Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnyina Ɔfã Biara Wɔ Wiase a Emu Apaapae Yi Mu

Nnyina Ɔfã Biara Wɔ Wiase a Emu Apaapae Yi Mu

‘Tua Onyankopɔn de ma Onyankopɔn.’​—MATEO 22:21.

NNWOM: 33, 137

1. Yɛbɛyɛ dɛn atie Onyankopɔn ne wiase atumfoɔ?

BIBLE ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yetie wiase atumfoɔ, nanso ɛka sɛ ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn bere nyinaa. (Asomafo Nnwuma 5:29; Tito 3:1) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yesu kaa nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu onii a ɛsɛ sɛ yetie no. Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ yetua ‘Kaesare de ma Kaesare na yetua Onyankopɔn de ma Onyankopɔn.’ [1] (Hwɛ awiei asɛm no.) (Mateo 22:21) Sɛ yedi aban mmara so, na yedi aban mpanyimfo ni, na yetua yɛn tow a, ɛkyerɛ sɛ yɛde ‘Kaesare de rema Kaesare.’ (Romafo 13:7) Nanso sɛ aban ka sɛ yɛnyɛ biribi a Onyankopɔn mpene so a, yɛka no nidi mu kyerɛ wɔn sɛ yɛrentumi nyɛ.

2. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi wɔ wiase no amanyɔsɛm mu?

2 Ade baako a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛde ‘Onyankopɔn de rema Onyankopɔn’ ne sɛ yɛrenyɛ amanyɔsɛm. Yennyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm mu. (Yesaia 2:4) Yehowa ama kwan sɛ aban nni tumi, enti yɛnsɔre ntia wɔn. Afei nso, nneyɛe biara a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn man anaa yɛn man yɛ papa sen afoforo de no, yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu. (Romafo 13:1, 2) Yɛnyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsesa aban anaa yɛbɛkyerɛ amanyɔfo nea wɔnyɛ. Bio nso, sɛ nkurɔfo reto aba ayi aban mpanyimfo a, yɛntow bi, na yennyina sɛ wɔntow aba mma yɛn.

3. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyina ɔfã biara akyi?

3 Nneɛma pii nti na Onyankopɔn ka sɛ yɛntwe yɛn ho mfi amanyɔsɛm ho. Emu baako ne sɛ, na Yesu ‘nyɛ wiase no fã.’ Wannyina ɔfã biara akyi wɔ amanyɔsɛm anaa akodi mu. (Yohane 6:15; 17:16) Ade foforo nso ne sɛ yegyina Onyankopɔn Ahenni akyi. Esiane sɛ yennyina nnipa nniso akyi nti, sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi adesamma haw nyinaa afi hɔ a, yɛn ahonim nhaw yɛn. Atoro som mufo de wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu, na wei paapae nnipa mu. Nanso yɛn de, yɛnyɛ amanyɔsɛm, enti yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase baabiara ayɛ baako.​—1 Petro 2:17.

4. (a) Ɔfã biara a yennyina no, yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛho nsɛm pii bɛsɔre? (b) Adɛn nti na saa bere yi na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi?

4 Ebia baabi a yɛte no, sɛ yɛamfa yɛn ho anhyɛ amanyɔsɛm mu mpo a, ɛmfa obiara ho. Nanso, dodow a yɛrebɛn Satan nhyehyɛe no awiei no, dodow no ara na ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ ada wɔn ho adi sɛ “wontumi ne wɔn nyɛ apam” na “wɔyɛ asobrakye.” Mpaapaemu a ɛwɔ wɔn mu no bɛkɔ so ayɛ kɛse. (2 Timoteo 3:3, 4) Nea yɛreka yi ato yɛn nuanom binom esiane aban ahorow a wɔsesaa wɔn prɛko pɛ wɔ wɔn man mu nti. Ɛno nti seesei na ehia sɛ yɛda yɛn ho so. Sɛ yɛyɛ saa na tebea a emu yɛ den sɔre mpo a, yɛrennyina ɔfã biara akyi. Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛada yɛn ho so.

BU NNIPA NNISO SƐNEA YEHOWA BU NO

5. Yehowa bu nnipa nniso sɛn?

5 Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ada yɛn ho so seesei ne sɛ yebebu nnipa nniso sɛnea Yehowa bu no no. Yehowa bɔɔ nnipa no, wamma no kwan sɛ onni ne yɔnko so tumi. (Yeremia 10:23) Yehowa bu yɛn nyinaa sɛ abusua baako. Nanso nnipa nniso apaapae nnipa mu, na nniso biara kyerɛ sɛ wɔn man na ɛyɛ papa paa. Sɛ aban bi ye mpo a, ɛrentumi nyi ɔhaw a yehyia nyinaa mfi hɔ. Afei nso, Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi afe 1914, na nnipa nniso abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no tamfo. Ɛrenkyɛ koraa, Ahenni yi beyi nnipa nniso nyinaa afi hɔ.​—Kenkan Dwom 2:2, 7-9.

Siesie wo ho saa bere yi sɛ worennyina ɔfã biara akyi wɔ tebea emu yɛ den mu

6. Akwan pa bɛn na yebetumi afa so ne wiase atumfoɔ atena?

6 Onyankopɔn ama wiase atumfoɔ kwan sɛ wonni tumi efisɛ wɔboa ma yenya asomdwoe kakra. Wei ma yetumi ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Romafo 13:3, 4) Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn mpo sɛ yɛmmɔ mpae mma atumfoɔ na yɛanya asomdwoe de asom no. (1 Timoteo 2:1, 2) Sɛ nnipa bi ne yɛn anni no yiye a, yɛde yɛn asɛm kɔdan atumfoɔ no. Saa na Paulo yɛe. (Asomafo Nnwuma 25:11) Ɛwom, Bible ma yehu sɛ Satan na odi wiase no so, nanso ɛnka wɔ baabiara sɛ obiara a ɔredi tumi wɔ aban mu no, Satan na ɔde no reyɛ adwuma. (Luka 4:5, 6) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛma obiara nya adwene sɛ sɛ obi wɔ dibea wɔ aban mu a, na Ɔbonsam de no reyɛ adwuma. Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yedidi obiara atɛm.​—Tito 3:1, 2.

7. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

7 Esiane sɛ yetie Onyankopɔn nti, sɛ ɔmanyɔfo anaa amanyɔkuw bi nhyehyɛe anaa wɔn adwenkyerɛ bɛboa yɛn mpo a, yɛrennyina wɔn akyi. Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi. Yɛnyɛ nhwɛso kakra. Fa no sɛ aban bi ateetee nkurɔfo paa, na ɔde Yehowa Adansefo mpo aka ho. Wei nti nkurɔfo no atew aban no so atua. Yenim paa sɛ woremfa wo ho mmɔ atuatewfo no, nanso ebetumi aba sɛ worebɔ gye wɔn so wɔ wo komam, na wo yam a anka atuatewfo no adi nkonim anaa? (Efesofo 2:2) Sɛ yɛmpɛ sɛ yegyina ɔfã biara akyi a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ asomasi ye sen ɔbenten. Yɛn kasa ne yɛn nneyɛe na ɛbɛkyerɛ sɛ yegyina obi akyi anaa yennyina obiara akyi.

YƐ “ANIFERE” NA YƐ “KRONN”

8. Sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no nsɛmnsɛm ho a, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ “anifere” na yɛayɛ “kronn”?

8 Ade a ɛto so mmienu a yɛde bɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã biara akyi ne sɛ yɛbɛyɛ ‘anifere sɛ awɔ, na yɛayɛ kronn sɛ mmorɔnoma.’ (Kenkan Mateo 10:16, 17.) Sɛ yedi kan dwinnwen ɔhaw a yebetumi ahyia ho a, na yɛreyɛ “anifere.” Na sɛ yɛda yɛn ho so na yɛankodi ɔfã bi akyi nso a, na yɛreyɛ “kronn.” Momma yensusuw tebea ahorow a yebetumi ahyia no bi ho, na yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ na yɛannyina ɔfã biara.

9. Sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

9 Nkɔmmɔbɔ. Sɛ nkurɔfo fi ase sɛ wɔrebɔ amanyɔsɛm ho nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa. Nhwɛso bi ni. Sɛ yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ obi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanka sɛ yegye amanyɔkuw anaa ɔmanyɔfo bi adwenkyerɛ tom anaasɛ yennye ntom. Sɛ́ anka wobɛka nea nnipa reyɛ de asɔ ɔhaw a adesamma rehyia ano no, fa Bible boa no ma onhu sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi atu adesamma haw ase koraa. Ɛtɔ da a, ebia nkurɔfo ne wo begye akyinnye wɔ nsɛm bi te sɛ mmarima a wɔware mmarima ne mmea a wɔware mmea anaa nyinsɛnyigu ho. Ɛba saa a, ma wonhu nea Onyankopɔn Asɛm ka fa ho. Ma wonhu sɛ woreyɛ nea wubetumi biara de nea Bible ka abɔ wo bra. Sɛ obi ka sɛ ɛsɛ sɛ wotwa mmara bi mu anaa wɔsesa no a, ɛnsɛ sɛ yɛka bi. Afei nso, yɛnka sɛ kyenkyen ara a onipa no nsesa n’adwene.

Asɛm biara a wobɛte no, fa toto “nsɛm a eye no nhwɛsode” a ɛwɔ Bible mu no ho

10. Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo de asɛm bi to gua a, sɛ yɛhwɛ oo, yetie oo, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yennyina ɔfã bi akyi?

10 Nsɛm ho amanneɛbɔ. Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo de asɛm bi reto gua a, ɛtɔ da a wobɛhwɛ na akɔyɛ sɛ wogyina ɔfã bi akyi. Wei kɔ so titiriw wɔ aman a aban no na ɛkyerɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho dawuru mu. Sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo gyina ɔfã bi akyi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛne wɔn anyɛ adwene. Sɛ nhwɛso no, bisa wo ho sɛ, ‘Esiane sɛ me ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bi yɛ adwene wɔ nea ɔka fa amanyɔsɛm ho nti, ɛyɛ a metaa tie no anaa?’ Nea ɛbɛyɛ na worennyina ɔfã biara no, kwati sɛ wobɛhwɛ dwumadi anaa wobɛkenkan nsɛm a wɔde kamfo amanyɔkuw pɔtee bi anaa nea wɔde kasa tia no. Mmom, hwehwɛ amanneɛbɔ bi a ennyina ɔfã biara akyi. Bere biara a wobɛte asɛm bi no, fa toto “nsɛm a eye no nhwɛsode” a ɛwɔ Bible mu no ho.​—2 Timoteo 1:13.

11. Sɛ yɛde yɛn koma di ahonyade akyi pii a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akogyina ɔfã bi akyi. Adɛn ntia?

11 Adedodowpɛ. Sɛ sika ne ahonyade ho asɛm da yɛn koma so paa a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛkɔ akogyina ɔfã bi akyi. Afe 1970 akyi no, Adansefo pii a wɔwɔ Malawi hweree wɔn ahode nyinaa efisɛ wɔankɔdɔm amanyɔkuw bi. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ebinom ani gyinaa asetena pa a na wɔwom no. Onuawa bi a ne din de Rut kae sɛ, “Wotwaa yɛn asu no, ebinom ne yɛn kɔe, nanso akyiri yi wɔde wɔn ho kɔbɔɔ amanyɔkuw no, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ fie. Adɛn ntia? Wɔkae sɛ aguanfo atenae ne emu ahokyere de, wontumi.” Nanso, Onyankopɔn asomfo pii nte saa. Sɛ ɛba sɛ wɔannyina ɔfã biara akyi na ɛbɛma wɔadi hia anaa wɔahwere wɔn agyapade nyinaa mpo a, ɛmfa wɔn ho.​—Hebrifo 10:34.

