Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni no Adi Tumi Mfe Ɔha!

Ahenni no Adi Tumi Mfe Ɔha!

“Ɛmmra sɛ asomdwoeɛ Nyankopɔn . . . no de adepa biara bɛsiesie mo ama moayɛ n’apɛdeɛ.”HEBRIFOƆ 13:20, 21.

NNWOM: 136, 14

1. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na asɛnka adwuma no ho hia Yesu paa? Kyerɛkyerɛ mu.

NÁ Yesu ani gye ho sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa Ahenni no ho asɛm sen biribi foforo biara. Ɔtwee adwene sii Ahenni no so bɛboro mpɛn 100 wɔ ne som adwuma mu. Ná Ahenni no da Yesu koma so paa.—Kenkan Mateo 12:34.

2. Nnipa sɛn na wɔtee ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no, na adɛn nti na yɛreka saa?

2 Yesu wusɔre akyi pɛɛ no, ɔne nnipakuw bi a wɔn dodow boro 500 a na wɔbɛtumi abɛyɛ n’asuafo hyiae. (1 Korintofoɔ 15:6) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Yesu de ahyɛde mae sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ “aman nyinaa.” Ná saa adwuma no renyɛ mmerɛ. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ asɛnka adwuma no bɛkɔ so bere tenteenten akɔsi “wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ.” Sɛ woka asɛmpa no bi nnɛ a, ɛnneɛ woreboa ma saa nkɔmhyɛ no abam.—Mateo 28:19, 20.

3. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na aboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no?

3 Bere a Yesu de ahyɛde mae sɛ yɛnka asɛmpa no, ɔde kaa ho sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ.” (Mateo 28:20) Enti Yesu hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ ɔde asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ bɛma, na ɔbɛboa wɔn ma wɔaka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yehowa nso ka yɛn ho. Wama yɛn “adepa biara” a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no. (Hebrifoɔ 13:20, 21) Yɛbɛsusu saa nneɛma pa yi mu mmiɛnsa ho wɔ adesua yi mu: (1) nnwinnade a wɔde ama yɛn, (2) akwan a yɛafa so aka asɛmpa no, ne (3) ntetee a yɛanya. Momma yɛnni kan nsusu nnwinnade a aboa ma yɛaka asɛmpa no mfe 100 a atwam no ho.

NNWINNADE A ƐBOA ONYANKOPƆN ASOMFO MA WƆKA ASƐMPA NO

4. Ɔkwan bɛn so na nnwinnade ahorow pii a yɛde ayɛ asɛnka adwuma no aboa yɛn?

4 Yesu de Ahenni no ho asɛm no totoo aba a wɔgu wɔ asase ahorow so ho. (Mateo 13:18, 19) Sɛ okuafo pɛ sɛ ɔfuntum asase siesie so a, ɔde nnwinnade ahorow na ɛyɛ adwuma. Saa ara na yɛn Hene no ama yɛn nnwinnade a yɛbɛtumi de aboa nkurɔfo ma wɔagye asɛm a yɛka no adi. Nnwinnade no bi wɔ hɔ a, yɛde yɛɛ adwuma bere tiaa bi, na ebi nso wɔ hɔ a, ɛbɛsi nnɛ nyinaa yɛde yɛ adwuma. Nanso nnwinnade no nyinaa aboa yɛn ma yɛn ho akokwaw kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.

Adansedi kratasin no boaa nkurɔfo pii ma wɔfii asɛnka ase

5. Dɛn ne adansedi kratasin, na ɔkwan bɛn so na wɔde dii dwuma?

5 Afe 1933 no, adawurubɔfo fii ase de adansedi kratasin yɛɛ asɛnka adwuma no. Saa adwinnade no boaa nkurɔfo pii ma wɔfii asɛnka ase. Ná ɛyɛ kratasin bi a Bible mu asɛm tiawa bi wɔ so. Ɛtɔ bere bi a na wɔyɛ kratasin no foforo, na wɔkyerɛw asɛm foforo wɔ so. Bere a ɛdi kan a Onua Erlenmeyer de kratasin no yɛɛ asɛnka adwuma no, na wadi bɛyɛ mfe du. Ɔkaa sɛ: “Asɛm a na yɛde fi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛ, ‘Mesrɛ wo kenkan asɛm a ɛwɔ kratasin yi so ma me.’ Sɛ ofiewura no kenkan wie a, na yɛama no nwoma na yɛkɔ yɛn baabi.”

6. Ɔkwan bɛn so na adansedi kratasin no boae paa?

