Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Switzerland

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Switzerland kyerɛ sɛ nnipa a wɔadi boro mfe 60 no betumi awu wɔ da a ɛne wɔn awoda hyia asen nna afoforo. Nnipa pii taa nya komayare a emu yɛ den wɔ da a ɛne wɔn awoda hyia, mmea dodow a wɔn fã taa dwudwo no boro mmarima de so ɔha mu nkyem 21, na mmarima dodow a wodi wɔn ho dɔm no boro mmea de so ɔha mu nkyem 35. Nyansahufo susuw sɛ adwennwen ne mmosã ka ho bi na ahodɔmdi ne akwanhyia adɔɔso no. Nanso, animdefo binom nnye saa nhwehwɛmu yi ntom, mmom wogye di sɛ mfomso ahorow a nnipa di no na ɛma da a wowu no ne wɔn awoda hyia no.

Israel

Sɛ mmarima a wɔn ho yɛ fɛ pɛ adwuma na wɔde wɔn mfonini tare krataa a wɔde hwehwɛ adwuma no so a, wɔtaa frɛ wɔn bisabisa wɔn adwuma no ho nsɛm sen sɛ wɔbɛfrɛ mmea a wɔn ho yɛ fɛ. Dɛn ntia? Israel nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ mmea dodow no ara na wɔyɛ adwuma wɔ adwuma no fã a wɔhwɛ ma wɔfa nnipa no. The Economist ka sɛ, nokwasɛm a ɛwom a “ɛyɛ awerɛhow” ne sɛ “mmea ani da so bere wɔn yɔnko mmea a wɔn ho yɛ fɛ.”

United States

Nnipa baasa bi a wokyi akodi—ɔbea kokorani bi a wadi mfe 82 ne n’ayɔnkofo baanu a wɔadi mfe 63 ne 57—bɔ wuraa Oak Ridge, Tennessee, faako a wɔkora nuklea ho nneɛma pii no, na wɔkyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani nnye akodi ho guu adan no biako ho. Adwuma no Kyerɛwfo Steven Chu ka sɛ, “beae a wosusuw sɛ wɔabɔ ho ban sen baabiara wɔ wiase” a mmea yi tumi bɔ wuraa hɔ no “haw adwene paa.”

Australia

Asɛnnibea kɛse a ɛwɔ ɔman no mu hwehwɛ sɛ nnwumakuw a wɔyɛ tawa no beyiyi kɔla ne ahyɛnsode ahorow a ɛda nsow a ɛwɔ sigaret nnaka ho no afi ho. Seesei, ɛsɛ sɛ wɔde sigaret nyinaa hyehyɛ nnaka a ne kɔla yɛ nnodowee mu, na wɔde mfonini a ɛkyerɛ sɛ sigaretnom betumi adi awu no to ho.