Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asukɔnkɔn

Sua Biribi Fi Wim Nnomaa Hɔ

Sua Biribi Fi Wim Nnomaa Hɔ

“Bisa . . . wim nnomaa, na wɔbɛka akyerɛ wo. Wɔn mu hena na onnim sɛ Yehowa nsa na ayɛ eyi.”​—Hiob 12:7, 9.

BƐBORO mfe 3,000 a atwam ni, tete agya panyin Hiob hui sɛ wim nnomaa betumi ama yɛanya Onyankopɔn abɔde ho nimdeɛ pii. Ɛnyɛ ɛno nko, sɛ yɛrekasa a, yetumi de sɛnea nnomaa yɛ wɔn ade no nso yɛ mfatoho ne kasakoa pii. Bible mu no, wɔka nsɛm pii fa wim nnomaa ho. Wei ma yehu nneɛma pii fa asetena ho, na ɛma yɛbɛn Onyankopɔn nso. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra.

BAABI A ASOMFENA YƐ NE BEREBUW

Asomfena

Ná Yerusalemfo nim asomfena paa. Saa nnomaa yi taa yɛ wɔn berebuw wɔ ɔdan suhyɛ ano. Solomon asɔrefie hɔ nso, na ebi berebuw wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ na asɔrefie hɔ ye ma asomfena paa. Afe biara na wɔyɛ wɔn berebuw wɔ hɔ, efisɛ ɛhɔ deɛ na wotumi yɛn wɔn mma a obiara nhaw wɔn.

Ɔsɔfo Kora mma no bi na ɔkyerɛw Dwom 84 no. Ná bosome nsia biara, ɔkɔsom wɔ asɔrefie hɔ nnawɔtwe baako. Sɛ ohu anomaa berebuw no saa a, na n’ani bere wɔn efisɛ wɔn deɛ, na ɛte sɛ nea wɔte Yehowa fie daa. Ɔkaa sɛ, “Hwɛ sɛnea wo ntamadan kɛse no som bo ma me, O asafo Yehowa! Me kra ani agyina Yehowa fie adiwo, na abotow. . . . Anomaa mpo anya atenae wɔ hɔ; asomfena nso ayɛ ne berebuw wɔ hɔ, na ɔde ne mma agu mu. Baabi a w’afɔremuka kɛse no wɔ, O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn!” (Dwom 84:1-3) Enti ɛyɛ a yɛne yɛn mma nso ani gyina Yehowa fie na yɛn ani gye sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo behyiam wɔ hɔ?​—Dwom 26:8, 12.

ASUKƆNKƆN NIM NE BERE

Odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “Wim asukɔnkɔn mpo nim ne bere.” Ɛda adi sɛ na onim sɛnea asukɔnkɔn tumi tu kɔ mmeae afoforo wɔ bɔhyɛ asase no so no. Sɛ edu osutɔ bere a, wotumi hu asukɔnkɔn mfitamfitaa bɛyɛ 300,000 sɛ wɔatu fi Afrika nam Yordan Subon no mu rekɔ Europa Atifi fam. Nnomaa yi nam awosu so tumi hu bere a ɛsɛ sɛ wɔsan ba wɔn nkyi bɛtow nkosua, huane, na wɔhwɛ wɔn mma. Sɛnea nnomaa a wodi atutena yɛ no, wɔn nso, ‘wonim bere a wɔba.’​—Yeremia 8:7.

Nhoma bi ka sɛ: “Nea ɛma nnomaa atutenadi yɛ nwonwa paa ne sɛ, wofi awosu mu na wɔyɛ saa.” (Collins Atlas of Bird Migration) Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa nnomaa yi nyansa a wɔde di atutena. Nanso nnipa deɛ, ɔmaa yɛn nyansa a yɛde hu bere mu nsakrae. (Luka 12:54-56) Nnipa nte sɛ asukɔnkɔn a wofi awosu mu yɛ ade, mmom Onyankopɔn ho nimdeɛ na ɛma yehu bere a yɛwom yi ne nea ɛkyerɛ ankasa. Israelfo a na wɔwɔ Yeremia bere so no antumi anhu bere a na wɔwom no. Onyankopɔn kyerɛɛ nea enti a wɔanhu. Ɔkaa sɛ: “Yehowa asɛm na wɔapo yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?”​—Yeremia 8:9.

