Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Dwen Me Ho?

So Onyankopɔn Dwen Me Ho?

So Onyankopɔn Dwen Me Ho?

Mmuae a wɔtaa de ma:

▪ “Onyankopɔn korɔn dodo sɛ obedwen me haw ho.”

▪ “Minye nni sɛ odwen me ho.”

Dɛn na Yesu kae?

▪ “Wɔtɔn nkasanoma anum gye nkaprɛ mma abien, ɛnyɛ saa? Nanso wɔn mu biako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no. Na mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa. Munnsuro; mosom bo sen nkasanoma bebree.” (Luka 12:6, 7) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho.

▪ “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” (Mateo 6:31, 32) Ná Yesu nim paa sɛ Onyankopɔn nim nea yehia.

BIBLE no ka no pefee sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. (Dwom 55:22; 1 Petro 5:7) Sɛ odwen yɛn ho a, ɛnde, dɛn nti na yehu amanne pii saa nnɛ? Sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na ɔwɔ tumi sen obiara a, dɛn nti na ɔnyɛ biribi mma amanehunu to ntwa?

Nnipa pii nnim nea enti a aba saa—Satan Ɔbonsam na ɔredi wiase bɔne yi so. Bere a Satan resɔ Yesu ahwɛ no, ɔkyerɛe sɛ ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no, na ɔkae sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho anuonyam bɛma wo, efisɛ wɔde ama me, na obiara a mepɛ no mede ma no.”—Luka 4:5-7.

Hena na ɔpaw Satan sɛ wiase no sodifo? Bere a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, tiee Satan na wɔpoo Onyankopɔn akwankyerɛ no, wɔde wɔn nneyɛe kyerɛe sɛ wɔapaw Satan sɛ wɔn sodifo. Efi bere a wɔtew atua no, Yehowa Nyankopɔn atɔ ne bo ase atwɛn ma ada adi sɛ Satan nniso adi nkogu koraa. Yehowa nhyɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsom no, nanso wabue hokwan ama yɛn sɛ yɛnsan mmra ne nkyɛn.—Romafo 5:10.

Esiane sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho nti, wayɛ nhyehyɛe sɛ Yesu mmegye yɛn mfi Satan nhyɛso ase. Ɛrenkyɛ, Yesu ‘betu nea otumi de owu ba a ɔne Ɔbonsam no agu.’ (Hebrifo 2:14) Ɔnam saayɛ so ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’—1 Yohane 3:8.

Asase yi bɛsan adan Paradise. Saa bere no, Onyankopɔn ‘bɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4, 5. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 11.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Asase yi bɛsan adan Paradise