Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 51

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

Wo Nisu Som Bo Ma Yehowa

Wo Nisu Som Bo Ma Yehowa

“Fa me nisu gu wo nsu kotoku mu. Wonkyerɛwee wɔ wo nhoma mu anaa?”DW. 56:8.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yebehu sɛ Yehowa nim yɛn haw ne yɛn amanehunu nyinaa, na ɔbɛma yɛn awerɛkyekye a yehia.

1-2. Nneɛma bɛn saa na etumi ma yɛtew nisu?

 HENA na ɔntew nisu da? Ɛtɔ da na yɛn ani gye boro so a, wobɛhwɛ na adan nisu. Yɛreka yi, ebia ebi ato wo pɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia bere a wowoo wo ba foforo no, w’ani gyei ara ma w’ani tetɛwee. Ɛtɔ da nso na wokae anigyesɛm bi a esii wɔ w’abrabɔ mu, anaa wuhyia wo yɔnko berɛbo bi a wuhuu no akyɛ a, ɛho anigye nko ara tumi ma wotew nisu.

2 Nanso mpɛn pii no, komam awerɛhow na ɛma yɛtew nisu. Ebi ne sɛ, sɛ obi di yɛn huammɔ anaa ɔde yɛn si mu a, yetumi su. Sɛ yare bi bɛtena yɛn so, anaa yɛn dɔfo bi wu a, ɛho awerɛhow nso tumi ma nisu guare yɛn. Ɛba saa a, yetumi te nka te sɛ odiyifo Yeremia. Bere a Babilonfo bɛsɛee Yerusalem no, ɔkaa sɛ: “Nsu nam m’ani ase waawaa. M’ani tew ara na ɛretew nisu; ennyae.”—Kwa. 3:​48, 49.

3. Sɛ Yehowa hu sɛ ne nkurɔfo rehu amane a, ɔte nka sɛn? (Yesaia 63:9)

3 Efi bere a wɔwoo wo besi nnɛ, mpɛn dodow sɛn na awerɛhow ama woatew nisu? Ebia wunnim, nanso Yehowa de, onim ne nyinaa. Bible ma yehu sɛ, yɛn a yɛsom Yehowa no, ohu yɛn haw ne yɛn amanehunu nyinaa, na sɛ yesu frɛ no nso a, ɔte. (Dw. 34:15) Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ yɛn Agya a ɔdɔ yɛn, enti sɛ ɔte sɛ ne mma resu a, ɛma odi yaw wɔ ne koma mu, enti otutu mmirika bɛso yɛn mu.—Kenkan Yesaia 63:9.

4. Henanom na yɛrebɛka wɔn ho asɛm, na dɛn na wɔn asɛm no bɛma yɛahu afa Yehowa ho?

4 Sɛ Yehowa hu sɛ n’asomfo retew nisu a, sɛnea ɔte nka ne nea ɔyɛ de boa wɔn no, ɔno ankasa abue so akyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Yɛrebɛka Hanah, Dawid, ne Ɔhene Hesekia ho asɛm, na ɛbɛma yɛate saa asɛm no ase. Dɛn na ɛma wɔtew nisu? Bere a wɔsu frɛɛ Yehowa no, dɛn na ɔyɛe? Sɛ yɛredi awerɛhow, obi adi yɛn huammɔ, anaa asɛm bi ato yɛn na ɛyɛ yɛn sɛ anidaso nyinaa asa a, sɛn na wɔn asɛm no betumi akyekye yɛn werɛ?

BERE A AWERƐHOW AMA YƐRETEW NISU

5. Nea Hanah faa mu no, ɛma ɔtee nka sɛn?

5 Wohwɛ Hanah asetena mu a, nneɛma a ɛhyɛɛ no awerɛhow ma ɔtew nisu de, bebree kwa. Baako ne sɛ, na ne kunu aware ɔbea baako aka ne ho, na na wɔfrɛ no Penina. Ná ɔmpɛ Hanah anim ahwɛ; ɔmaa Hanah ho hyehyee no paa. Ɛno mpo de, anka Hanah bɛfa no saa ara. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na Hanah nni ba. Nanso Penina de, na ɔwɔ mma. (1 Sam. 1:​1, 2) Gye sɛ wanhu Hanah, na ɔde ne mma no rebɔ no akutia tweetwee no. Wone Hanah a, anka wobɛyɛ dɛn? Bible se asɛm no haw no ara ma enti na ‘osu, na na onnidi.’ Afei nso ne ‘werɛ howee paa.’—1 Sam. 1:​6, 7, 10.

6. Dɛn na Hanah yɛe a ɛkyekyee ne werɛ?

6 Ɔhaw bebrebe a Hanah faa mu yi nyinaa, dɛn na ɛkyekyee ne werɛ? Baako ne sɛ, ɔkɔɔ baabi a na ɔsom ntamadan no wɔ no kɔsom Yehowa. Bere a ɔkɔɔ hɔ no, ebetumi aba sɛ ntamadan no adiwo no kwan ano “na ɔbɔɔ Yehowa mpae, na osui pii.” Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: ‘Hwɛ w’afenaa amanehunu na kae me.’ (1 Sam. 1:10b, 11) Hanah hwiee ne koma mu nsɛm nyinaa guu Yehowa anim. Bere a Yehowa huu Hanah nisu no, ɛbɛyɛ sɛ etwaa ne nsono mu, efisɛ na Hanah nso yɛ ne babea a ɔda ne koma so, enti na ne su yɛ ne su.

7. Bere a Hanah kaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ Yehowa no, awerɛkyekye bɛn na onyae?

7 Bere a Hanah kaa ne koma mu asɛm kyerɛɛ Yehowa no, Ɔsɔfo Panyin Eli nso kaa ne koma too ne yam sɛ ɛbɛyɛ yiye. Ɛno maa Hanah tee nka sɛn? Bible bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Osiim kɔe, na okodidii, na n’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.” (1 Sam. 1:​17, 18) Ɛwom, ɔhaw a na Hanah refa mu saa bere no amfi hɔ, nanso ne koma tɔɔ ne yam, efisɛ ɔde n’adesoa nyinaa too Yehowa so. Yehowa huu ɔhaw a na Hanah nam mu no, na otiee ne sufrɛ. Akyiri yi ohyiraa no ma otumi nyinsɛnee.—1 Sam. 1:​19, 20; 2:21.

8-9. Sɛnea Hebrifo 10:​24, 25, kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ Kristofo nhyiam? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Nea yesua fi mu. Ɔhaw bi abɛtɔ wo so a ɛma wotew nisu? Ebia wo busuani anaa w’adamfo bi awu ama woredi awerɛhow. Sɛ biribi saa ato wo a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ tew wo ho kɔhyɛ baabi. Ntease wom, nanso kae sɛ bere a Hanah kɔɔ baabi a ntamadan no wɔ no, ɛhɔ na okonyaa awerɛkyekye ne nkuranhyɛ. Enti wo nso, sɛ ɛnkɔ yiye mma wo mpo a, Kristofo nhyiam de, bɔ mmɔden kɔ bi, na ɛbɛboa wo. (Kenkan Hebrifo 10:​24, 25.) Bible mu nsɛm a yɛte wɔ hɔ no, Yehowa de kyekye yɛn werɛ, na ɛma yɛn adwinnwen so tew. Sɛ yɛn haw no amfi hɔ mpo a, ɛboa ma yenya akomatɔyam.

9 Afei nso, sɛ yɛwɔ asafo nhyiam ase a, yɛte nka sɛ efie ne fie. Ɔdɔ a yɛn nuanom Kristofo dɔ yɛn nti, wɔma yehu sɛ yɛn asɛm yɛ wɔn asɛm, wɔkyekye yɛn werɛ, na wɔma yɛn su dan serew. (1 Tes. 5:​11, 14) Yɛn nua kwampaefo titiriw bi yere wu gyaw no yayaayaw. Wo de, tie nea ɔkae: “Esu no de, ennyaee. Ɛtɔ da a, mitumi kɔhyɛ baabi su saa ara. Nanso sɛ mekɔ adesua a, na me ho abae me. Nsɛmdɛ a anuanom ka kyerɛ me no, ɛyɛ aduru tatahwe. Sɛ mabotow sɛ dɛn mpo na mikodu adesua ase a, me ho dwo me fɔmm.” Sɛ yɛkɔ adesua a, Yehowa tumi fa yɛn nuanom so boa yɛn.