12, 13. (a) Adwene bɛn na Yehowa wɔ wɔ nnipa ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛde yɛn man rehoahoa yɛn ho dodo?

12 Ahantan. Ɛreyɛ ara ni na nnipa de wɔn honam ani hwɛbea, wɔn abusua, wɔn amammerɛ, anaa ɔman a wofi mu rehoahoa wɔn ho. Nanso Yehowa de, ɔnte nka sɛ onipa bi anaa nnipakuw bi sen afoforo. N’ani so no, yɛn nyinaa yɛ pɛ. Ɛyɛ ampa, Yehowa bɔɔ yɛn ɔkwan bi so a ɛsono sɛnea obiara te. Wei nyɛ wo fɛ na ɛmma w’ani nnye anaa? Yehowa mpɛ sɛ yɛtow yɛn amammerɛ kyene, na saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛkyɛn afoforo.​—Romafo 10:12.

13 Ɛnsɛ sɛ yɛde ɔman a yefi mu hoahoa yɛn ho araa ma yenya adwene sɛ gyama yɛn man akyi no, ɔman biara nni hɔ bio. Sɛ yɛte nka saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛkɔ akodi ɔfã bi akyi. Asɛm a ɛte saa sii wɔ asomafo no bere so. Anuanom a wɔyɛ Hebrifo ne akunafo a wɔyɛ Helafo no anni no yiye. (Asomafo Nnwuma 6:1) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ahantan a ɛte saa ayi ne ti wɔ yɛn mu? Yɛmfa no sɛ onua bi a ofi baabi foforo ama wo nyansahyɛ bi. Dɛn na wobɛyɛ? Ɛhɔ ara wobɛbɔ agu na woanya adwene sɛ, ‘Sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ha no yɛ papa sen baabi a wufi no’ anaa? Sɛ saa a, kae saa afotu pa yi: “Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filipifo 2:3.

YEHOWA BƐBOA WO

14. Mpaebɔ betumi aboa yɛn sɛn, na Bible mu asɛm bɛn na esi wei so dua?

14 Ade a ɛto so mmiɛnsa a ɛbɛboa yɛn na yɛannyina ɔfã biara akyi ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Bɔ no mpae na ka kyerɛ no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo na nya abotare ne ahosodi. Sɛ aban yɛ biribi a ɛmfa kwan mu anaa ɔyɛ nneɛma basabasa a, su ahorow yi bɛboa wo na woamfa w’ano antom. Bisa Yehowa na ɔmma wo nyansa a wode behu tebea bi a ebetumi ama woakogyina ɔfã bi akyi. Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na yɛ nea ɛteɛ wɔ tebea a ɛte saa mu. (Yakobo 1:5) Esiane sɛ wudi Yehowa nokware nti, wobetumi de wo ato afiase anaa wɔatwe w’aso wɔ ɔkwan bi so. Sɛ ɛba saa a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru. Wei bɛma woatumi akyerɛkyerɛ nea enti a wunnyina ɔfã bi akyi no mu yiye akyerɛ afoforo. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi aboa wo ma woagyina mu.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 4:27-31.

Bible mu nsɛm a ɛbɛboa wo na woannyina ɔfã biara akyi no, kyere bi gu wo tirim. Afei, sua Bible mu nsɛm a ɛka wiase foforo no ho asɛm

15. Ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa yɛn na yɛannyina ɔfã bi akyi? (Adaka a wɔato din, “Onyankopɔn Asɛm Hyɛɛ Wɔn Gyidi Den” no, hwɛ ɛno nso.)

15 Yehowa de Bible no ama yɛn sɛ ɛnhyɛ yɛn den. Enti, dwinnwen emu nsɛm a ɛbɛboa wo na woannyina ɔfã biara akyi no ho. Bɔ mmɔden kyere emu nsɛm a ɛte saa no bi gu wo tirim, na sɛ ɛkɔba sɛ wunni Bible a, atumi aboa wo. Nea Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ daakye no, Bible betumi aboa ma woahyɛ saa anidaso no mu den. Anidaso yi betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔsɔretia ano. (Romafo 8:25) Nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ wɔ wiase foforo no mu no, paw Bible mu nsɛm bi a ɛfa ho. Afei, fa no sɛ wowɔ hɔ a wode anigye reyɛ saa nneɛma no.

