NYAN! July 2013 | So Wiase Haw Ano Aduru ne sɛ Yɛbɛtew Atua?

Hwɛ nea enti a atuatew adɔɔso ne baabi a yebetumi anya ano aduru asɛm yi mu.

Wiase Nsɛm

Nsɛmti no bi ne: adwuma-ho nsɛm a wobisabisa mu animhwɛ ne mmara foforo a wɔahyehyɛ ama nnwumakuw a wɔyɛ tawa wɔ Australia.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wubegyina Osũ ne Nteɛteɛm Ano

Sɛ wo ba de osũ ne nteɛteɛm hwehwɛ biribi a, dɛn na wubetumi ayɛ? Bible nnyinsosɛm betumi aboa wo ma woagyina asɛnnennen yi ano.

ASƐM A ƐDA SO

So Wiase Haw Ano Aduru ne sɛ Yɛbɛtew Atua?

Atuatew tumi de nsakrae ba. So ɛno ne atɛnkyea, kɛtɛasehyɛ, ne nhyɛso ano aduru?

ASƐM A ƐDA SO

Mihui sɛ Atɛnkyea Rekɔ So wɔ Baabiara

Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi a ofi Northern Ireland, a ɔde ne ho hyɛɛ basabasayɛ ne atuatew mu no sesaa n’adwene wɔ sɛnea wobetumi anya atɛntrenee ho?

Hwɛ Anhweatam So Agyinamoa a ne Ho Yɛ Na No

Woate anhweatam so agyinamoa ho asɛm pɛn? Sua agyinamoa yi ho ade na hu nea enti ne ho yɛ na saa no.

NSASE NE NNIPA

Azerbaijan Nsrahwɛ

Azerifo yi ho yɛ anika na wɔpɛ afoforo asɛm. Sua wɔn man ne wɔn amammerɛ ho nsɛm pii.

BIBLE NO ADWENE

Onyankopɔn Ahenni

Nnipa binom gye di sɛ Onyankopɔn Ahenni no te gyidifo koma mu anaa ɛnam nnipa so na ɛbɛba. Dɛn na Bible no ka?

WƆBƆE ANAA?

Arctic Asase So Amoakua Amemene a Etumi Gyina Awɔw Ano

Ɛyɛ dɛn na sɛ aboa ketewa yi ho hyew kɔ fam koraa wɔ awɔw bere mu a, onwu?