Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSASE NE NNIPA AHOROW

Azerbaijan Nsrahwɛ

Azerbaijan Nsrahwɛ

AZERBAIJAN yɛ nkurow akɛse abiɛsa a ɛda Ɛpo Tuntum ne Caspia Po no Atɔe fam ntam no mu kɛse paa. Bɛyɛ mfeha apem a atwam ni no, Turkicfo mmusua pii tu bɛtenaa hɔ. Atubrafo yi suaa ɛhɔfo amammerɛ, na ɛhɔfo nso gyee Turkicfo no amammerɛ no bi toom. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Azerbaijanfo kasa ne Turkeyfo ne Turkmenfo kasa di nsɛ paa.

Azerifo yi ho yɛ anika na wɔpɛ afoforo asɛm. Wɔbɔ abusua denneennen, na wɔboa wɔn ho wɔn ho wɔ mmere a ɛyɛ den mu.

Azerifo ani gye nnwom ne anwensɛm ho. Sɛ wɔreto wɔn dwom bi a wɔfrɛ no mugam no a, odwontofo no kenkan Azerifo tete anwensɛm de di sanku a wɔrebɔ no akyi. Ɛsɛ sɛ nea ɔrebɔ mugam dwom no yɛ obi a onim ɛho atetesɛm yiye na otumi dannan mu.

Azerbaijanfo yɛ nnipa a wɔpɛ tii paa

 Azerbaijanfo yɛ nnipa a wɔpɛ tii paa. Wɔde tii no gu gyirase a ɛyɛ fɛ mu na wɔde asikre atom, na ebia wɔde pistachios, ɔsonkoran, ne bobe aba abɔ so. Mmeae a wɔyɛ tii abu so wɔ nkurow nketewa nyinaa mpo mu.

Caspia Po, a ɛwɔ ɔman no apuei fam no mu na apataa kɛse a wɔfrɛ no sturgeon no wɔ. Saa apataa a wɔfrɛ no beluga sturgeon yi betumi adi aboro mfe 100. Apataa yi mu kɛse paa a wɔayi pɛn no tenten yɛ mita 8.5, na ne mu duru yɛ kilogram 1,297! Apataa sturgeon yi som bo paa esiane ne nkesua a wɔhyɛ no nkyene (black caviar) tɔn nti.

Azerifo pɛ nyamesom enti sɛ woka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ wɔn a, wɔn ani gye ho. Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara yɛ Nkramofo. Ɔsom afoforo nso wɔ hɔ. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nso bɛboro apem—wɔn mu pii yɛ Azerbaijanfo.

Azeri nnwontofo

SO NÁ WUNIM?

Yehowa Adansefo ne nnipa ɔpepem pii sua Bible no wɔ wiase afanan nyinaa, na wɔde Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a wɔatintim wɔ kasa bɛboro 250 mu, a Azerbaijani nso ka ho na edi dwuma.