Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara

Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara

“Me de, da biara asɛ biribi haw me. Sɛ ɛka me nko ara na mete dan mu mpo a, ɛyɛ a saa ara na mete nka.”

“Ɛda a mehu sɛ m’ani agye paa no, na ato me adwinnwen. Efisɛ minim me ho. Minim sɛ ‘m’ani agye’ yi, ɛrenkyɛ ‘me werɛ bɛhow.’”

“Mebɔ mmɔden sɛ meremfa nea ebesi ɔkyena nhaw me ho. Nanso ɛtɔ da a na adwinnwen no abu afa me so. Wobɛhwɛ na meredwinnwen nea ɛbɛba daakye ho.”

Wɔn a wɔwɔ adwene mu yare no, wɔn mu bi anom nsɛm na yɛaka yi. Wo dɔfo bi aka saa asɛm yi bi pɛn? Anaa w’ankasa woate nka saa pɛn?

Sɛ saa a, hu sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Ɛnnɛ nnipa bebree wɔ hɔ a, wɔn ankasa anaa wɔn adɔfo wɔ adwene mu yare.

Biribiara di adanse sɛ yɛte awiei mmere mu, na nneɛma mu ayɛ den. Wei nti nnipa bebree reteetee. (2 Timoteo 3:1) Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi, na wɔbehuu sɛ, wiase mu nnipa nyinaa, sɛ wuyi nwɔtwe biara si hɔ a, emu baako de, ɔwɔ adwene mu yare. Afe 2020 mu no, esiane korona yare kodiawuo no nti, wɔn a adwinnwen bɛtɔɔ wɔn so no, na wɔdɔɔso paa. Sɛ wode toto 2019 ho a, wɔn dodow no kɔɔ anim ɔha mu nkyem 26. Ɛno da nkyɛn a, wɔn a wɔnyaa adwene mu yare a ɛne depression no, wɔn dodow kɔɔ anim ɔha mu nkyem 28.

Sɛ yehu nnipa dodow a adwinnwen ahyɛ wɔn so ne wɔn a wɔyare depression no a, eye. Nanso nea ehia paa ne sɛ wubehu sɛ wo ne w’adɔfo apɔwmuden yɛ papa, na moahu ɔkwan a mobɛfa so ahwɛ mo apɔwmuden yiye.

Dɛn na ɛma yehu sɛ obi nni adwene mu yare?

Obi a onni adwene mu yare no, ɔte nka sɛ ɔwɔ anigye, biribiara a ɛsɛ sɛ ɔyɛ biara otumi yɛ no kama, na ne koma tɔ ne yam. Sɛ ahokyere ba a, onnwen ho pii mma no nhyɛ ne so, na otumi yɛ n’adwuma kamakama.

Sɛ obi wɔ adwene mu yare a,

  • ƐNKYERƐ SƐ onipa no ayɛ biribi na akɔfa yare no abrɛ no.

  • ƐKYERƐ SƐ ɔnte apɔw, ɔteetee, onnwen yiye, ɔyɛ basaa anaa n’ani tumi gye boro so, na sɛnea ɔyɛ n’ade koraa sesa.

  • Etumi ma ɛyɛ den sɛ ɔne afoforo bɛbɔ, na nneɛma a ɔyɛ no da biara mpo, ɛyɛ a na ne yɛ ayɛ no den.

  • Adwene mu yare tumi yɛ obiara. Sɛ woyɛ abofra oo woyɛ ɔpanyin oo, wufi he oo, wote sɛn oo, woakɔ sukuu oo, wonkɔɔ sukuu oo, woyɛ sikani oo, woyɛ hiani oo, kyerɛ sɛ, obiara. Ɔsom a wowɔ mu nso mfa ho.

Sɛ obi wɔ adwene mu yare a, ɔbɛyɛ dɛn anya mmoa?

Ɛtɔ da a obi tumi hu sɛ sɛnea ɔyɛ n’ade anaa sɛnea ɔte nka no asesa prɛko pɛ. Ebia ontumi nna papa anaa ɔda ma no boro so, anaa ebia ontumi nnidi yiye anaa odidi ma no boro so. Ebi wɔ hɔ nso a, adwinnwen tumi hyɛ no so anaa ne werɛ tumi how ne ho. Sɛ obi hu biribi saa a, ebia ɛho behia sɛ okohu dɔkta, na dɔkta no ma no hu nea enti a aba saa, ne sɛnea obenya ano aduru. Ɛnde yemmisa sɛ, ɛhe na wubetumi akɔpɛ mmoa?

Yɛreka obi a na onim nyansa paa wɔ asaase so a, ɔno ne Yesu Kristo. Ɔkaa sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.” (Mateo 9:12) Wɔn a yare reteetee wɔn no, sɛ wɔnya adɔktafo ma wɔhwɛ wɔn, na wɔma wɔn nnuru a, ebetumi ama wɔn yare no ano abrɛ ase. Ebetumi ama nneɛma akɔ yiye ama wɔn, na wɔn ani agye wɔ abrabɔ mu. Wɔn a yare reteetee wɔn saa no, ɛnsɛ sɛ wɔtenatena ho anaa wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ akogye ayaresa. a

Ɛwom, Bible no nyɛ ayaresa nhoma, nanso nsɛm a ɛwom no betumi aboa yɛn na adwene mu yare anteetee yɛn. Sɛ yɛwɔ adwene mu yare a, nsɛm a edidi so a yɛrebesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no bɛkyerɛ yɛn sɛnea Bible no betumi aboa yɛn, na yɛatumi ako yare no. Yɛhyɛ wo nkuran paa sɛ bɔ mmɔden kenkan.

a Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no nkyerɛ ayaresa pɔtee a ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ. Ɛsɛ sɛ onipa biara hwɛ ayaresa a ɛwɔ hɔ, na osusuw ho yiye, na ɔno ara si nea ɔpɛ ho gyinae.