6 Adansedi kratasin no boaa adawurubɔfo akwan pii so. Ɛho nhwɛso bi ni. Ná adawurubɔfo binom fɛre ade. Ɛwom sɛ na wɔn ani gye ho paa sɛ wɔbɛka asɛmpa no deɛ, nanso na wɔnhu asɛm a wɔnka. Ná adawurubɔfo binom nso wɔ akokoduru paa. Ná wɔtumi de simma kakraa bi ka nea wɔnim nyinaa kyerɛ ofiewura no, nanso na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔyɛ anifere. Enti adansedi kratasin no boaa adawurubɔfo nyinaa ma wɔkaa asɛm tiawa a emu da hɔ.

7. Nsɛnnennen bɛn na ebinom hyiae wɔ adansedi kratasin a wɔde kaa asɛm no ho?

7 Ná nsɛnnennen nso wɔ hɔ. Onuawa Grace Estep kaa sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na nkurɔfo bisa yɛn sɛ, ‘Asɛm bɛn na ɛwɔ kratasin no so? Ka kyerɛ me’” Afei nso, na afiewuranom binom ntumi nkenkan asɛm a ɛwɔ kratasin no so no. Sɛ afoforo nso gye kratasin no ara pɛ a, na wɔato wɔn pon mu. Ná ebinom ani nnye asɛm a yɛka no ho, enti na wɔtete kratasin no mu. Nanso nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, adansedi kratasin no boaa adawurubɔfo ma wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a wɔne wɔn te mpɔtam no, na nkurɔfo huu wɔn sɛ Ahenni no ho asɛmpakafo.

8. Ɔkwan bɛn so na wɔde gramafon yɛɛ asɛnka adwuma no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Efi afe 1930 reba no, adwinnade foforo a yɛde kaa asɛm no ne gramafon. Adansefo binom frɛɛ no Aaron efisɛ na afidie no na ɛkasa ma wɔn. (Kenkan Exodus 4:14-16.) Sɛ ofiewura bi pene so sɛ ɔbɛtie asɛm no a, na ɔdawurubɔfo no bɔ Bible mu ɔkasa tiawa bi kyerɛ no, na ɛno akyi no na wama no nwoma. Ɛtɔ mmere bi a na abusua bi mufo nyinaa bom tie ɔkasa bi! Afe 1934 no, Ɔwɛn Aban Asafo no fii ase yɛɛ gramafon nketewa maa anuanom de yɛɛ asɛnka adwuma no. Bere bi akyi no, anuanom kyeree ɔkasa ahorow 92 guu mpaawa so.

9. Gramafon no boaa asɛnka adwuma no sɛn?

9 Bere a Hillary Goslin tiee ɔkasa no baako wiei no, ɔma wɔde gramafon no baako fɛm no nnawɔtwe. Ɔde bɔɔ Bible mu ɔkasa ahorow no kyerɛɛ nnipa a wɔte ne mpɔtam. Ɛno maa nnipa pii ani bɛgyee nokware no ho na wɔbɔɔ wɔn asu. Bere bi akyi no, Onua Goslin mma mmaa mmienu kɔɔ Gilead Sukuu, na wɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo. Gramafon no boaa nkurɔfo pii ma wɔfii asɛnka ase sɛnea adansedi kratasin no yɛeɛ no ara pɛ. Akyiri yi, Ɔhene no nam Teokrase Ɔsom Sukuu no so tetee ne nkurɔfo ma wɔhuu sɛnea wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa.

AKWAN A YƐAFA SO AKA ASƐM NO AKYERƐ NKURƆFO

10, 11. Ɔkwan bɛn so na yɛfaa atesɛm nkrataa ne radio so kaa asɛmpa no, na adɛn nti na saa akwan no boae paa?

10 Yɛn Hene no aboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔafa akwan ahorow so aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii. Bere a na asɛmpakafo no nnɔɔso no, saa akwan no boae paa. (Kenkan Mateo 9:37.) Sɛ nhwɛso no, mfe pii a atwam no, wɔfaa atesɛm nkrataa so kaa asɛmpa no. Nnawɔtwe biara na Onua Russell de Bible mu ɔkasa bi kɔma nsɛm ho amanneɛbɔ adwumakuw bi. Afei na wɔde ne kasa no kɔma nsɛm ho amanneɛbɔ nnwumakuw wɔ Canada, Europa, ne United States. Eduu afe 1913 no, na wɔtintim Onua Russell kasa ahorow wɔ atesɛm nkrataa 2,000 mu, na nnipa a na wɔkenkan dodow bɛyɛ 15,000,000!

