Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima ne Ɔbea Wɔbɔɔ Obiara sɛ Ɔmmoa Ne Yɔnko

Ɔbarima ne Ɔbea Wɔbɔɔ Obiara sɛ Ɔmmoa Ne Yɔnko

Ɔbarima ne Ɔbea Wɔbɔɔ Obiara sɛ Ɔmmoa Ne Yɔnko

EFI tete na ɔbarima ne ɔbea anya ɔpɛ sɛ wɔbɛtra abom. Onyankopɔn na ɔbɔɔ wɔn saa. Yehowa hui sɛ na enye sɛ ɔbarima a odi kan, Adam, nko bɛtra. Enti Onyankopɔn yɛɛ ‘ne sɛso boafo maa no.’

Yehowa maa nnahɔɔ tɔɔ Adam so, na oyii ne mfe mparow mu biako, na ɔde “mparow . . . no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no.” Bere a Adam huu Yehowa abɔde a ɛyɛ fɛ yi no, n’ani gyei araa ma ɔkae sɛ: “Afei me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” Esiane sɛ na Hawa yɛ ɔbea a ɔyɛ pɛ nti, na Adam betumi adɔ no paa. Ná Adam, ɔbarima a ɔyɛ pɛ no nso fata obu. Wɔbɔɔ wɔn sɛ obiara mmoa ne yɔnko. Bible ka sɛ: “Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.”—Genesis 2:18-24.

Nanso nnɛ, mmusua pii mu repaapae, na atɛnnidi ne ntɔkwaw anaa pɛsɛmenkominya taa kɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ mu. Akansi a ɛrekɔ so wɔ ɔbarima ne ɔbea ntam no de ntawntaw ne akameakame na aba. Nea ɛrekɔ so yi nyinaa ne nea enti a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea no nhyia. Wɔbɔɔ ɔbarima sɛ onni dwuma titiriw bi wɔ asase so. Na na ɔbea no nso bɛyɛ adwuma a ɛsom bo de aboa ɔbarima no. Ná ɛsɛ sɛ wɔde biakoyɛ yɛ adwuma. Efi bere a wɔbɔɔ nnipa no, mmarima ne mmea a wosuro Nyankopɔn abɔ mmɔden sɛ wɔde nokwaredi bedi asɛyɛde a Yehowa de hyɛɛ wɔn nsa no ho dwuma, na eyi ama wɔanya anigye ne akomatɔyam pii. Eyinom yɛ asɛyɛde bɛn, na yɛbɛyɛ dɛn adi ho dwuma?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea maa wɔn asɛyɛde a ɛfata wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu