Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hell Ho Nokwasɛm A Woahu No Ka Wo Dɛn?

Hell Ho Nokwasɛm A Woahu No Ka Wo Dɛn?

Hell Ho Nokwasɛm A Woahu No Ka Wo Dɛn?

WƆN a wɔkyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no sɛe Yehowa Nyankopɔn din ne ne su ahorow no paa. Nokwarem no, Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Nanso abufuw a ɛteɛ nyɛ Onyankopɔn su atitiriw no bi.

Onyankopɔn nyɛ otirimɔdenfo a ɔmfa bɔne mfiri. Obisa mpo sɛ: “So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu?” (Hesekiel 18:23, King James Version) Sɛ Onyankopɔn ani nnye abɔnefo wu ho a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani agye ho sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔayɛ wɔn ayayade daa?

Onyankopɔn su titiriw paa ne ɔdɔ. (1 Yohane 4:8) Nokwarem no, “AWURADE ye ma nnipa nyinaa; ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.” (Dwom 145:9, The Holy Bible—New International Version) Ne saa nti, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn nso yenya ne ho dɔ kɛse.—Mateo 22:35-38.

Hell ho Suro Anaa Onyankopɔn ho Dɔ—Nea Ɛwɔ he na Ɛma Woyɛ N’apɛde?

Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ akra hu amane wɔ hell no ma nkurɔfo nya Onyankopɔn ho suro a ɛmfata. Nanso, sɛ obi hu Onyankopɔn ho nokwasɛm na onya ne ho dɔ a, ɛma onya ne ho osuro pa. Dwom 111:10 ka sɛ: “Nyansa mfiase ne AWURADE suro, ɛma wɔn a wodi so nyinaa hu nyansa.” (The New American Bible) Onyankopɔn ho suro yi nyɛ nea ɛma obi bɔ hu, na mmom ɛyɛ obu ne nidi kɛse a obi wɔ ma Ɔbɔadeɛ no. Ɛma yenya Onyankopɔn ho suro pa a ɛmma yɛnyɛ nea ɔmpɛ.

Susuw sɛnea hell ho nokwasɛm a Kathleen a wadi mfe 32 a na ɔnom nnubɔne hui no kaa n’asetena no ho hwɛ. Ná ɔtaa kɔ apontow ase, ɔyɛ basabasa, obu ne ho fɔ, na na obu brabɔne. Ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ me babea a wadi afe no a, na meka no me tirim sɛ, ‘Me ba yi asɛm yɛ mmɔbɔ! Eyi nti, wɔbɛhyew me wɔ hell.’” Kathleen bɔɔ mmɔden sɛ obegyae nnubɔnenom, nanso anyɛ yiye. Ɔkae sɛ: “Ná mepɛ sɛ meyɛ ade pa, nanso na biribiara a ɛrekɔ so wɔ m’asetena ne wiase no mu no yɛ awerɛhow paa. Na ɛte sɛ nea mfaso biara nni so sɛ mɛyɛ onipa pa.”

Afei Kathleen huu Yehowa Adansefo. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ hellgya biara nni hɔ. Nea Kyerɛwnsɛm no ka no tɔ asom paa. Hu a mihui sɛ wɔrenhyew me wɔ hell no maa me koma tɔɔ me yam paa.” Ɔsan huu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ nnipa bɛtena ase daa wɔ asase a abɔnefosɛm nni so mu. (Dwom 37:10, 11, 29; Luka 23:43) Ɔde anigye kae sɛ: “Afei manya anidaso ankasa—sɛ́ mɛtena ase daa wɔ Paradise!”

So Kathleen betumi agyae nnubɔnenom a ɛnyɛ hell ho suro nti na ɔreyɛ saa? Ɔkae sɛ: “Sɛ me kɔn dɔ paa sɛ mɛnom nnubɔne a, na mebɔ mpae srɛ Yehowa Nyankopɔn hɔ mmoa. Misusuw adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ subammɔne yi ho, na na mempɛ sɛ medi no huammɔ. Obuaa me mpaebɔ no.” (2 Korintofo 7:1) Esiane sɛ na Kathleen mpɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn mpɛ nti, ogyaee nnubɔnenom.

Nokwarem no, Onyankopɔn ho dɔ ne osuro pa a yɛwɔ ma no no na ebetumi akanyan yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anigye a ɛtena hɔ daa—ɛnyɛ ayayade a wɔbɛyɛ yɛn wɔ hell. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne obiara a osuro Yehowa na ɔfa n’akwan so.”—Dwom 128:1, American Standard Version.w08 11/1-E.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

HENANOM NA WOBEYI WƆN AFI HELL?

Esiane sɛ Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ Hela nsɛmfua abien—Geʹen·na ne Haiʹdes—nyinaa ase sɛ “hell” nti, ama nkurɔfo adwene atu afra. Wɔ Bible mu no, asɛmfua Geʹen·na kyerɛ ɔsɛe koraa a owusɔre ho anidaso biara nni mu. Nanso wɔn a wɔwɔ Haiʹdes, anaa Hades no de, wɔwɔ owusɔre ho anidaso.

Enti, bere a Yesu wui na wonyan no akyi no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretie no no sɛ “wɔannyaw [Yesu] wɔ hell.” (Asomafo Nnwuma 2:27, 31, 32; Dwom 16:10; King James Version) Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hell” wɔ nkyekyɛm yi mu ne Hela asɛmfua Haiʹdes. Yesu ankɔ baabi a wɔrehyew nkurɔfo. Ná Hades, anaa “hell,” yɛ adamoa. Nanso ɛnyɛ Yesu nkutoo na Onyankopɔn yi no fi Hades.

Ɛdefa owusɔre ho no, Bible ka sɛ: “Owu ne hell yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae.” (Adiyisɛm 20:13, 14, KJ) “Hell” a ɛbɛda mpan no bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn a obu wɔn sɛ wɔfata owusɔre no nyinaa asan anya nkwa. (Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛda yɛn anim sɛɛ yi—sɛ́ yebehu sɛ wɔanyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no afi adamoa mu! Yehowa, Onyankopɔn a ne dɔ nni ano no na ɔbɛyɛ eyi.