Yebetumi anya awerɛkyekye afi yɛn nuanom Kristofo hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)


10. Sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so a, sɛn na Hanah nhwɛso no betumi aboa yɛn?

10 Ade baako nso a ɛmaa Hanah nyaa awerɛkyekye ne sɛ, ohwiee ne koma mu nsɛm nyinaa guu Yehowa anim. Wo nso, wubetumi ‘atow wo dadwen nyinaa agu Yehowa so,’ na woanya awerɛhyem sɛ obetie wo. (1 Pet. 5:7) Akorɔmfo-werɛmfo kum onuawa bi kunu, na wo de, tie nea onuawa no kae: “Me koma bubui te sɛ ahwehwɛ a ahwe fam ma abubu nketenkete. Ná minnye nni sɛ mesi me dedaw mu bio. Nanso, minyaa m’awerɛkyekye nyinaa fii yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hɔ. Ɔno na mebɔɔ no mpae. Ɛtɔ da na merebɔ mpae a, na minhu nea menka mpo, nanso na ɔte me ase. Edu baabi na awerɛhow bubu me a, na mebɔ mpae srɛ asomdwoe. Sɛ mebɔ mpae wie a, me ara mihu sɛ me ho atɔ me, afei na matoa m’abrabɔ so.” Sɛ wode wo haw nyinaa to Yehowa anim saa a, ohu wo nisu, na ohu ɛyaw a woredi wɔ wo koma mu no. Sɛ wo dadwen no ankɔ mpo a, Yehowa betumi aka wo koma ato wo yam na ɔbɛma woanya asomdwoe. (Dw. 94:19; Filip. 4:​6, 7) Animia a wode refa mu no nso, obehyira wo wɔ ho.—Heb. 11:6.

BERE A OBI ADI YƐN HUAMMƆ AMA YƐRETEW NISU

11. Ateetee bebrebe a Dawid faa mu no, ɛma ɔtee nka sɛn?

11 Wohwɛ Dawid abrabɔ mu a, nneɛma bebree na ɛteetee no ma ɔtew nisu. Ná Dawid atamfo dɔɔso; ne nnamfo ne n’abusuafo bi mpo dii no huammɔ. (1 Sam. 19:​10, 11; 2 Sam. 15:​10-14, 30) Eduu baabi no ɔkaa sɛ: “Masi apini abrɛ; me nisu fɔw me mpa anadwo mũ nyinaa; me nisu yiri fa me kɛtɛ.” Dɛn na ɛmaa Dawid tee nka saa? Ɔno ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na ‘nkurɔfo reteetee no.’ (Dw. 6:​6, 7) Nneɛma bɔne a nkurɔfo de dii Dawid no, na ɛyɛ yaw, enti na ɛma ɔtew nisu waawaa no.

12. Sɛnea Dwom 56:8 kyerɛ no, dɛn na na Dawid nim?

12 Amanehunu bebrebe a Dawid faa mu nyinaa akyi no, na onim sɛ Yehowa dɔ no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa bɛte me su.” (Dw. 6:8) Bere bi nso, Dawid kyerɛw asɛm bi a ɛka koma. Ɛwɔ Dwom 56:8. (Kenkan.) Wohwɛ sɛnea Dawid kaa asɛm no a, ɛma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho paa, na ɔte nka ma yɛn. Dawid kaa sɛ, ɛte sɛ nea Yehowa de ne nisu regu toa mu anaa ɔrekyerɛw ho asɛm agu nhoma mu. Ná Dawid nim paa sɛ Yehowa ahu yaw a ɔrefa mu nyinaa, na ne werɛ remfi. Ná ogye di nso sɛ, Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma. Enti ɛnyɛ ɔhaw a ɔrefa mu no nko ara na Yehowa hu, na mmom sɛnea ɔte nka nso, Yehowa nim.

