ mmeaemmeae’ no, saa bere no ara mu nso, aduankɔm, akokoakoko, ne nsanyare a edi awu bɛba. Saa nneɛma yi nyinaa bom sisi a, ɛbɛkyerɛ sɛ “wiase yi awiei bere no” adu anaa yɛwɔ “awiei mmere no mu.” (Mateo 24:3; 2 Timoteo 3:1) Bible boa yɛn ma yetumi bu akontaa hu sɛ, “awiei mmere no” fii ase afe 1914, na yɛda so ara wom, ennya mmaa awiei.

 Asaasewosow a ɛresisi nnɛ yi, ɛma Bible nkɔmhyɛ bi ba mu anaa?

 Aane. Sɛ yɛde Yesu nkɔmhyɛ a ɔkaa asaasewosow ho asɛm wom no toto nea ɛrekɔ so nnɛ yi no ho a, yehu sɛ ehyia pɛpɛɛpɛ. Efi afe 1914 reba no, asaasewosow akɛse nko ara a asisi wɔ wiase bɛboro 1,950. Na sɛ yɛreka wɔn a akunkum wɔn a, ɛboro ɔpepem mmienu. a Wo de, yɛnhwɛ asaasewosow a asisi mfe ɔha ni.

 2004—Indian Ocean. Asaasewosow kɛse bi sii po no mu (wosusuwii no, na anoden no yɛ 9.1), na ɛtrɛw kɔɔ aman bɛyɛ dummienu so. Ekunkum nnipa bɛyɛ 225,000.

 2008—China. Asaasewosow kɛse bi sii wɔ China (wosusuwii no, na anoden no yɛ 7.9), na ɛsɛee adan ne agyapade wɔ nkurow bebree so. Sɛ wɔrekyerɛ a, saa asaasewosow no kum nnipa 90,000, na nnipa 375,000 pirapirae. Ɛno da nkyɛn a, ɛmaa nnipa ɔpepem pii afie sɛee.

 2010—Haiti. Asaasewosow kɛse bi sii wɔ Haiti (wosusuwii no, na anoden no yɛ 7.0). Ɛno akyi, nketenkete bebree nso dii akyi bae. Ekum nnipa bɛboro 300,000, na wei nso maa nnipa bebree afie sɛee.

 2011—Japan. Asaasewosow kɛse bi sii, na ɛtrɛw kɔɔ po mu (wosusuwii no, na anoden no yɛ 9.0). Ekum nnipa bɛyɛ 18,500. Ɛno nso maa nnipa bebree bɔɔ asesa. Afiri bi a na ɛma anyinam ahoɔden a ɛwɔ kurow bi a wɔfrɛ no Fukushima no sɛee, na wei maa mframa bɔne a edi awu trɛwee wɔ mpɔtam hɔ. Mfe du akyi mpo no, nnipa bɛyɛ sɛ 40,000 antumi ansan ankɔ wɔn fie bio. Efisɛ saa bere no nyinaa, na awuduru no da so ara gyina mu.

 Bible nkɔmhyɛ a ɛfa asaasewosow ho no, ɛfa yɛn ho sɛn?

 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa asaasewosow ho no ma yehu nea ebesi nnansa yi ara. Yesu kaa sɛ: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.”—Luka 21:31.

 Bible no ma yehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ aban ankasa a ɛwɔ soro, na Yesu Kristo na ɛyɛ so Hene. Saa Ahenni yi na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no.—Mateo 6:10.

 Sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asaase so a, ebeyi atoyerɛnkyɛm biara afi hɔ, enti ɛremma da sɛ asaasewosow bɛba abɛsɛe ade na akunkum nnipa. (Yesaia 32:18) Ɛno da nkyɛn a, obi biara a asaasewosow a ɛresisi nnɛ no adi no nya anaa ama wahwere biribi no, Onyankopɔn bɛma ne nsa aka. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:3, 4) Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

a Saa akontaabu yi fi asaasewosow akɛse akɛse a esisi wɔ wiase no ho kyerɛwtohɔ no mu. United States National Geophysical Data Center na ɛhwɛ so.