Atesɛm nkrataa ne radio boae ma yɛtumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa pii wɔ mmeae bi a na adawurubɔfo nnɔɔso

11 Radio nso boae paa ma wɔkaa asɛmpa no. Onua Rutherford maa ne kasa ahorow a ɔdii kan maa wɔ radio so no mu baako April 16, 1922, na nnipa bɛyɛ 50,000 na wɔtieeɛ. Ankyɛ na yɛbuee yɛn ankasa radio adwumayɛbea bi a wɔtoo din WBBR, na February 24, 1924 na wɔdii kan kasaa wɔ so. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa December 1, 1924 no kaa sɛ: “Yɛgye di sɛ radio ne ɔkwan a ɛtu mpɔn sen biara na ɛho ka nso nnɔɔso a yɛbɛtumi afa so atrɛw nokware no mu a yɛnnya mfaa nni dwuma.” Sɛnea atesɛm nkrataa yɛe no, radio boae ma yɛtumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa pii wɔ mmeae bi a na adawurubɔfo nnɔɔso.

Ahenni adawurubɔfo pii ani gye badwam adansedi ho, na wɔn ani gye ho nso sɛ wɔbɛka yɛn wɛbsaet no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

12. (a) Badwam adansedi bɛn na w’ani gye ho paa? (b) Sɛ yɛsuro sɛ yɛbɛdi adanse wɔ badwam a, dɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛadi so?

12 Badwam adansedi yɛ ɔkwan a ɛboa paa a yɛfa so ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo nnɛ. Yɛrebɔ mmɔden paa sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo wɔ bɔs gyinabea, keteke gyinabea, mmeae a wɔde kar sisi, mmorɔn so ne dwa so. Wosuro sɛ wobɛdi adanse wɔ badwam anaa? Sɛ ɛte saa a, bɔ ho mpae na susu Onua Manera a ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo asɛm yi ho hwɛ. Ɔkaa sɛ: “Bere biara a wɔkaa sɛ yɛmfa ɔkwan foforo bi so nka asɛm no, na yɛfa no sɛ ɛyɛ ɔkwan foforo a yɛbɛfa so asom Yehowa, na yɛfa no sɛ ɔkwan foforo a yɛbɛfa so adi Yehowa nokware, na yɛfa no sɛ ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ada no adi sɛ yɛkura yɛn mũdi mu, na na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma Yehowa ahu sɛ ɔkwan biara a ɔbɛka sɛ yɛmfa so nsom no no, yɛbɛyɛ saa.” Sɛ yɛdi ehu a ɛwɔ yɛn mu so, na yɛfa akwan foforo so ka asɛmpa no a, ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no yɛ kɛse, na ɛma yɛyɛ asɛmpakafo pa.—Kenkan 2 Korintofoɔ 12:9, 10.

13. Adɛn nti na yɛn wɛbsaet no a yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu no boa paa, na osuahu bɛn na woanya?

13 Adawurubɔfo pii de anigye ka yɛn wɛbsaet, jw.org, no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Nkurɔfo tumi kenkan Bible ho nwoma wɔ kasa bɛboro 700 mu wɔ hɔ, na wɔtumi twe nwoma no mu nsɛm nso. Da biara nnipa bɛboro ɔpepem 1.6 kɔ yɛn wɛbsaet hɔ. Bere bi a atwam no, yɛfaa radio so kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo a wɔtete mmeae a ate ne ho. Ɛnnɛ yɛnam yɛn wɛbsaet no so reyɛ saa ara.

NTETEE A ASƐMPAKAFO NO NYA

14. Ntetee bɛn na na adawurubɔfo no hia, na sukuu bɛn na aboa wɔn ma wɔabɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa?

14 Nnwinnade ne akwan a yɛfa so ka asɛmpa no a yɛasusu ho no aboa yɛn paa. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔtete adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ saa bere no ma wɔbɛyɛ asɛmpakafo. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɛtɔ bere bi a na ofiewura bi nnye asɛm a ɔtiee wɔ gramafon so no ntom. Ɛtɔ da bi nso a na ofiewura no ani gye asɛm no ho paa na ɔpɛ sɛ ɔte pii ka ho. Sɛ obi de nsɛm yiyi ne ho ano a, na ɛsɛ sɛ adawurubɔfo no hu sɛnea wɔbɛfa anifere kwan so akasa na wɔhu sɛnea wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo pa nso. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛboaa Onua Knorr ma ɔhuu sɛ ɛhia sɛ adawurubɔfo sua ɔkwan a wɔbɛfa so akasa wɔ asɛnka mu. Enti efi afe 1943 no, asafo ahorow no fii ase yɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu. Saa sukuu yi boaa anuanom nyinaa ma wɔbɛyɛɛ akyerɛkyerɛfo pa.

15. (a) Dɛn na ɛtoo ebinom bere a wɔmaa ɔkasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 32:8 no abam wɔ wo fam?