Ɛnnɛ, yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ yɛte bere a Bible ka ho asɛm sɛ, “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-5) Wubesuasua asukɔnkɔn na woahu ‘bere’ a yɛwom no?

ƆKƆRE ANIWA HWƐ ADE AKYIRIKYIRI

Ɔkɔre

Wɔbɔ ɔkɔre din mpɛn pii wɔ Bible mu, na sɛ obi wɔ Bɔhyɛ Asase no so a, ɛnyɛ den koraa sɛ obehu ɔkɔre a watu nam wim na ne sunsum atɔ asase so. Sɛ ɔkɔre wɔ ne berebuw mu wɔ ɔbotan so nohoa a, ‘ɔhwehwɛ aduan; n’aniwa hwɛ ade akyirikyiri.’ (Hiob 39:27-29) N’aniwa hu ade yiye ara a ma otumi hu adanko a ɔwɔ akyirikyiri bɛyɛ kilomita baako.

Sɛnea ɔkɔre tumi “hwɛ ade akyirikyiri” no, saa ara na Yehowa nso tumi hu nea ebesi daakye. Ɛno nti Yehowa ka sɛ: “Me na mifi mfiase ka awiei asɛm, na mifi tete ka nea ensii.” (Yesaia 46:10) Yehowa nyansa ne ne nhumu nni ano, enti sɛ yetie n’afotu a, yebenya so mfaso.​—Yesaia 48:17, 18.

Nnipa a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so no, Bible de wɔn toto ɔkɔre ho. Ɛka sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo. Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre.” (Yesaia 40:31) Mframa na ɛma ɔkɔre tumi tu kɔ sorosoro. Sɛ ɔkɔre tu kɔ soro na odu baabi a mframa wɔ a, ɔtrɛw ne ntaban mu na ɛma otumi tu kɔ sorosoro dannan ne ho a ɔmmrɛ. Sɛ ɔkɔre tu kɔ soro saa a, ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na ɔde yɛ ade. Saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no betumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛma wɔn “tumi a ɛboro onipa de so.”​—2 Korintofo 4:7, 8.

“SƐNEA AKOKƆBAATAN BOABOA NE MMA ANO”

Akokɔbaatan ne ne mma

Aka kakra ama Yesu awu no, ogyinaa hɔ too n’ani hwɛɛ Yuda ahenkurow, na ɔde awerɛhow kaa sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo no na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase! Nanso moampɛ.”​—Mateo 23:37.

Ade baako a nnomaa fi awosu mu yɛ ma ɛyɛ nwonwa ne sɛnea wɔbɔ wɔn mma ho ban no. Ntakraboa a wɔtow nkosua huane wɔn mma wɔ asase so, te sɛ akokɔ sɛɛ, bue wɔn ani hwɛ wɔn mma yiye paa. Sɛ akokɔ hu sɛ akorɔma nam wim a, osu frɛ ne mma no ma woguan bɛhyɛ ne ntaban ase ntɛm ara. Sɛ akokɔ mma hyɛ wɔn maame ntaban ase a, ɛbɔ wɔn ho ban fi owia hyew ne osutɔ a ano yɛ den ho. Saa ara na na anka Yesu pɛ sɛ ɔbɔ Yerusalemfo ho ban. Ɛnnɛ, Yesu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ne nkyɛn mmɛhome na yɛnto asetena mu abɛbrɛsɛ ne dadwen nyinaa ngu.​—Mateo 11:28, 29.

Nokwarem, yebetumi asua nneɛma pii afi nnomaa hɔ. Sɛ wohwɛ sɛnea wɔyɛ wɔn ade a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkae sɛnea wɔde wɔn yɛ ntotoho wɔ Bible mu no. Ɛmmra sɛ wobɛkae asomfena na wakyerɛ baabi a yɛsom Yehowa ho anisɔ. Ma Onyankopɔn nhyɛ w’anidaso mu den, na ɛbɛma woanya ahoɔden atu sɛ ɔkɔre. Sɛ wopɛ honhom fam ahobammɔ a, ɛnde bra bɛhyɛ Yesu ntaban ase sɛnea akokɔ ba hyɛ ne maame ntaban ase na onya ahobammɔ no. Afei hwɛ asukɔnkɔn na hu sɛnea nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no ma yehu bere a yɛwom no.