13. Sɛ obi di yɛn huammɔ a, dɛn na yebetumi de akyekye yɛn werɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Nea yesua fi mu. Obi a wugye no di paa adi wo huammɔ anaa ɔde wo asi mu ama wo koma abubu anaa? Ebia obi a wo ne no ahyehyɛ aware de wo asi mu, anaa wo kunu anaa wo yere agyaa wo putupuru. Ebi nso a, obi a wopɛ n’asɛm agyae Yehowa som. Yɛnhwɛ onua bi. Ne yere kɔfaa barima foforo san guan gyaw no. Ɔkaa sɛ: “M’ani so birii me. Ná asɛ mereso dae. Me werɛ howee, me bo fuwii, na ɛyɛɛ me sɛ meyɛ nipahunu.” Sɛ obi ama wo nsa asi fam anaa ɔde wo asi mu a, ka wo koma to wo yam. Kae sɛ Yehowa de, ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo da. Onua no kaa sɛ: “Mabehu sɛ nipa de, ɔyɛ nipa; obetumi adi wo huammɔ. Nanso Yehowa de, ɔyɛ Ɔbotantim. Nsu mu oo, awia mu oo, otim hɔ daa. Ɔrennyaw n’anokwafo.” (Dw. 37:28) Kae nso sɛ, sɛ onipa bi dɔ wo sɛ dɛn mpo a, ɛrennu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo no ho baabiara. Enti sɛ obi adi wo huammɔ ma ɛyɛ wo yaw sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi nsɛe ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wo no. (Rom. 8:​38, 39) Yɛbɔ asɛm no nyinaa pɔw a, nea yɛreka ni: Nea obi ayɛ wo biara, kae sɛ w’Agya a ɔwɔ soro no de, ɔdɔ wo.

Nnwom nhoma no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu (Hwɛ nkyekyɛm 13)


14. Awerɛkyekyesɛm bɛn na ɛwɔ Dwom 34:18?

14 Sɛ obi di yɛn huammɔ a, asɛm a Dawid kaa wɔ Dwom 34:18 no nso betumi akyekye yɛn werɛ. (Kenkan.) Nhoma bi ka sɛ, yɛka sɛ obi “abam abu” a, ebetumi akyerɛ sɛ “onii no nni anidaso biara.” Sɛ Yehowa hu obi a huammɔdi nti n’abam abu a, dɛn na ɔyɛ de boa no? Kyerɛwsɛm no se obi a ɔte saa no, Yehowa ‘bɛn no.’ Yehowa te sɛ ɔwofo bi a ne ba werɛ ahow, na wafa abofra no abɔ ne bo rekorɔkorɔ no. Enti, sɛ obi de yɛn si mu anaa odi yɛn huammɔ ma yɛn werɛ how a, Yehowa nso, ɛyɛ no yaw, na ɔyɛ ntɛm bɛboa yɛn. Otutu mmirika bɛkyekye yɛn werɛ, odwudwo yɛn koma, na ɔboa yɛn ma yɛsan gyina yɛn nan so. Afei nso, ɔma yehu sɛ nhyira bebree da yɛn anim daakye, na sɛ yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn ma yemia yɛn ani gyina yɛn haw nyinaa ano.—Yes. 65:17.

BERE A YƐTE NKA SƐ YƐN ANIDASO NYINAA ASA NA YƐRETEW NISU

15. Asɛm bɛn na ɛtoo Hesekia a ɛma osui?

15 Bere a Yuda hene Hesekia dii mfe 39 no, ɔyaree denneennen. Yehowa maa odiyifo Yesaia kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ, ne yare no, ɛde no bɛkɔ owu mu. (2 Ahe. 20:1) Enti na akɔyɛ sɛ Hesekia anidaso nyinaa asa. Asɛm no maa Hesekia yɛ hagyaa, enti osui pii. Afei ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no.—2 Ahe. 20:​2, 3.

16. Bere a Yehowa tee Hesekia sufrɛ no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

16 Bere a Yehowa tee Hesekia sufrɛ no, ɛyɛɛ no awerɛhow, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate wo mpaebɔ no. Mahu wo nisu, na mɛsa wo yare.” Yehowa huu Hesekia mmɔbɔ, enti ɔmaa Yesaia kɔka kyerɛɛ no sɛ, wato Hesekia nkwa nna mu, na obegye Yerusalem nso afi Asiriafo nsam.—2 Ahe. 20:​4-6.

