Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

Yɛde Anigye To Nsa Frɛ Wo

EBIA woatwam afa Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no anim pɛn, na wubisaa wo ho sɛ, dɛn na wɔyɛ wɔ hɔ. So na wunim sɛ obiara betumi akɔ wɔn nhyiam a wɔyɛ no dapɛn biara no bi? Wɔto nsa frɛ obiara sɛ ɔmmra bi.

Nanso, ebia na wowɔ nsɛmmisa bi a wopɛ sɛ wunya ho mmuae. Dɛn nti na Yehowa Adansefo hyiam? Dɛn na wɔyɛ wɔ wɔn nhyiam ahorow no ase? Na dɛn na wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo a wɔakɔ bi no aka afa wɔn nhyiam no ho?

“Mommoaboa Ɔman no Nyinaa Ano”

Nnipa fi teteete aboaboa wɔn ho ano asom Onyankopɔn asua ne ho ade. Bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni no, wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mommoaboa ɔman no nyinaa ano, mmarima ne mmea ne mmofra ne ahɔho a wɔwɔ mo kurom nyinaa, na wontie na wonsua na wonsuro Yehowa mo Nyankopɔn, na wonni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.” (Deuteronomium 31:12) Enti, wɔ Israel no, na wɔkyerɛkyerɛ mmofra ne mpanyimfo nyinaa sɛ wɔnsom Yehowa Nyankopɔn na wontie no.

Bɛyɛ mfe 1,500 akyi bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, nhyiam kɔɔ so yɛɛ nokware som mu ade titiriw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran.” (Hebrifo 10:24, 25) Sɛnea sɛ abusuafo hyiam a ɛhyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den no, saa ara na sɛ Kristofo hyiam som a, ɔdɔ a ɛwɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn ntam no nso mu yɛ den.

Yehowa Adansefo hyiam wɔ wɔn Ahenni Asa so mprenu dapɛn biara ma ɛne Kyerɛwnsɛm a yɛaka ho asɛm yi hyia. Nhyiam ahorow yi boa wɔn a wɔkɔ no ma wɔkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow ho anisɔ, wɔte ase, na wɔde yɛ adwuma. Sɛ biribiara kɔ pɛpɛɛpɛ a, wosua ade biako wɔ wiase nyinaa, na ɛsono nhyiam no mu biara atirimpɔw. Ansa na wobefi nhyiam no ase ne bere a wɔapɔn no, wɔn a wɔkɔ nhyiam ahorow no bɔ nkɔmmɔ ‘de hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.’ (Romafo 1:12) Dɛn na ɛkɔ so wɔ nhyiam ahorow yi ase?

Ɔkasa a Egyina Bible So

Nhyiam a edi kan a nnipa dodow no ara taa kɔ ne ɔkasa a egyina Bible so a wɔma kyerɛ ɔmanfo no. Wɔtaa ma no dapɛn awiei. Ná Yesu Kristo taa ma baguam ɔkasa—emu bi ne Bepɔw so Asɛnka a nnipa pii nim no. (Mateo 5:1; 7:28, 29) Ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ Atene mmarima. (Asomafo Nnwuma 17:22-34) Yehowa Adansefo di Yesu ne Paulo nhwɛso no akyi, na wɔma baguam ɔkasa a wɔahyɛ da asiesie ama ɔmanfo wɔ wɔn nhyiam ase. Ɔmanfo no mu binom wɔ hɔ a, ebia ɛno ne bere a edi kan a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam.

Wɔde dwom a ɛwɔ Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa * nhoma no mu na efi nhyiam no ase. Wɔhyɛ wɔn a wɔba nhyiam no a wobetumi agyina hɔ ato dwom no nyinaa nkuran ma wɔyɛ saa. Sɛ wɔbɔ mpae tiawa wie a, ɔkasafo a ne ho akokwaw de simma 30 ma ɔkasa. (Hwɛ adaka  “Baguam Ɔkasa Horow a Mfaso Wɔ So.”) Ɔkasafo no de ne kasa no nyinaa gyina Bible so. Ɔtaa ma atiefo no bue wɔn Bible mu di n’akyi bere a ɔrekenkan no. Enti wubetumi de wankasa Bible aba, anaa wubetumi abisa Yehowa Adansefo no mu bi ma wama wo Bible ansa na woakɔ nhyiam no.

Ɔwɛn-Aban Adesua

Wɔ Yehowa Adansefo asafo dodow no ara mu no, sɛ wɔma baguam ɔkasa no wie a, wɔde Ɔwɛn-Aban Adesua toa so. Ɔwɛn-Aban Adesua no yɛ nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina Bible so a wɔde dɔnhwerew biako yɛ. Saa nhyiam yi hyɛ wɔn a wɔba no nkuran ma wodi Beroiafo a na wɔwɔ Paulo bere so a ‘wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na wɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ no nhwɛso akyi.—Asomafo Nnwuma 17:11.

