Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woato wo bo ase akenkan nsɛm a ɛbaa afe yi Ɔwɛn-Aban ahorow no mu no anaa? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Sɛnea ɛsɛ sɛ yebu mmea no, ɛho nhwɛso bɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn?

Ommu wɔn sɛ wɔba fam sen mmarima, na ɔmpɛ mmarima asɛm nsen wɔn. Onyankopɔn tie mmea; sɛnea wɔte nka ne ɔhaw a wɔhyia no, ɛho hia no. Afei nso, ogye wɔn di sɛ adwuma biara a ɔde bɛhyɛ wɔn nsa no, wɔbetumi ayɛ.—w24.01, kr. 15-16.

Afotu a ɛwɔ Efesofo 5:7 a ɛka sɛ: “Monhwɛ na moankodi wɔn akyi” no, yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?

Ná ɔsomafo Paul rebɔ yɛn kɔkɔ sɛ, nnipa a yɛne wɔn bɔ a ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, yɛntwe yɛn ho mfi wɔn ho. Ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ anim ne anim no nko na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ wɔn ho, na mmom wɔn a yɛne wɔn di nkitaho wɔ sohyia midia so nyinaa nso ka ho.—w24.03, kr. 22-23.

Atosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho?

Atosɛm a efi yɛn nnamfo a wɔwɔ adwempa hɔ ne email a efi nnipa a yennim wɔn hɔ no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho. Afei nso, awaefo a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔn ani gye Bible no ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ wɔn ho.—w24.04, kr. 12.

Ɔhene Solomon ne wɔn a Yehowa sɛee wɔn wɔ Sodom ne Gomora ne Nsuyiri no mu no, sɛnea Yehowa bebu wɔn atɛn no, dɛn na yenim wɔ ho, na dɛn na yennim wɔ ho?

Yɛrentumi nsi no pi nka sɛ Yehowa abu wɔn atɛn afebɔɔ anaa anidaso wɔ hɔ ma wɔn. Nanso yenim sɛ Yehowa nim wɔn asɛm no nyinaa ani so, na ne mmɔborɔhunu nso sõ.—w24.05, kr. 3-4.

Sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn yɛ “Ɔbotan” a, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya? (Deut. 32:4)

Yebetumi de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea. Yebetumi de yɛn ho ato no so, efisɛ odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa. Afei nso, ɔnsesa; sɛnea ne suban te fi teteete no, ɛnnɛ nso saa ara na ɛte, na n’atirimpɔw nso nsesa da.—w24.06, kr. 26-28.

Sɛ Wutu Kɔ Asafo Foforo Mu a, Dɛn Na Wobɛyɛ Na W’ani Aka?

Fa wo ho to Yehowa so na ɔbɛboa wo sɛnea ɔboaa n’asomfo a ɛtenaa ase tete no. Mfa asafo a na wowom no ntoto foforo a woabam no ho. Fa wo ho hyɛ asafo no mu, na bɔ mmɔden hwehwɛ nnamfo foforo.—w24.07, kr. 26-28.

Mfatoho mmiɛnsa a ɛwɔ Mateo ti 25 no, dɛn na yesua fi mu?

Nguan ne mpɔnkye ho mfatoho no si so dua sɛ ɛsɛ sɛ yedi nokware kosi awiei. Mmaabun mmadwemma ne nkwaseafo ho mfatoho no nso ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho na yɛma yɛn ani da hɔ. Afei, dwetikɛse ho mfatoho no si so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma.—w24.09, kr. 20-24.

Abantenten a na ɛwɔ Solomon asɔrefie no anim no, na ne tenten yɛ sɛn?

Yɛhwɛ 2 Beresosɛm 3:4 a, tete nsaano nkyerɛwee ahorow bi ka sɛ na ɛyɛ “basafa 120.” Wei kyerɛ sɛ na ne tenten yɛ mita 53 anaa anammɔn 175. Nanso nsaano nkyerɛwee afoforo a edi mu nso ka sɛ, na ɛyɛ “basafa 20.” Wei kyerɛ sɛ na ne tenten yɛ mita nkron anaa anammɔn 30. Asɔrefie no afasu no, sɛ wohwɛ ne sin anim a, ɛbɛyɛ sɛ abantenten no, na ne tenten yɛ basafa 20.—w24.10, kr. 31.

Sɛ Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ asafo mu somfo yɛ “okunu a ne yere yɛ baako” a, dɛn na ɛkyerɛ? (1 Tim. 3:12)

Ɛkyerɛ sɛ, sɛ waware a, ne yere baako no ara na ɛsɛ sɛ ɔne no tena na ɛnsɛ sɛ ɔsɛe aware. Afei nso, ɛnsɛ sɛ ɔde n’adwene kɔ mmea afoforo so.—w24.11, kr. 19.

Asɛm a ɛwɔ Yohane 6:53 no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Awurade Anwummeduan no ase?

Yohane 6:53 ka sɛ, ehia sɛ yedi Yesu honam na yɛnom ne mogya. Afe 32 na Yesu kaa saa asɛm yi. Ɔka kyerɛɛ Yudafo bi a na wɔwɔ Galilea a na ehia sɛ wɔnya ne mu gyidi. Nanso bere a ɔkaa saa asɛm no, bɛyɛ afe baako akyi na ɔne n’asomafo no dii Awurade Anwummeduan no wɔ Yerusalem. Ɛhɔ de, wɔn a ɔne wɔn bedi ade wɔ soro no, wɔn na na ɔne wɔn rekasa.—w24.12, kr. 10-11.