17. Sɛ yare a emu yɛ den bi reteetee yɛn a, dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn? (Dwom 41:3) (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Nea yesua fi mu. Yare koankorɔ bi abɔ wo ama w’anidaso nyinaa asa anaa? Fa wo nsɛm nyinaa to Yehowa anim; wubesu koraa a, su. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, “mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no” bɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu. (2 Kor. 1:​3, 4) Ɛnnɛ de, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa beyi yɛn haw nyinaa afi yɛn so, nanso ahoɔden a yɛde begyina mu de, yenim sɛ ɛremmɔ yɛn da. (Kenkan Dwom 41:3.) Yehowa nam ne honhom kronkron no so ma yɛn ahoɔden, nyansa, ne koma mu asomdwoe ma yɛde gyina mu. (Mmeb. 18:14; Filip. 4:13) Wasan ama yɛanya anidaso sɛ obeyi yare nyinaa afi hɔ, na saa anidaso no nso tumi kurakura yɛn.—Yes. 33:24.

Yɛbɔ mpae a, Yehowa betie. Ɔbɛma yɛn ahoɔden, nyansa, ne koma mu asomdwoe a yɛde begyina mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)


18. Sɛ ɔhaw bi a emu yɛ den to wo ma ɛyɛ te sɛ nea w’anidaso nyinaa asa mpo a, kyerɛwsɛm bɛn na ɛkyekye wo werɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Nsɛm a Edwudwo Koma a Ebetumi Ama Yɛagyae Nisu Tew.”)

18 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Hesekia no kyekyee ne werɛ. Yɛn nso, yebetumi anya awerɛkyekyesɛm a ɛtete saa ara wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. Nsɛm a ɛka koma a ɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn ahohia bere mu no, Yehowa ama yɛn bebree wɔ Bible mu. (Rom. 15:4) Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Afrika Atɔe. Dɔkta ka kyerɛɛ no sɛ wanya kansa, enti na ɔtaa su. Tie nea ɔkae: “Kyerɛwsɛm baako a ɛkyekyee me werɛ paa ne Yesaia 26:3. Nea ɛte ne sɛ, sɔhwɛ a ɛto yɛn no, pii wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nanso saa kyerɛwsɛm no ma minya awerɛhyem sɛ, Yehowa betumi ama yɛn koma mu asomdwoe a yɛde begyina sɔhwɛ no ano.” Wo nso, sɛ ɔhaw bi a emu yɛ den to wo ma ɛyɛ te sɛ nea w’anidaso nyinaa asa mpo a, wowɔ kyerɛwsɛm bi a ɛkyekye wo werɛ anaa?

19. Nhyira bɛn na ɛda yɛn anim?

19 Awiei mmere a yɛte mu yi, seesei yɛadu akyiri paa. Nisu no de, afei koraa na yɛrebɛtew ne kɛse. Nanso Hanah, Dawid, ne Ɔhene Hesekia asɛm no ama yɛahu sɛ, yɛn nisu baako koraa nsɔ fam a Yehowa renhu. Ohu nso a, ɛyɛ no awerɛhow paa. Yɛn nisu no som bo ma no yiye. Enti sɛ asɛm yaayaw bi to yɛn a, ɛhɔ ara, momma yɛnkɔ ne nkyɛn nkohwie yɛn koma mu nsɛm nyinaa ngu n’anim. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu nso wɔ hɔ ma yɛn. Mommma yɛnntew yɛn ho mmfi wɔn ho da. Na yɛnkae sɛ, awerɛkyekyesɛm ayɛ Bible mu ma. Yegye di yiye sɛ, sɛ yɛkɔ so ara mia yɛn ani di Yehowa nokware a, obehyira yɛn. Nhyira no bi ne sɛ ɔbɛpopa yɛn nisu. Awerɛhow ama woretew nisu? Obi adi wo huammɔ ama woretew nisu? W’anidaso asa ama woretew nisu? Ɔbɛpopa saa nisu no nyinaa. (Adi. 21:4) Saa bere no, sɛ wuhu nisu wɔ obi ani ase a, na n’ani na agye.

DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”