MA NEA YEHOWA ASOMFO ANOKWAFO YƐE MMOA WO

16, 17. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔannyina ɔfã biara no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

16 Ade a ɛto so nnan a ɛbɛboa yɛn na yɛannyina ɔfã biara akyi ne sɛ yebedwinnwen nea Yehowa asomfo anokwafo yɛe ho. Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, wɔn mu pii nyaa akokoduru sisii gyinae pa. Wei boaa wɔn ma enti wɔannyina ɔfã biara akyi. Yɛnhwɛ Sadrak, Mesak, ne Abednego. Wɔansom ohoni a na egyina hɔ ma Babilon ahenni no. (Kenkan Daniel 3:16-18.) Bible mu asɛm yi aboa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii ma wɔanya akokoduru, enti wɔnsom ɔman a wɔte mu no frankaa. Amanyɔsɛm anaa nsɛm a ɛpaapae nnipa mu no, Yesu amfa ne ho anhyɛ mu. Ná onim sɛ ne nhwɛso pa no bɛboa n’asuafo. Ɔkae sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”​—Yohane 16:33.

17 Ɛnnɛ nso, Adansefo pii nnyina ɔfã biara akyi. Esiane sɛ Adansefo no di nokware ma Yehowa nti, atumfoɔ no ayɛ ebinom ayayade, wɔde ebinom agu afiase, na wɔakunkum ebinom mpo. Nea Adansefo no ayɛ no betumi aboa yɛn ma yɛn nso yɛanya akokoduru. Onua bi a ofi Turkey kae sɛ: “Wokum onua aberantewa Franz Reiter esiane sɛ wamfa ne ho ammɔ Hitler asraafo nti. Ade rebɛkye ma wɔakum no no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa ne maame. Krataa no mu nsɛm ma yehu sɛ na ɔwɔ Yehowa mu gyidi ne ahotoso paa. Me nso sɛ mihyia sɔhwɛ bi saa a, mepɛ sɛ misuasua no.” [2]​—Hwɛ awiei asɛm no.

18, 19. (a) Dɛn na w’asafo mufo betumi ayɛ de aboa wo na woannyina ɔfã biara akyi? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu betumi aboa ma woatwe wo ho afi wiase no nsɛmnsɛm ho. Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛtwe wo ho afi wiase nsɛmnsɛm ho a, ka kyerɛ asafo mu mpanyimfo no. Wobetumi de Bible mu afotu pa ama wo. Afei nso, sɛ asafo no mufo binom nim ɔhaw a wowɔ mu a, wobetumi ahyɛ wo nkuran. Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae mma wo. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛboa yɛn nuanom na yɛbɔ mpae ma wɔn. (Mateo 7:12) Wubetumi ahu anuanom a wogu afiase no din wɔ jw.org. Kɔ NEWSROOM > LEGAL DEVELOPMENTS “Jehovah’s Witnesses Imprisoned for Their Faith—By Location.” Paw anuanom kakra din, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa saa anuanom mmarima ne mmea no mma wonnya akokoduru mfa nni no nokware.​—Efesofo 6:19, 20.

19 Bere a awiei no rebobɔ ba no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ aban bɛhyɛ yɛn sɛ yemmegyina wɔn akyi. Ɛno nti ehia sɛ yefi ase siesie yɛn ho sɛ yɛremfa yɛn ho nhyɛ wiase a emu apaapae yi nsɛmnsɛm mu!

^ [1] (nkyekyɛm 1) Bere a Yesu kaa Kaesare ho asɛm no, na nniso ho asɛm na ɔreka. Saa bere no, Kaesare na na odi ade, na na ɔwɔ tumi sen obiara.

^ [2] (nkyekyɛm 17) Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 662, ne adaka a wɔato din “Owui De Hyɛɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi! nhoma no ti 14.