Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobrɛase Ho Da So Ara Hia?

Ahobrɛase Ho Da So Ara Hia?

“Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”​—MMEB. 11:2.

NNWOM: 38, 69

1, 2. Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn poo ɔbarima bi a kan no na ɔbrɛ ne ho ase? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ƆHENE SAUL fii ase dii ade wɔ tete Israel no, na ɔbrɛ ne ho ase na na obiara bu no. (1 Sam. 9:1, 2, 21; 10:20-24) Nanso ankyɛ na ahomaso nti, ɔde ahopere yɛɛ nneɛma bi. Ɛne sɛ, bere bi na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn Onyankopɔn diyifo Samuel ansa na wɔabɔ afɔre wɔ Gilgal. Nanso odiyifo no kaa akyi ma enti wammedu ntɛm. Saa bere no, na Filistifo no ne Israelfo rebɛko, na na ɔman no nso refi Saul akyi. Ɛbaa saa no, Saul annya Samuel ho abotare. Ebia ɔkaa no ne tirim sɛ, ‘bere rekɔ, merentumi ntwɛn no, ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi ntɛm.’ Enti afɔre a na onni kwan sɛ ɔbɔ no, ɔbɔ maa Onyankopɔn. Yehowa ani annye nea ɔyɛe no ho.​—1 Sam. 13:5-9.

2 Samuel duu Gilgal no, ɔkaa Saul anim. Sɛ́ anka Saul begye ne mfomso atom no, ɔde nsɛm yiyii ne ho ano na ɔbrambram aniberesɛm a asɛm no yɛ so. (1 Sam. 13:10-14) Asoɔden a Saul yɛe no, wamma anso hɔ ara. Ɔkɔɔ so dii mfomso pii maa n’ahenni no fii ne nsa. Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ, ɔhweree Yehowa anim dom. (1 Sam. 15:22, 23) Ɛwom sɛ ahyɛase no, na Saul brɛ ne ho ase, nanso ahomaso nti anwie no yiye.​—1 Sam. 31:1-6.

3. (a) Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ ahobrɛase ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae?

3 Ɛnnɛ wiase a yɛwom yi, obiara repere sɛ obenya baabi pa agyina ma asi no yiye. Esiane wei nti, wɔmfa ahobrɛase nyɛ hwee. Ɛho nhwɛso ni. Bere bi, obi a wagye din wɔ sini mu a seesei ɔde ne ho ahyɛ amanyɔsɛm mu kaa sɛ: “Yɛrekasa a mose ahobrɛase; ɛmpare me sɛ mɛbrɛ me ho ase.” Ɛnde, adɛn nti na yɛda so ara reka sɛ ahobrɛase ho hia? Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na ɛma yehu sɛ obi nni ahobrɛase? Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ada ahobrɛase adi ɛmfa ho sɛ nnipa pii ani nnye ho? Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛabua nsɛmmisa mmienu a edi kan no. Asɛmmisa a ɛto so mmiɛnsa no deɛ, yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

ADƐN NTI NA AHOBRƐASE HO HIA?

4. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ahantan?

4 Bible kyerɛ sɛ, sɛ obi mmrɛ ne ho ase a, na ɔyɛ ahantan. (Kenkan Mmebusɛm 11:2.) Ná Dawid yɛ onyansafo, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ‘onyi no mfi anidaho bɔne anaa ahantan ho.’ (Dw. 19:13) Dɛn na obi yɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ‘ahantan’? Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ahantan a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔpere ne ho anaa ɔsen ne kɔn yɛ ade a onni kwan sɛ ɔyɛ. Esiane sɛ wɔawo yɛn wɔ bɔne mu nti, ɛtɔ bere bi a ahantan ma yɛpere yɛn ho yɛ ade. Nanso sɛnea Ɔhene Saul yɛe no, sɛ yɛpere yɛn ho wɔ nsɛm ho a, nea ɛbɛba ara ne sɛ yɛne Onyankopɔn ntam bɛsɛe. Dwom 119:21 ka Yehowa ho asɛm sɛ: ‘Woaka ahantanfo anim.’ Adɛn ntia?

