Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

United States

Da biara da, nnipa bɛboro 20 a kan no na wɔwɔ United States asraafokuw mu no di wɔn ho dɔm. Ɔsram biara, asraafo a wɔakɔ ɔko pɛn a U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Tete Akofo Nsɛm So hwɛ wɔn no mu 950 bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm.

China

Atesɛm krataa China Daily bɔ amanneɛ sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ [Chinafo] mmea adwumayɛfo a wonnii mfe 30 no mu fã a wotu bata kɔyɛ adwuma wɔ baabi no nyinsɛn ansa na wɔaware. Sɛ wɔde toto mmere kakra a atwam no ho a, mmaatan a wonni kununom yi adɔɔso paa.” Wɔka sɛ Chinafo “pene . . . nnipa baanu a wɔnwaree a wɔtena bom so paa.”

Greece

Wɔ Greece no, atiridiinini a na ɛkame ayɛ sɛ wotuu ase koraa wɔ afe 1974 mu no, asan ayi ne ti bio. Nea wɔkyerɛ sɛ akɔfa ɔyare yi aba bio no ne sikasɛm mu ahokyere ne ɔmanfo ayarehwɛ a akɔ fam no.

India

Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ ɛmfa ho sɛ Indiafo pii resua Europa ne Amerikafo amammerɛ no, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 74 ani da so ara gye aware a awofo hyehyɛ ma wɔn mma ho sen nea wɔn ankasa bɛhyehyɛ. Nnipa dodow no ara a wɔbɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 89 na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn abusua santen tena sen sɛ wɔne “wɔn ahokafo ne wɔn mma pɛ bɛtena.”

Italy

“[Katolek] Asɔre no abotow wɔ Europa a edi yiye ne Amerika nyinaa. Yɛn amammerɛ ayɛ dedaw, yɛn asɔredan yɛ akɛse akɛse, nnipa asa wɔ yɛn nkokorafi, na dibea ahorow a ɛwɔ asɔre no mu adɔɔso. Yɛn amanne ne yɛn asɔfotade yɛ kyenkyenee dodo. . . . Asɔre no aka akyi mfirihyia 200 wɔ nneɛma pii mu.”—Nsɛm a wobisabisaa Katolek ɔsɔfopɔn Carlo Maria Martini, a atesɛm krataa Corriere della Sera de too gua wɔ ne wu akyi.