Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Nea Wote Fii M’anom no, Fa Hyɛ Nnipa Anokwafo Nsa’

‘Nea Wote Fii M’anom no, Fa Hyɛ Nnipa Anokwafo Nsa’

“Nea wote fii m’anom . . . no, ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.”​—2 TIM. 2:2.

NNWOM: 123, 53

1, 2. Nnipa pii bu wɔn adwuma sɛn?

NKURƆFO taa de wɔn adwuma bata wɔn din ho. Nnipa pii te nka sɛ, wɔn anuonyam gyina adwuma a wɔyɛ so. Aman bi so no, sɛ obi pɛ sɛ ohu obi a, asɛm baako a ɔtaa bisa ne sɛ, “Adwuma bɛn na woyɛ?”

2 Ɛtɔ da na Bible reka nnipa bi ho asɛm a, ɛde wɔn adwuma bata wɔn ho. Wohwɛ Bible mu a, wubehu “towgyeni Mateo”; “nhomahyɛfo bi a ɔde Simon”; ne “Luka, yɛn dɔfo oduruyɛfo.” (Mat. 10:3; Aso. 10:6; Kol. 4:14) Sɛ obi nya hokwan anaa adwuma bi wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛno nso na wɔde bata ne din ho. Yɛkenkan Bible a yehu Ɔhene Dawid, odiyifo Elia, ne ɔsomafo Paulo. Saa mmarima yi antoto adwuma a Onyankopɔn de maa wɔn no ase. Yɛn nso, sɛ yɛwɔ ɔsom hokwan bi a, ɛsɛ sɛ yeso mu yiye.

3. Adɛn nti na ehia sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim tete mmerante? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yɛn ani gye ɔsom hokwan a yɛwɔ no ho, na yɛn yam a anka yɛbɛyɛ no afebɔɔ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, efi Adam bere so nyinaa, awo ntoatoaso kɔ a, na awo ntoatoaso foforo aba. (Ɔsɛnk. 1:4) Wei ayɛ nsɛnnennen ama nokware Kristofo. Adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ no, emu atrɛw na nneɛma pii abɛka ho. Wei nti ɛho abehia sɛ yɛde abɛɛfo mfiri yɛ nnwuma pii. Saa mfiri yi nso, ɛnnɛ wei ba a, ɔkyena na foforo aba. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no bi wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔde mfiri a aba so yi bɛyɛ adwuma. (Luka 5:39) Sɛ wonim mu mpo a, ade rekye a ade resã nyinaa na wɔn ahoɔden so retew. Nanso mmerante deɛ wɔwɔ ahoɔden. (Mmeb. 20:29) Ɛno nti ɛfata sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no tete mmerante na wɔde asɛyɛde akɛse hyɛ wɔn nsa. Wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ ɔdɔ.​—Kenkan Dwom 71:18.

4. Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ hokwan a wɔwɔ no, wɔde bi bɛma afoforo? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Enti a Ebinom Mpɛ sɛ Wɔde Asɛyɛde Ma Afoforo.”)

4 Wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde bi bɛma mmerante. Ebinom suro sɛ anhwɛ a hokwan a ɛda wɔn koma so no befi wɔn nsa. Afoforo nso suro sɛ, sɛ ekodi mmerante nsam a, ebia na wɔanyɛ no sɛnea wɔpɛ. Ebinom nso adwene ne sɛ wonni bere a wɔde bɛtete obi foforo. Anuanom mmerante nso, sɛ wɔmfaa asɛyɛde bebree mmaa mo a, munnya ntoboase; monnyɛ peterepetere.

5. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmienu bi. Ɛfa sɛnea asafo mu mpanyimfo de asɛyɛde bɛma afoforo ho. Nea edi kan, dɛn na anuanom a wɔn mfe akɔ anim bɛyɛ de aboa mmerante ama wɔaso asɛyɛde akɛse mu? Adɛn nti na wei ho hia? (2 Tim. 2:2) Nea ɛto so mmienu, sɛ mmerante nya hokwan ne anuanom a wɔwɔ suahu yɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wonya adwempa na wosua biribi fi wɔn hɔ. Adɛn ntia? Yenni kan nhwɛ nea Ɔhene Dawid yɛ de boaa ne ba ma ɔyɛɛ adwuma kɛse bi.

