Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’asɛnka Adwuma Te sɛ Obosu?

W’asɛnka Adwuma Te sɛ Obosu?

YƐN asɛnka adwuma no ho hia na ɛsom bo paa. Nanso ɛnyɛ nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn nyinaa na wohu no saa. Ɛtɔ da a, wɔn a wɔn ani gye Bible ho mpo nhu nea enti a ɛho hia sɛ wɔne yɛn sua Onyankopɔn Asɛm no.

Wo de, yɛmfa Gavin sɛ nhwɛso. Ná Gavin kɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so, nanso na ɔmpɛ sɛ obiara ne no sua Bible. Gavin kae sɛ, na ɔmpɛ sɛ obiara hu sɛ onnim Bible mu. Ná osuro sɛ obi bɛka akyerɛ no sɛ ɔmpɛ asɔre bi nkɔ, na saa ara nso na na ɔmpɛ sɛ wɔdaadaa no. Wudwen ho sɛn? Wohwɛ a na obi betumi aboa Gavin? Sɛ obi sua Bible a, wunhu sɛ ebetumi aboa no paa? Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “M’asɛm begu sɛ obosu, ɛbɛyɛ sɛ osu a ɛretɔ gu sare so.” (Deuteronomium 31:19, 30; 32:2) Momma yensua obosu ho ade kakra na yɛmfa ntoto asɛnka adwuma no ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi aboa “nnipa ahorow nyinaa” yiye.​—1 Timoteo 2:3, 4.

YƐBƐYƐ DƐN NA ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ SƐ OBOSU?

Obosu gu brɛoo. Sɛ fonwini a ɛwɔ mframa mu de nkakrankakra dan nsu a ɛsosɔ a, ɛnna yɛfrɛ no obosu. Yehowa asɛm a ɔkae sɛ ‘ebegu sɛ obosu’ no, ase ne sɛn? Yehowa ne ne nkurɔfo kasaa ayamye ne odwo mu. Enti sɛ yɛankasa antia afoforo gyidi a, na yɛresuasua Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wosusuw nsɛm ho sisi wɔn ankasa gyinae. Sɛ yɛma afoforo hu sɛ yedwen wɔn ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobetie yɛn, na yɛn som adwuma no betu mpɔn.

Obosu ma ahotɔ. Sɛ yɛhwehwɛ akwan foforo a yɛbɛfa so aboa nkurɔfo ma wɔasua nokware no yiye a, ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn anaa wɔn ani agye. Onua bi a ne din de Chris na odii kan kaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ Gavin, na wamfa ampuapua no. Mmom no, ɔhwehwɛɛ akwan foforo a ɔbɛfa so ne Gavin asua Bible na Gavin yam anhyehye no. Chris ka kyerɛɛ Gavin sɛ asɛntitiriw bi wɔ Bible mu, na sɛ ohu a, nea yesua wɔ asafo nhyiam ase no, ɔbɛte ase yiye. Afei Chris maa Gavin hui sɛ Bible nkɔmhyɛ na ɛmaa ɔno ankasa hui sɛ Bible yɛ nokware. Ɛno nti, wosusuw Bible nkɔmhyɛ bebree ne sɛnea enyaa mmamu ho. Saa nkɔmmɔbɔ yi maa Gavin bo tɔɔ ne yam, na ɔpenee so sɛ obesua Bible.

Obosu gye nkwa. Sɛ ɔpɛ si wɔ Israel a, abosome pii tumi twam a nsu ntɔ. Enti sɛ obosu antɔ a, afifide nyinaa mu nsu twe na ewu. Yehowa ka too hɔ sɛ yɛn bere yi so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔpɛ asi, kyerɛ sɛ, “Yehowa asɛm” ho sukɔm bɛde nnipa. (Amos 8:11) Ɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no bɛbom aka Ahenni ho asɛmpa no, na wɔbɛyɛ “sɛ obosu a efi Yehowa nkyɛn.” (Mika 5:7; Yohane 10:16) Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɔde begye wɔn a nokware no ho sukɔm de wɔn nkwa; asɛmpa a yɛka no ka nhyehyɛe a ɛte saa no ho. So yehu sɛ asɛm a yɛka no som bo saa?

Obosu yɛ Yehowa nhyira. (Deuteronomium 33:13) Asɛnka adwuma a yɛyɛ no betumi ayɛ nhyira ama wɔn a wotie no. Esiane sɛ Bible adesua boaa Gavin ma onyaa ne nsɛmmisa nyinaa ho mmuae nti, yebetumi aka sɛ ɛyɛɛ nhyira maa no. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm bɔɔ asu, na seesei ne yere Joyce nso abɛka ne ho, na wɔde anigye reka Ahenni ho asɛmpa no.

Yehowa Adansefo reka Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase so baabiara

MA ASƐNKA ADWUMA NO HO NHIA WO

Sɛ yɛde asɛnka adwuma no toto obosu ho a, ɛma yehu sɛ nea yɛn mu biara tumi yɛ wɔ asɛnka mu no ho hia ankasa. Adɛn nti na yɛreka saa? Obosu nketenkete a ɛsosɔ ntumi mmoa ahe biara, nanso sɛ egu yɔɔ a, ɛfɔw asase kama. Saa ara na yɛn ani so no, ebetumi aba sɛ yemmu nea yɛyɛ wɔ asɛnka mu no sɛ ɛsom bo ahe biara. Nanso, sɛ yɛka adwuma a Yehowa asomfo ɔpepem pii reyɛ no bom a, ama yɛatumi “adi amanaman nyinaa” adanse. (Mateo 24:14) Yemmisa sɛ, afoforo behu asɛnka adwuma no sɛ nhyira a efi Yehowa hɔ anaa? Aane, efisɛ asɛm a yɛka no te sɛ obosu, kyerɛ sɛ, ɛyɛ brɛoo, ɛma ahotɔ, na egye nkwa!