5. Adɛn nti na sɛ yɛde ahantan yɛ ade a, ɛyɛ aniberesɛm paa?

5 Bɔne bi wɔ hɔ a, yɛnhyɛ da na yɛyɛ. Nanso sɛ yɛde ahantan yɛ biribi a, ɛyɛ aniberesɛm paa. Nea edi kan, sɛ ahantan nti yɛpere yɛn ho yɛ ade a, yɛrenhyɛ Yehowa anuonyam sɛ yɛn Sodifo a ɔfata. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛyɛ biribi a yenni kwan sɛ yɛyɛ a, ɔkwan biara so, ɛbɛsɛe yɛne nkurɔfo ntam. (Mmeb. 13:10) Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ ɛbɛda adi sɛ ahantan ama yɛapere yɛn ho ayɛ biribi a, yɛn ani betumi awu anaa yɛn anim begu ase. (Luka 14:8, 9) Sɛ ahantan piapia yɛn ma yɛyɛ ade a, ɛrensi yɛn yiye da. Sɛnea Bible ma yehu no, eye sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase bere nyinaa.

SƐ OBI BRƐ NE HO ASE A, ƐKYERƐ SƐN?

6, 7. Obi brɛ ne ho ase a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade?

6 Bible mu no, sɛ yɛka sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛrennya adwene sɛ yɛn ho hia kyɛn afoforo. (Filip. 2:3) Obi wɔ ahobrɛase a, otumi hu nea obetumi ayɛ ne nea ontumi nyɛ. Ogye ne mfomso tom na sɛ wɔma no nyansahyɛ anaa akwankyerɛ foforo a, ɔmpo. Yehowa ani gye ahobrɛasefo ho paa.

7 Bible mu no, nea ahobrɛase san kyerɛ ne sɛ yɛrennye yɛn ho nni dodo, mmom yebehu baabi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade kodu. Mfitiase Hela kasa a wɔde kyerɛɛ ahobrɛase mu no, nea asɛ esi so dua ankasa ne sɛnea yɛne nkurɔfo bɔ.

8. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ ayɛ ahantan?

8 Dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ ebia yɛreyɛ ayɛ ahantan? Ma yɛnhwɛ emu bi. Ebia yebebu yɛn ho dodo anaa ebetumi aba sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ no akɔ yɛn tirim dodo. (Rom. 12:16) Yebetumi atwe adwene asi yɛn ho so wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (1 Tim. 2:9, 10) Anaa ebia dibea bi a yɛwɔ, nnipa bi a yenim wɔn, ne sɛnea yehu yɛn ho nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ obiara bedi yɛn nsusuwii akyi. (1 Kor. 4:6) Mpɛn pii no, yetumi yɛ nneɛma saa bere a yɛn ani nna yɛn ho so na yebehu ara na yɛayɛ ahantan.

9. Dɛn na ama ebinom ayɛ ahantan? Fa asɛm bi a esii Bible mu yɛ nhwɛso.

9 Sɛ yegyaa yɛn ho mu kakraa bi mpo ma honam akɔnnɔ a, yɛn mu biara betumi ayɛ ahantan. Anuonyampɛ, anibere, ne koko bɔne ama nnipa bebree ayɛ ahantan. Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu nnipa bi te sɛ Absalom, Usia, ne Nebukadnesar; wɔn nyinaa yɛɛ ɔhonam nnwuma, na ahantan nti Yehowa brɛɛ wɔn ase.​—2 Sam. 15:1-6; 18:9-17; 2 Be. 26:16-21; Dan. 5:18-21.

10. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nkurɔfo nneyɛe so bu wɔn atɛn? Fa asɛm bi a esii Bible mu yɛ nhwɛso.

10 Biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ama obi apere ne ho ayɛ ade anaa wayɛ ahantan. Ɛho nhwɛso wɔ Bible mu. Ebi ne asɛm a ɛwɔ Genesis 20:2-7 ne Mateo 26:31-35 no. Wohwɛ a, adwemmɔne nti na Abimelek ne Petro peree wɔn ho yɛɛ ade? Anaa na wonnim asɛm no nyinaa ani so? Anaa asɛm na ɛfaa wɔn ase? Esiane sɛ yɛrentumi nhu obiara koma mu nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrempere yɛn ho nhwɛ nkurɔfo nneyɛe so mmu wɔn atɛn.​—Kenkan Yakobo 4:12.

GYE HOKWAN A WOWƆ WƆ ASAFO NO MU TOM

11. Adɛn nti na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yebegye hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu atom?