DAWID BOAA SOLOMON NA ƆTAA N’AKYI

6. Dɛn na na Ɔhene Dawid pɛ sɛ ɔyɛ, na asɛm bɛn na Yehowa kae?

6 Dawid kyinkyinii sɛ kobɔni mfe pii. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ɔhene nyaa fie kama tenaa mu. Ná ɛhaw Dawid paa sɛ Yehowa nni “fie” anaa asɔrefie, enti ɔyɛɛ sɛ obesi bi ama no. Enti ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ: “Hwɛ, me de, mete ofie a wɔde nkyeneduru asi mu, nanso Yehowa apam adaka no si ntamadan mu.” Ɛnna Natan ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, yɛ, na nokware Nyankopɔn no di w’akyi.” Nanso na ɛnyɛ Yehowa adwene ne Natan adwene. Enti ɔka kyerɛɛ Natan sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: “Ɛnyɛ wo na wubesi ofie ama matena mu.” Ɛwom sɛ Yehowa kaa Dawid koma too ne yam maa no awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ahyira no, nanso ɔkaa sɛ Dawid ba Solomon na ɔbɛma wasi asɔrefie no. Dawid faa asɛm no sɛn?​—1 Be. 17:1-4, 8, 11, 12; 29:1.

7. Asɛm a Yehowa kae no, Dawid faa no sɛn?

7 Dawid ammobɔ ne nsa antena ne baabi. Saa ara nso na wansu angu ne yam sɛ obi na obesi asɔrefie no agye ho anuonyam. Ampa-ne-ampa ara wɔbɛfrɛɛ dan no Solomon asɔrefie na ɛnyɛ Dawid asɔrefie. Ɛwom, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Dawid yaw sɛ wantumi anyɛ nea ɛda ne koma so no. Nanso ofi ne komam boaa adwuma no. Oyii ne yam boaboaa adwumayɛfo ano. Afei nso, ɔboaboaa dade, kɔbere, dwetɛ, sika, ne nnua ano guu hɔ. Anso hɔ ara, ɔsan hyɛɛ Solomon nkuran sɛ, “Enti afei me ba, Yehowa nni w’akyi na ensi wo yiye, na si Yehowa wo Nyankopɔn fie no sɛnea ɔkae wɔ wo ho no.”​—1 Be. 22:11, 14-16.

8. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Dawid nyaa adwene sɛ Solomon rentumi nyɛ adwuma no? Nanso dɛn na Dawid yɛe?

8 Kenkan 1 Beresosɛm 22:5. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid nyaa adwene sɛ Solomon rentumi nyɛ adwumasono a ɛte saa no. Adeɛ yi yɛreka yi, na asɔrefie no yɛ “kokuroo.” Solomon nso, saa bere no na ɔyɛ “abofra,” na “na ɔyɛ mmerɛw.” Nanso na Dawid nim sɛ Yehowa bɛboa Solomon ama wayɛ adwuma no. Enti Dawid hwɛɛ nea obetumi ayɛ de aboa adwuma no. Wei nti ɔboaboaa nneɛma pii ano guu hɔ maa Solomon.

TETE AFOFORO NA W’ANI NNYE

Sɛ yehu sɛ mmerante aso asɛyɛde akɛse mu a, ɛma yɛn ani gye (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim de asɛyɛde hyɛ afoforo nsa a, ɔkwan bɛn so na ɛma wɔn ani gye? Ma nhwɛso.

9 Asafo mu mpanyimfo a mo mfe akɔ anim, sɛ ɛho behia sɛ mode mo adwuma ma mmerante a, mommma ɛnnhaw mo. Mmom, munhu sɛ, sɛ motete mmerante ma woso adwuma no mu a, ɛboa ma adwuma no kɔ so. Sɛ mpanyimfo tete mmerante ma wonya nkɔanim, na akyiri yi wɔn nnwuma kodi mmerante no nsam a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma wɔn ani gye paa. Wo deɛ, yɛnyɛ mfatoho bi. Fa no sɛ agya bi rekyerɛ ne ba sɛnea yɛka kar. Sɛ abofra no sua a, ne deɛ ara ne sɛ ɔbɛhwɛ nea ne papa reyɛ. Nanso sɛ onyin a, agya no kyerɛkyerɛ biribiara mu kyerɛ no. Afei sɛ odu baabi a mmara ma kwan sɛ ɔka kar a, papa no ma ofi ase ka kar no bi na ɔtenetene no. Ɛtɔ da a, papa no ka kakra a, na wama ne ba no nso aka bi. Ɛdede mu ara, ebedu baabi no, papa no mfe nti, na wagyaw kar no ama ne ba no. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ papa no yaw sɛ ne ba no nko ara na ɛreka kar no? Dabida! N’ani begye paa sɛ ne ba no retwiw no. Mo a mo mfe akɔ anim nso, sɛ motete mmerante ma woso asɛyɛde mu wɔ asafo no mu a, mo ani begye paa.

