Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Surasak Suwanmake/Moment via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Wim Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Nnansa Yi—Dɛn Na Bible Ka?

Wim Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Nnansa Yi—Dɛn Na Bible Ka?

 Wokɔ aman pii so a, sɛnea wim ayɛ hyehyeehyew no, yenhuu bi saa da. Ɔhyew no nso akɔfa ɔhaw bebree aba. Wo de, hwɛ amanneɛbɔ a edidi so yi:

  •   “Efi bere a nkurɔfo fii ase de mfiri susuw sɛnea wim yɛ hyew fa no, mfe 174 ni. Efi saa bere no ara besi nnɛ, June bosome biara nni hɔ a na emu yɛ hyew sen June a etwaam yi.”—National Oceanic and Atmospheric Administration, U.S. Department of Commerce, July 13, 2023.

  •   “Sɛnea wim ayɛ hyew wɔ Italy, Spain, France, Germany, ne Poland no, ɛyɛ hu. Wokɔ supɔw a yɛfrɛ no Sicily ne nea yɛfrɛ no Sardinia a, ɛhɔ koraa de ɛkyɛn. Wohwɛ sɛnea ɔhyew no rekɔ soro wɔ hɔ no a, anhwɛ a baabi a ɛbɛkɔ akodu no, nea yɛbɛka ara ne sɛ wei de, yenhuu bi saa da wɔ Europe.”—European Space Agency, July 13, 2023.

  •   “Seesei, wim yɛ ara na ɛreyɛ hyew. Sɛ wim yɛ hyehyeehyew saa nso a, ɛreyɛ ara ni na nsu retɔ. Ɛretɔ nso a, ɛtɔ denneennen. Enti anhwɛ a nsuyiri a ɛde bɛba no, ɛbɛyɛ hu paa.”—Stefan Uhlenbrook; ɔyɛ adwuma wɔ World Meteorological Organization, na ɔno ne panyin paa wɔ baabi a wɔsua nsu ho ade. Ɔde asɛm yi too gua July 17, 2023.

 Sɛ wote amanneɛbɔ a ɛtete sei a, ɛyɛ a ɛma ehu tɔ wo so anaa? Hwɛ nea Bible ka fa wim nsakrae a ɛresɛe no ho.

Sɛnea wim nsakrae resɛe no, ɛyɛ Bible nkɔmhyɛ anaa?

 Aane. Bible kaa nneɛma bi a ebesisi wɔ yɛn bere yi so ho asɛm, na wutumi hu sɛ ewim a ayɛ hyehyeehyew ne nneɛma a ɛtete saa nso ka ho bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yesu ka too hɔ sɛ yebehu “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa “nneɛma a ɛyɛ nwanwa na etu koma.” (Luka 21:11; Good News Translation) Sɛ nnipa bebree hwɛ sɛnea wim ayɛ hyehyeehyew no a, ɛma wɔsuro sɛ anhwɛ a nnipa bɛsɛe asaase yi.

Ɛyɛ ampa sɛ ebedu baabi no, nnipa rentumi ntena asaase yi so bio anaa?

 Daabi. Onyankopɔn bɔɔ asaase maa nnipa sɛ wɔntena so afebɔɔ, enti ɔrenyɛ nhwɛhaa mma nnipa nsɛe no. (Dwom 115:16; Ɔsɛnkafo 1:4) Wahyɛ bɔ mpo sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’—Adiyisɛm 11:18.

 Bible ma yehu sɛ atoyerɛnkyɛm a ɛresisi nyinaa, Onyankopɔn betumi ama ne nyinaa aba awiei, na ɔbɛyɛ nso.

  •   “[Onyankopɔn ma] ahum no yɛ dinn, na po asorɔkye no yɛ komm.” (Dwom 107:29) Ahum, asorɔkye, ne nneɛma a ɛtete saa no, Onyankopɔn wɔ ne nyinaa so tumi. Wim nsakrae a asɛe a akɔfa atoyerɛnkyɛm bebrebe yi nyinaa aba no, Onyankopɔn betumi asiesie.

  •   “Woma asaase nya nea ehia; ɛsow aba pii ma ɛyɛ frɔmfrɔm.” (Dwom 65:9) Onyankopɔn behyira asaase no ama adan paradise.

 Bible no ma yehu sɛ yɛn asaase yi a asɛe yi, ɛbɛsan afa ne ntama pa afura. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ho a, kenkan asɛm a yɛato din “Who Will Save the Earth?” (Hena Na Ɔbɛsa Asaase Yi Yare?)