15 Ná anuanom pii nnim sɛnea wɔgyina nnipadɔm anim kasa. Onua Ramu da so ara kae osuani kasa a ɛdi kan a ɔmae afe 1944 no. Ná ɔkasa no fa Doeg a ne ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Onua Ramu kaa sɛ: “Me nkotodwe keka boom, me nsa wosowee, na me sẽ keka bɔɔ so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛno ne bere a ɛdi kan a na merekasa wɔ asɛnka adwa so, nanso mannyae.” Ɛwom sɛ na ɛyɛ den deɛ, nanso na mmofra nyinaa mpo ma ɔkasa wɔ sukuu no mu. Onua Manera kaa asɛm bi a ɛsiiɛ bere a abarimaa bi maa ne kasa a ɛdi kan wɔ sukuu no mu ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Ehu kaa no araa ma bere a ɔfii ne kasa no ase no, na ɔresu. Nanso esiane sɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛma ɔkasa no nti, ɔsuiɛ araa kɔsii sɛ ɔwieeɛ.” Ebia fɛre nti womma mmuaeɛ wɔ asafo nhyiam ase anaa wote nka sɛ worentumi nyɛ dwumadi biara wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ ɛte saa a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wonni ehu a ɛwɔ wo mu no so. Sɛnea ɔboaa Teokrase Ɔsom Sukuu asuafo a wɔdi kan no, ɔbɛboa wo nso.—Kenkan Dwom 32:8.

Efi afe 1943 no, Gilead Sukuu no atete asɛmpatrɛwfo bɛboro 8,500 de wɔn akɔ aman 170 so

16. Gilead Sukuu no botae ne sɛn (a) bere bi a atwam? (b) efi afe 2011?

16 Onyankopɔn ahyehyɛde no afa Gilead Sukuu no so atete afoforo. Sukuu no botae baako ne sɛ ɛbɛboa sukuufo no ma wɔanya ɔpɛ kɛse de aka asɛmpa no. Wɔfii Gilead Sukuu no ase afe 1943, na efi saa bere no, wɔatete asuafo 8,500 de wɔn akɔ aman 170 so. Efi afe 2011 no, akwampaefo atitiriw, ahwɛfo akwantufo, Betelfo, anaa asɛmpatrɛwfo a wɔnnya nkɔɔ Gilead na wɔto nsa frɛ wɔn ma wɔkɔ sukuu no bi.

17. Ɔkwan bɛn so na Gilead ntetee no aboa?

17 Gilead Sukuu no aboa anaa? Aane, aboa paa. Susu nea ɛkɔɔ so wɔ Japan no ho hwɛ. August 1949 no, na adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman no mu nnu du. Eduu saa afe no awieeɛ no, na asɛmpatrɛwfo 13 na wɔne adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman no mu reka asɛmpa no. Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛyɛ 216,000 na wɔwɔ Japan, na ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu fã yɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo!

18. Sukuu afoforo bɛn na yɛwɔ?

18 Yɛwɔ sukuu afoforo pii, ebi ne Ahenni Som Sukuu, Akwampaefo Sukuu, Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, Sukuu a Wɔyɛ Ma Amansin So Ahwɛfo ne Wɔn Yerenom, ne Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo ne Wɔn Yerenom. Saa sukuu ahorow yi atumi atete anuanom mmarima ne mmaa, na ahyɛ wɔn gyidi den. Ɛda adi pefee sɛ Yesu gu so retete nkurɔfo pii.

19. Asɛm bɛn na Onua Russell ka faa asɛnka adwuma no ho, na ɔkwan bɛn so na abam?

19 Onyankopɔn Ahenni no adi tumi bɛboro mfe 100 ni. Efi saa bere no nyinaa no, Yesu Kristo a ɔne yɛn Hene no ahwɛ ma yɛreyɛ asɛnka adwuma no. Afe 1916 mu tɔnn no, na Onua Russell gye di sɛ wɔbɛtrɛw asɛmpaka adwuma no mu akɔ wiase nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Adwuma no renya nkɔanim ntɛmntɛm, na ɛbɛkɔ anim ara, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛka ‘ahenni ho asɛmpa no’ wɔ wiase nyinaa.” (Faith on the March, a A. H. Macmillan kyerɛwee, kratafa 69) Yɛreyɛ saa adwuma no nnɛ! Yɛda asomdwoe Nyankopɔn no ase sɛ ɔma yɛn biribiara a yɛhia a yɛde bɛyɛ n’apɛde!

^ nky. 2 Ɛbɛyɛ sɛ saa nnipakuw no mu dodow no ara bɛyɛɛ Kristofo. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘anuanom ahanum.’ Ɔsan nso kaa sɛ: “Wɔn mu dodoɔ no ara da so te ase, nanso wɔn mu binom adeda wɔ owuo mu.” Enti ɛbɛyɛ sɛ na Paulo ne Kristofo afoforo nim wɔn a wɔtee sɛ Yesu de ahyɛde rema sɛ yɛnka asɛmpa no mu pii.