10. Ná Mose bu anuonyam ne tumidi sɛn?

10 Yɛn a yɛn mfe akɔ anim no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ahoɔyaw. Wo deɛ, hwɛ nea Mose yɛe bere a ebinom fii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ Israelfo nsraban mu no. (Kenkan Numeri 11:24-29.) Mose somfo Yosua kae sɛ ɔmma wonnyae. Ebia n’adwene yɛɛ no sɛ nkurɔfo no pɛ sɛ wogye Mose anuonyam ne ne tumi. Nanso Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Dabi, minyae a anka Yehowa nkoa nyinaa yɛ adiyifo, efisɛ Yehowa de ne honhom bɛma wɔn!” Mose huu sɛ nea nkurɔfo no reyɛ no, Yehowa nsa wom. Ɛnyɛ anuonyam na na ehia Mose. Ɔno deɛ, ɛkaa ne nko a, anka Yehowa asomfo nyinaa wɔ saa honhom mu akyɛde no bi. Yɛn nso, sɛ hokwan bi a anka yebetumi anya wɔ asafo no mu kodi obi nsam a, ɛyɛ a yɛn ani gye te sɛ Mose anaa?

11. Dɛn na onua bi kae bere a ɔde hokwan a ɔwɔ maa onua foforo no?

11 Ɛnnɛ, anuanom pii de wɔn ahoɔden ayɛ ɔsom adwuma no mfe bebree, na wɔatete afoforo ama wɔaso asɛyɛde akɛse mu. Wo deɛ, yɛnhwɛ onua bi a yɛfrɛ no Peter. Ɔde bɛboro mfe 74 ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Mfe 74 no, ɔde emu 35 yɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea bi wɔ Europe. Ɔsom Dwumadibea a ɛwɔ hɔ no, ɔno na na ɔda no. Ɔyɛɛ adwuma no kyɛe paa; nnansa yi ara na saa hokwan no akodi onua bi a yɛfrɛ no Paul nsam. Peter anyin sen Paul, na ɔde mfe pii tetee Paul. Wobisaa Peter sɛ, seesei a adwuma no akodi onua foforo nsam no, ɔte nka sɛn? Peter yii ano sɛ: “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ yɛatete anuanom a wotumi so asɛyɛde akɛse mu; wɔyɛ no yiye nso.”

MA W’ANI NSƆ ANUANOM A WƆN MFE AKƆ ANIM

12. Rehoboam ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi mu?

12 Ɔhene Solomon wui no, ne ba Rehoboam na odii n’ade. Ná Rehoboam hia akwankyerɛ a ɔde bɛyɛ n’adwuma no, enti odii kan kɔɔ mpanyimfo no hɔ kobisaa wɔn adwene. Nanso wamfa mpanyimfo no afotu anyɛ asɛm! Mmom mmerante a ɔne wɔn sii so a wotu no fo no, wɔn na otiee wɔn. Nea efii mu bae deɛ, na ɛnyɛ koraa. (2 Be. 10:6-11, 19) Ɛdɛn na yesua fi mu? Nyansa wom sɛ yebegye afotu wɔ mpanyimfo a wɔwɔ suahu hɔ na yɛasusuw ho yiye. Wei nkyerɛ sɛ kyenkyen ara a, sɛnea mpanyimfo yɛ nneɛma no, saa ara na ɛsɛ sɛ mmerante nso yɛ no. Nanso sɛ mpanyimfo de afotu anaa akwankyerɛ ma mmerante a, ehia sɛ wodwen ho yiye; ɛnsɛ sɛ wɔpere wɔn ho bɔ gu.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mmerante ne anuanom a wɔn mfe akɔ anim bom yɛ adwuma?

13 Ɛtɔ da a, wɔde hokwan ma mmerante ma wɔhwɛ nnwuma bi so, wobɛhwɛ koraa na wɔn a wɔn mfe akɔ anim ka ho. Ɛwom sɛ hokwan no akodi mmerante nsam deɛ, nanso ɛyɛ papa sɛ wobesua biribi afi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hɔ ansa na wɔasi gyinae. Wobɛkae a, yɛkaa sɛ Paul asi Peter anan rehwɛ Betel dwumadibea bi so. Paul kae sɛ, “Migyee bere kɔɔ Peter nkyɛn kɔpɛɛ nyansahyɛ, na meka kyerɛɛ anuanom a me ne wɔn yɛ adwuma no sɛ wɔnyɛ saa ara.”

