Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn Yɛ Obi a Ɔwɔ Hɔ Ankasa?

So Onyankopɔn Yɛ Obi a Ɔwɔ Hɔ Ankasa?

So Onyankopɔn Yɛ Obi a Ɔwɔ Hɔ Ankasa?

Mmuae a wɔtaa de ma:

◼ “Ɔwɔ baabiara, na ɔwɔ biribiara mu. Ɔte sɛ mframa.”

◼ “Ɔyɛ obi a ne nyansa nni ano, na ɔyɛ tumi bi a wontumi nhu sɛnea ɔte.”

Dɛn na Yesu Kae?

◼ “Tenabea pii wɔ m’Agya fie.” (Yohane 14:2) Yesu kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ obi a ɔwɔ fie, anaasɛ ɔwɔ baabi a ɔte.

◼ “Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase. Bio nso merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.” (Yohane 16:28) Ná Yesu gye di sɛ Onyankopɔn yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɔwɔ baabi a ɔte.

YESU anka da sɛ Onyankopɔn yɛ tumi bi a wontumi nhu sɛnea ɔte. Mmom no, ɔne Onyankopɔn kasae, na ɔbɔɔ no mpae. Ná ɔtaa frɛ Yehowa sɛ ne soro Agya, na saa asɛm no ma yehu sɛ ɔbɛn Onyankopɔn paa.—Yohane 8:19, 38, 54.

Nokwasɛm ne sɛ, “onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn,” ne sɛ “Onyankopɔn yɛ Honhom.” (Yohane 1:18; 4:24) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ onni nipadua anaa nipasu. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ honam nipadua wɔ hɔ a, honhom nipadua nso wɔ hɔ.” (1 Korintofo 15:44) So Yehowa wɔ honhom nipadua?

Yiw. Bere a wonyanee Yesu no, “ɔkɔɔ ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Eyi ma yehu Onyankopɔn ho nokwasɛm abien a ɛho hia. Nea edi kan no, ɔwɔ baabi a ɔte. Nea ɛto so abien no, Onyankopɔn nyɛ tumi a enni nipasu a ɔwɔ baabiara, na mmom ɔyɛ Obi ankasa a ɔwɔ hɔ.

Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn tumi adu baabiara? Onyankopɔn betumi asoma ne honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi akɔ baabiara wɔ amansan yi mu. Sɛnea agya bi teɛ ne nsa so ne mma mu, kyekye wɔn werɛ na ɔboa wɔn no, saa ara na Onyankopɔn de ne honhom kronkron di dwuma ma n’atirimpɔw ba mu.—Dwom 104:30; 139:7.

Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ Obi a ɔwɔ hɔ ankasa nti, ɔwɔ nipasu, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, na ɔwɔ nkate nso. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔdɔ n’asomfo, n’ani gye ne nnwuma ho, okyi abosonsom, na odi yaw wɔ nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so no ho. (Genesis 6:6; Deuteronomium 16:22; 1 Ahene 10:9; Dwom 104:31) Wɔ 1 Timoteo 1:11 no, wɔka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ yebetumi afi yɛn koma nyinaa mu adɔ Onyankopɔn a ɔte saa!—Marko 12:30. *

[Ase hɔ asɛm]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Sɛnea agya bi teɛ ne nsa so ne ba mu no, saa ara na Onyankopɔn de ne honhom kronkron di dwuma ma n’atirimpɔw ba mu