11 Nea ɛbɛma yɛahu sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ne sɛ, yebegye hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu atom. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Wama obiara anya hokwan wɔ n’asafo no mu. Ɛsono hokwan a obiara wɔ wɔ asafo no mu nanso yɛn nyinaa ho hia. Yehowa ayɛ yɛn adom ama yɛn nyinaa akyɛde ahorow; nimdeɛ ne nyansa. Yebetumi de ahyɛ no anuonyam anaa yɛde aboa yɛn nuanom. (Rom. 12:4-8) Yehowa ama yɛn adwuma sɛ afiehwɛfo. Ɛyɛ adwuma a nidi bata ho, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye yɛn di sɛ nea ɔde adom yɛn no yɛde bɛboa afoforo.​—Kenkan 1 Petro 4:10.

Sɛ ɔsom hokwan a yɛwɔ sesa a, dɛn na yebetumi asua afi Yesu hɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 12-14)

12, 13. Sɛ hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu sesa a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

12 Sɛ yɛwɔ hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛnkyerɛ sɛ ɛrentumi mfi yɛn nsa da. Ɛwom ara a, ebetumi asesa. Yɛmfa Yesu nyɛ nhwɛso. Mfiase no, na ɔne Yehowa nko ara na ɛwɔ hɔ. (Mmeb. 8:22) Ɔboa maa wɔbɔɔ ɔsoro abɔfo, ɔsoro ne asase, na akyiri yi wɔbɔɔ nnipa. (Kol. 1:16) Ne nyinaa akyi, Yesu baa asase so ma wɔwoo no sɛ akokoaa. Afei obenyin yɛɛ panyin. (Filip. 2:7) Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre sɛ onipa wiei no, ɔsan kɔɔ soro sɛ honhom abɔde na afe 1914 mu no, ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene. (Heb. 2:9) Nanso wei nkyerɛ sɛ Onyankopɔn rensesa ne dwumadi bio. Sɛ Yesu di ade Mfirihyia Apem wie a, ɔbɛsan de n’Ahenni no ama Yehowa na “Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.”​—1 Kor. 15:28.

13 Gyinae ahorow a yesisi wɔ abrabɔ mu nti, sɛ hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu sesa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yɛmfa no sɛ na wonwaree, seesei woaware anaa? Woafi ase retete mma? Ebia wo mfe akɔ anim. Woayɛ wo ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu anaa? Gyinae weinom nyinaa betumi ama woanya asɛyɛde ne hokwan ahorow bi. Nsakrae a ɛba yɛn asetenam no betumi ama yɛayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu anaasɛ yɛbɛtew nea yɛreyɛ no so. Woyɛ aberante anaa ababaa? Anaa wo mfe akɔ anim? Wote apɔw anaa wotaa yareyare? Yehowa hwɛ nea obiara betumi ayɛ wɔ ne som mu na ɔde no ayɛ adwuma. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so mfi yɛn hɔ, na nea yetumi yɛ biara n’ani sɔ paa.​—Heb. 6:10.

14. Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛma yɛn ani agye wɔ tebea biara mu?

14 Adwuma biara a wɔde hyɛɛ Yesu nsa no, ɔde anigye yɛe. Saa ara na yɛn nso yebetumi de anigye ayɛ nea wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mmeb. 8:30, 31) Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔnte nka sɛ adwuma biara a seesei wɔde ahyɛ ne nsa wɔ asafo no mu no reka no ahyɛ. Ɔmma hokwan a ɔpɛ sɛ onya wɔ asafo no mu daakye no nyɛ no dadwen. Saa ara nso na ɔmma nkɔso a ebinom renya wɔ asafo no mu no nhaw no. Mmom ɔde n’adwene ne n’ahoɔden nyinaa si nea seesei otumi yɛ so na ɔde anigye yɛ efisɛ onim sɛ efi Yehowa hɔ. Afei, ofi ne komam nyinaa kyerɛ sɛ obu adwuma a Yehowa de ahyɛ nnipa foforo nsa no. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebedi yɛn nuanom ni na yɛaboa wɔn.​—Rom. 12:10.

DƐN NA ƐMA YEHU SƐ OBI NNI AHOBRƐASE?