14. Sɛnea Timoteo ne Paulo boom yɛɛ adwuma no, ɛdɛn na yesua fi mu?

14 Aberante Timoteo ne ɔsomafo Paulo boom yɛɛ adwuma mfe pii. (Kenkan Filipifo 2:20-22.) Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Meresoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne ɔnokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn; na ɔno na ɔbɛtwe mo adwene aba akwan a mefa so wɔ Kristo Yesu mu no so, sɛnea merekyerɛkyerɛ baabiara wɔ asafo biara mu.” (1 Kor. 4:17) Asɛm tiawa yi ma yehu sɛ, bere a Paulo ne Timoteo reyɛ adwuma no, na mframa mfa wɔn ntam koraa. Paulo tɔɔ ne bo ase kyerɛɛ Timoteo ‘akwan a ɔfa so wɔ Kristo Yesu mu.’ Timoteo nso suaa no yiye, enti Paulo pɛɛ n’asɛm. Ná Paulo wɔ ahotoso sɛ Timoteo betumi de Korintofo no honhom fam ahiade ama wɔn. Ɛnnɛ nso, sɛ mpanyimfo retete mmarima ama wɔadi asafo no anim a, nea Paulo yɛe no betumi aboa wɔn.

EHIA SƐ YƐN NYINAA YƐ YƐN FAM DEƐ

15. Sɛ nsakrae bi ba na ɛka yɛn a, afotu a Paulo de maa Kristofo a ɛwɔ Roma no bɛboa yɛn sɛn?

15 Bere a yɛte mu yi, nneɛma sesa ntɛmntɛm. Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu retrɛw wɔ akwan pii so. Nkɔanim nso deɛ, ɛne nsakrae na ɛnam. Sɛ nsakrae yi bi ka yɛn a, ɛnna fam. Nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde nea Yehowa pɛ di kan a, ɛbɛboa yɛn. Yɛyɛ saa a, ɛde koroyɛ ba. Paulo kyerɛw Kristofo a ɛwɔ Roma no sɛ: “Menam adom a wɔde ama me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ; na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ ama obiara no. Na sɛnea yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu, na akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu.”​—Rom. 12:3-5.

16. Dɛn na mmerante ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn yerenom betumi ayɛ ama asomdwoe ne koroyɛ atena Yehowa ahyehyɛde no mu?

16 Sɛ yɛn tebea te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, momma yɛn nyinaa nyɛ adwuma mfa mmoa Yehowa Ahenni no. Anuanom a mo mfe akɔ anim, montete mmerante. Anuanom mmerante nso, sɛ yɛde asɛyɛde hyɛ mo nsa a, munso mu, mommrɛ mo ho ase, na mummu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Mmea awarefo nso, munsua Akwila yere Priskila. Bere a wɔn tebea sesae no, wanyi ne kunu baako anhyɛ ne nsa; ɔbataa ne ho denneennen.​—Aso. 18:2.

17. Ahotoso bɛn na na Yesu wɔ wɔ n’asuafo no mu? Adwuma bɛn na ɔtetee wɔn sɛ wɔnyɛ?

17 Sɛ yɛreka sɛnea yɛtete afoforo de asɛyɛde akɛse hyɛ wɔn nsa a, Yesu da mu fua. Ná onim sɛ ɔbarima bɛyɛɛ bi na wammɛyɛ ne nyinaa. Enti ohuu sɛ ɔsom adwuma a ɔbɛyɛɛ no asase so no bɛba awiei ama afoforo atoa so. Ɛwom sɛ na n’asuafo no tɔ sin deɛ, nanso na ɔwɔ wɔn mu ahotoso. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen no mpo. (Yoh. 14:12) Yesu tetee wɔn yiye, enti wotumi kaa asɛmpa no wɔ wiase baabiara saa bere no.​—Kol. 1:23.

18. Nhyira bɛn na yɛrehwɛ kwan, na dɛn na yebetumi ayɛ seesei?

18 Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre wiei no, Onyankopɔn nyanee no kɔɔ soro na ɔde nnwuma pii hyɛɛ ne nsa. Ɔmaa no tumi a ‘ɛkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni nyinaa.’ (Efe. 1:19-21) Sɛ yedi nokware kosi owu mu ansa na Harmagedon aba a, Onyankopɔn benyan yɛn akɔ wiase foforo no mu. Yɛkɔ hɔ a, yebenya nnwuma pii ayɛ ama yɛn koma atɔ yɛn yam. Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ adwuma bi a ɛho hia paa. Ɛne sɛ, yɛbɛka asɛmpa no na yɛaboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo. Ɛnde sɛ yɛyɛ mpanyin oo, mmofra oo, momma yɛn nyinaa nkɔ so ‘nyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’​—1 Kor. 15:58.