Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monhwɛ Nnomaa’

‘Monhwɛ Nnomaa’

NNOMAA wɔ wiase baabiara. Mmoa a yetumi de yɛn ani hwɛ wɔn paa no, baako ne nnomaa. Afei nso, nnomaa gu ahorow pii na wɔn kɔla nso gu ahorow. Ɛsono sɛnea anomaa biara su; ɛsono sɛnea anomaa biara tu dannan ne ho, ɛnna ɛsono anomaa biara suban. Ne nyinaa ka bom a, ɛma nnomaa ho yɛ anika na wohwɛ wɔn a wommrɛ.

Akyem

Wobɛtumi ahwɛ gyaade mpomma mu ahwɛ nnomaa bi ahu nea wɔyɛ da biara. Wobɛhu nnomaa a wɔrehwete apɛ sonsono, wɔn a wotu di ntuboa akyi, nnomaa a wɔrehwehwɛ yere, wɔn a wɔn ani abere renwene wɔn buw ne nnomaa a wɔrema wɔn mma aduan.

Akɔmfɛm

Wuhu sɛ nnomaa bi te sɛ akɔre ne akorɔma nenam wim a, ɛbɛyɛ wo nwonwa. Ebinom nso ho yɛ anika: nkasanoma a wɔrepere aduan ho, aborɔnoma a wasee ne bo de repɛ ɔbea, a ɔbea no nso ayi n’ani, anaa mpan a wɔn ti sensɛn fam. Wobɛhu nnomaa bi nso ama w’ani agye; ebi ne asukɔnkɔn, anaa suborɔkokɔ. Sɛ wohu sɛ wɔabom atu nam wim retu kwan a, w’ani begye kwa. Nnipa ahwɛ nnomaa a wɔbom tu kwan yi mfe mpempem pii na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ nnomaa  tumi tu kwantenten saa. Nnomaa no nim bere pɔtee a wɔde kɔ ne bere pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔsan ba. Ɔbɔadeɛ no ara kae sɛ: “Wim asukɔnkɔn mpo nim ne bere, aburuburuw ne asomfena ne apatiprɛw nim bere a wɔba.”—Yeremia 8:7.

Nnomaa a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu

Bible ka nnomaa ho asɛm mpɛn pii; ɛde ne nyinaa kyerɛ yɛn nneɛma pii. Ebi ne sohori ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no. Ɔyɛ aboa bi a otu mmirika paa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Sɛ ɔbɔ ne ntaban mu wɔ soro a, ɔserew ɔpɔnkɔ ne ɛsotefo.” * (Hiob 39:13, 18) Onyankopɔn bisaa Hiob sɛ: “So wo nyansa nti na akorɔma tu kɔ sorosoro . . . Anaa wo na wohyɛ ma ɔkɔre tu kɔ?” (Hiob 39:26, 27) Ɛdɛn na yesua fi mu? Nea nnomaa tumi yɛ no, wɔnhia yɛn mmoa na wɔatumi ayɛ. Onyankopɔn nyansa na wɔde yɛ na ɛnyɛ nnipa nyansa.

Ɔhene Solomon kyerɛw sɛ, “wɔte aburuburuw su” a, ɛkyerɛ sɛ osutɔbere adu. (Solomon Dwom 2:12) Ɔdwontofo bi kyerɛw sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ Onyankopɔn asɔrefie. Bere a ɔreka n’asɛm no, ɔbɔɔ asomfena din. Onyae a, anka ɔyɛ saa anomaa no. Ɔkae sɛ: “Anomaa mpo anya atenae wɔ hɔ; asomfena nso ayɛ ne berebuw wɔ hɔ, na ɔde ne mma agu mu, baabi a w’afɔremuka kɛse no wɔ, O asafo Yehowa.”—Dwom 84:1-3.

“Mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn?”—Mateo 6:26

Yesu Kristo nso kaa nnomaa ho nsɛm a nyansa wom paa. Ma yɛnhwɛ asɛm a ɛwɔ Mateo 6:26 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn?” Wohwɛ saa mfatoho no a, aba wom paa, na ɛma Yesu akyidifo awerɛhyem sɛ wɔsom bo ma Onyankopɔn. Enti ɛho nhia sɛ wɔdwendwene asetenam nneɛma ho de haw wɔn ho koraa.—Mateo 6:31-33.

Ɛnnɛ, nnipa pii taa hwɛ nnomaa de gyegye wɔn ani, na ntease wom, efisɛ nnomaa ahokeka, wɔn ahoɔfɛ, sɛnea wɔpɛ mmea ne wɔn sũ nyinaa ma yɛn ani gye kɛkɛ. Bio nso, sɛ wotaa hwɛ nnomaa a, wobɛnya nsɛm a aba wom de abɔ wo bra. Enti ɛyɛ a ‘hwɛ nnomaa.’

^ nky. 6 Nnomaa a ɛwɔ wiase nnɛ no, sohori na ɛso paa; ɔwɔ mmirika sen aboa biara. Sɛ ne mmirika mu yɛ den paa a, otumi de dɔnhwerew baako twa akwansin 45 (Kilomita 72).