15. Ahobrɛase ho ade bɛn na yebetumi asua afi Gideon hɔ?

15 Gideon kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa. Yebetumi asua pii afi ne hɔ. Bere a edi kan a Yehowa bɔfo kɔɔ Gideon nkyɛn no, ntɛm ara na ogye toom sɛ ɔnyɛ onipa biara, na ɔmfata mpo. (Atem. 6:15) Bere a Gideon gye toom sɛ ɔbɛyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no, ɔhwɛ huu sɛ ɔte nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ase paa. Enti ɔde ne ho too Yehowa so hwehwɛɛ akwankyerɛ. (Atem. 6:36-40) Ná Gideon nyɛ ohufo, na ɔwɔ akokoduru. Nanso wampere ne ho anyɛ biribiara, mmom ɔde anifere yɛɛ adwuma no. (Atem. 6:11, 27) Wamfa hokwan a onyae no ampɛ anuonyam. Mmom bere a owiee n’adwuma no, ɔsan kɔɔ ne fie.​—Atem. 8:22, 23, 29.

16, 17. Sɛ obi a ɔwɔ ahobrɛase resusuw nkɔso a ɔpɛ sɛ onya wɔ Onyankopɔn som mu ho a, dɛn na ɔyɛ?

16 Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpere sɛ yebenya ɔsom hokwan foforo. Kyerɛwsɛm no hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Tim. 4:13-15) Nanso wei kyerɛ sɛ bere nyinaa ɛsɛ sɛ wɔma yɛn dwumadi foforo anaa? Ɛnte saa ankasa. Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛanya nkɔso wɔ ɔsom hokwan biara a yɛwɔ mu. Yebetumi akɔ so de yɛn dom akyɛde ayɛ adwuma na yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso.

17 Ansa na obi a ɔbrɛ ne ho ase begye ɔsom hokwan bi atom no, odi kan hwɛ sɛ obetumi ayɛ nea wɔhwehwɛ fi ne hɔ no anaa. Afei ɔbɛhwɛ ne tebea ahwɛ sɛ obetumi ayɛ ampa. Ɛnde yemmisa sɛ obetumi ayɛ nnwuma pii aka nea ɔreyɛ no ho bere a ɔremmu n’ani ngu asɛyɛde foforo a ɛho hia so anaa? Obetumi de adwuma a seesei ɔreyɛ no bi ahyɛ obi nsa na ama wanya bere pii ayɛ foforo? Sɛ wubua nsɛmmisa yi mu biara sɛ dabi a, ɛnde na ɛsɛ sɛ woma wɔde ɔsom hokwan no ma obi foforo ntɛm ara. Sɛ yɛbɔ mpae na yesusuw nneɛma ho yiye a, ɛremma yennye nnwuma pii mmɔ so mma yɛn ho nkyere yɛn. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, ɛnyɛ adwuma biara na yebegye.

18. (a) Sɛ yɛwɔ ahobrɛase na yenya ɔsom hokwan foforo a, dɛn na ɛbɛka yɛn ama yɛayɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Romafo 12:3 fa obi a ɔbrɛ ne ho ase ho?

18 Sɛ wɔde dwumadi foforo ma yɛn na yegye tom a, na yenwiei. Gideon nhwɛso no kae yɛn sɛ, sɛ Yehowa nsa nni mu a, yɛrentumi nyɛ hwee. Adeɛ yi, wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmmrɛ yɛn ho ase na yɛne yɛn Nyankopɔn nantew.’ (Mika 6:8) Enti bere biara a yebegye asɛyɛde foforo atom no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae na yesusuw nea Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so reka akyerɛ yɛn no ho. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn akwan na yɛatumi ne Yehowa anantew yiye. Momma yɛnkae bere nyinaa sɛ, Yehowa ahobrɛase na ɛma ‘yɛyɛ kɛse’ ɛnyɛ yɛn ahoɔden anaa yɛn nyansa. (Dw. 18:35) Sɛ yɛne Onyankopɔn nantew ahobrɛase mu a, yɛremmu yɛn ho dodo nsen yɛn nuanom na saa ara nso na yɛremmu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee.​—Kenkan Romafo 12:3.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

19 Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔde anuonyam a ɛfata Yehowa ma no efisɛ Yehowa ne yɛn Bɔfo ne yɛn Tumfoɔ Pumpuni. (Adi. 4:11) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛn ani bɛsɔ hokwan a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ asafo no mu no, na yebenya nkɔso. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛampere yɛn ho anyɛ ade a, ɛbɛma baakoyɛ atena Yehowa nkurɔfo mu. Ahobrɛase ma yebu afoforo sɛ wɔsen yɛn na ɛma yɛde anifere yɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenyɛ bɔne a emu yɛ duru. Wei nti, ehia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa da ahobrɛase adi efisɛ Yehowa ani gye nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ho paa. Na sɛ nneɛma hyɛ yɛn so nso ɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛkɔ so ada ahobrɛase adi.