Wɔto dwom de fi Ɔwɛn-Aban Adesua no ase. Asɛm a wosusuw ho no ne nsɛmmisa a nea ɔhwɛ so no bisa no wɔ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no mu. Wubetumi agye bi afi Yehowa Ɔdansefo bi hɔ. Nsɛm a wɔasusuw ho nnansa yi bi ne: “Awofo—Montete Mo Mma wɔ Ɔdɔ Mu,” “Mommfa Bɔne Ntua Obiara Bɔne So Ka,” ne “Nea Enti a Ɛrenkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa.” Ɛwom sɛ adesua no yɛ asɛmmisa ne mmuae de, nanso wɔnhyɛ obiara sɛ ɔmma mmuae. Wɔn a wɔadi kan akenkan adesua no mu nsɛm na wɔasusuw kyerɛwsɛm a ɛwom no ho no na wɔtaa ma mmuae. Wɔde dwom ne mpaebɔ na ewie nhyiam no.—Mateo 26:30; Efesofo 5:19.

Asafo Bible Adesua

Dapɛn biara, Yehowa Adansefo san hyiam anwummere wɔ Ahenni Asa so pɛnkoro yɛ dwumadi a ɛwɔ afã abiɛsa a egye dɔnhwerew 1 ne simma 45. Ɔfã a edi kan no yɛ Asafo Bible Adesua, na ɛno gye simma 25. Ɛboa wɔn a wɔba no ma wohu Bible mu nsɛm yiye, ɛma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii mu, na ɛma wotu mpɔn sɛ Kristo asuafo. (2 Timoteo 3:16, 17) Wɔyɛ eyi nso te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no, na ɛyɛ nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a egyina Bible mu asɛm bi so. Wɔn a wɔma mmuae no fi wɔn pɛ mu na wɔyɛ saa. Nhoma a wɔde yɛ adesua no taa yɛ Bible ho nhoma anaa nhomawa a Yehowa Adansefo atintim.

Dɛn nti na wɔde Bible ho nhoma di dwuma wɔ nhyiam no ase? Tete no, na wɔnkenkan Onyankopɔn Asɛm no kɛkɛ. Ná ‘wɔkyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ yiye, na wɔboa ma wonyaa akenkan no mu ntease.’ (Nehemia 8:8) Ɛnnɛ mmere mu nso, nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Yesaia, Daniel, ne Adiyisɛm nhoma no mu aboa wɔn a wɔkɔ saa nhyiam yi ma wɔate Bible no afã ahorow yi ase yiye.

Teokrase Ɔsom Sukuu

Sɛ wowie Asafo Bible Adesua no a, wɔde Teokrase Ɔsom Sukuu no toa so. Saa nhyiam a wɔde simma 30 yɛ yi boa Kristofo ma wɔn ‘nkyerɛkyerɛ tu mpɔn.’ (2 Timoteo 4:2) Sɛ nhwɛso no, so wo ba anaa w’adamfo bi abisa wo asɛm bi a ɛfa Onyankopɔn anaa Bible ho ma ayɛ den ama wo sɛ wobɛma no mmuae a ɛtɔ asom? Teokrase Ɔsom Sukuu no betumi aboa wo ma woatumi de Bible no abua nsɛmmisa a ɛyɛ den de ahyɛ afoforo nkuran. Enti yebetumi aka nsɛm a odiyifo Yesaia kae yi bi: “Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa ama me asuafo tɛkrɛma na mahu asɛm a mede bebua nea wabrɛ.”—Yesaia 50:4.

Wɔde ɔkasa a egyina Bible no fã bi so a wɔhyɛɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no bi nkuran wɔ dapɛn a etwaam nhyiam ase sɛ wɔnkenkan no na efi Teokrase Ɔsom Sukuu no ase. Sɛ ɔkasafo no de ne nkyerɛkyerɛmu ma wie a, ɔfrɛ atiefo no ma wɔn nso ka nea wɔhyɛɛ no nsow wɔ akenkan no mu a ɛso bɛba wɔn mfaso no ho asɛm tiawa. Sɛ wowie ɔfã yi a, afei sukuufo no mu bi yɛ wɔn dwumadi kyerɛ asafo no.

Wɔma sukuufo no mu bi Bible no fã bi ma ɔkenkan wɔ asɛnka agua no so, na wɔma wɔn mu bi nso Kyerɛwnsɛm mu asɛmti bi ma ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ obi foforo. Sɛ wɔyɛ dwumadi no mu biara wie a, ofotufo a ne ho akokwaw kamfo osuani no wɔ nea ɔbɔɔ ne ho mmɔden wom no ho, na ɔde n’afotu no gyina Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no so. Ɛno akyi no, otumi de nyansahyɛ a ɛbɛma osuani no atu mpɔn ma no wɔ kokoam.

Ɛnyɛ sukuufo no nkutoo na wonya dwumadi a nnipa pii nya mu kyɛfa wɔ bere tiaa mu no so mfaso, na mmom, atiefo a wɔpɛ sɛ wɔn akenkan, wɔn kasa, ne wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn no nso nya so mfaso. Sɛ wowie Teokrase Ɔsom Sukuu no a, wɔde dwom a emu nsɛm fi Bible mu fi Ɔsom Nhyiam no ase.

Ɔsom Nhyiam

Dwumadi no fã a etwa to ne Ɔsom Nhyiam. Wɔn a wɔkɔ Ɔsom Nhyiam no nam ɔkasa a wɔma, ɔyɛkyerɛ, nsɛm a wobisabisa afoforo, ne mmuae ahorow a wɔma no so sua sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nokware no yiye. Ansa na Yesu resoma n’asuafo ma wɔakɔka asɛm no, ɔboaboa wɔn ano maa wɔn akwankyerɛ a edi mu. (Luka 10:1-16) Bere a Yesu siesiee wɔn maa asɛnka adwuma no wiei no, wonyaa osuahu a ɛyɛ anigye pii. Akyiri yi, Yesu asuafo no bɛkaa nea esii nyinaa kyerɛɛ no. (Luka 10:17) Ná asuafo no taa ka wɔn suahu ahorow kyerɛ wɔn ho wɔn ho.—Asomafo Nnwuma 4:23; 15:4.

Wɔde Ɔsom Nhyiam a wɔyɛ no simma 35 no ho akwankyerɛ ba krataa bi a wotintim no ɔsram biara a wɔato din Yɛn Ahenni Som no mu. Nsɛm a woasusuw ho nnansa yi bi ne: “Yehowa a Yɛbɛsom No sɛ Abusua,” “Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii,” ne “Suasua Kristo wɔ W’asɛnka Adwuma no Mu.” Wɔto dwom de wie na afei wɔma asafo no muni bi bɔ mpae de pɔn nhyiam no.

Nsɛm a Wɔn a Wɔaba Bi no Aka

Asafo ahorow no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obiara a ɔba nhyiam no bi no ani agye. Sɛ nhwɛso no, na Andrew ate nsɛm a ɛnyɛ nokware pii afa Yehowa Adansefo ho. Nanso, bere a edi kan a ɔkɔɔ nhyiam no bi no, wogyee no fɛw so ma ɛyɛɛ no nwonwa. Andrew ka sɛ: “Ná ɛhɔ yɛ anigye paa. Sɛnea nkurɔfo no pɛ nnipa ne sɛnea wɔkyerɛɛ me ho anigye no maa me ho dwiriw me yiye.” Abeawa bi a wɔfrɛ no Ashel a ɔwɔ Canada no nso kae sɛ: “Ná nhyiam no yɛ anigye ankasa! Na na nsɛm a wɔka no mu da hɔ.”

Ná José a ɔwɔ Brazil no agye dimmɔne wɔ ne mpɔtam sɛ obi a odi aturuturasɛm. Sɛnea na ɔte nyinaa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no ma ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ baabi a ɔte no. Ɔka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na wɔn a wɔwɔ Ahenni Asa no so nim nnipa ko a meyɛ no, wogyee me fɛw so.” Atsushi a ɔwɔ Japan no ka sɛ: “Sɛ mɛka nokware paa a, bere a edi kan a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam no, mihui sɛ matɔ mu. Nanso, mihui sɛ nkurɔfo yi yɛ nnipa pa. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma m’ani agye.”

Yɛto Nsa Frɛ Wo

Sɛnea nsɛm a nkurɔfo yi aka no kyerɛ no, nhyiam ahorow a wobɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no betumi ama w’ani agye paa. Wubesua Onyankopɔn ho ade, na Yehowa Nyankopɔn nam nsɛm a efi Bible mu a wobɛte wɔ hɔ no so ‘bɛkyerɛ wo nea eye ma wo.’—Yesaia 48:17.

Wonnyigye sika biara wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase. So w’ani begye sɛ wobɛkɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ baabi a wote no? Ɛnde, yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ yɛ saa.—w09 02/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintim nhoma ahorow a wɔaka ho asɛm no nyinaa.

[Adaka wɔ kratafa 28]

 Baguam Ɔkasa Horow a Mfaso Wɔ So

Wɔpaw ɔkasa a egyina Bible so a wɔma no fi Kyerɛwsɛm mu nsɛmti bɛboro 170 mu, na emu bi ne nea edidi so yi:

◼ Nnipa Fibea—so Nea Wugye Di Ho Hia?

◼ Onyankopɔn Adwene Wɔ Nna ne Aware Ho

◼ Asase a Wɔsɛe no De Onyankopɔn Atemmu Ba

◼ Asetram Dadwen Ahorow Ano a Wobegyina

◼ So Asetra Yi Ara Ni?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔkasa a egyina Bible so

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Ɔwɛn-Aban” Adesua

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Asafo Bible Adesua

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Teokrase Ɔsom Sukuu

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Ɔsom Nhyiam