Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Obi Dwen Me Ho Ankasa?

So Obi Dwen Me Ho Ankasa?

So Obi Dwen Me Ho Ankasa?

So woate nka pɛn sɛ woayɛ ankonam a wunni boafo, na ɛte sɛ nea obiara nte nea ɛhaw wo no ase? Ebia wote nka sɛ sɛ wonim nea ɛhaw wo mpo a, wɔnnwen wo ho ankasa.

SƐ YEHYIA nsɛnnennen a, yebetumi ate nka sɛ ɛremma awiei da. Ɛtɔ da a, yebetumi aka mpo sɛ nea ato yɛn no ano yɛ den, na ɛyɛ yaw araa ma yɛrentumi nnyina ano bio. Ɛtaa ba saa bere a nneɛma haw yɛn adwene mmoroso, yɛahyia akwanhyia bi, ɔyare bi abɛtena yɛn so a yɛkõ a ɛnkɔ, anaasɛ biribi a ɛte saa ato yɛn no. Yɛn abam betumi abu ma yɛate nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee ma enti awerɛkyekye ntumi mfi baabiara mma. So obi dwen yɛn ho ankasa?

“Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” no Dwen Yɛn Ho

Wɔka Onyankopɔn ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ɔyɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3) Onyankopɔn a ne din de Yehowa no nim sɛ yehia awerɛkyekye. Bible de asɛmfua “awerɛkyekye” di dwuma bɛboro mpɛn ɔha wɔ akwan ahorow so, na eyi ma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn tebea ase, na ɔpɛ nso sɛ ɔkyekye yɛn werɛ. Eyi a yɛahu no ma yenya ahotoso sɛ, sɛ afoforo nhu yɛn haw, wɔnte yɛn ase, anaasɛ wonnwen yɛn ho mpo a, Yehowa Nyankopɔn de, onim na ɔte yɛn ase.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ho sɛ ankorankoro no da adi pefee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Bible ka sɛ: “Yehowa aniwa wɔ baabiara; ɛhwɛ abɔnefo ne apapafo nyinaa.” (Mmebusɛm 15:3) Saa ara nso na yɛkenkan wɔ Hiob 34:21 sɛ: “N’ani tua onipa akwan, na n’anammɔn nyinaa ohu.” Yehowa hu nea yɛyɛ nyinaa, papa oo, bɔne oo, ohu, na onim tebea a yɛwom nyinaa, na obetumi adi ho dwuma wɔ bere a ɛfata mu. Yehu nokwasɛm yi wɔ asɛm a odiyifo Hanani a na ɔsom Yuda hene Asa kae no mu. Ɔkae sɛ: “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho” no.—2 Beresosɛm 16:7, 9.

Biribi foforo nti na Yehowa hwɛ yɛn. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Yehowa dwen nnipa ho araa ma enti, ɔhwehwɛ yɛn komam sɛ obehu sɛ yɛn ani gye Ne som ho anaa. Sɛ ohu saa a, obetumi aboa yɛn wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Dominican Republic no, ná ɔbea bi yare kokoram ma wɔagye no ato ayaresabea rebɛyɛ no oprehyɛn. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma onhu nokware som. Ankyɛ na ne kunu de nhomawa bi a wɔato din Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? * brɛɛ no. Ɛyɛ Yehowa Dansefo bi a ɔbaa ne fie anɔpa no na ɔde maa ne kunu no. Ɔbea no kenkan nhomawa no, na ohui sɛ Onyankopɔn abua ne mpaebɔ. Ɔmaa Ɔdansefo no ne no yɛɛ Bible adesua, na bɛyɛ asram asia mu no, ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn na wɔbɔɔ no asu.

Wɔ Nnwom nhoma a ɛwɔ Bible mu no, yenya nsɛm a ɛka koma pii a tete Hebri nnwontofo te sɛ Ɔhene Dawid toe a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛ n’asomfo no mu. Yehu adesrɛ bi a Ɔhene Dawid de too Onyankopɔn anim wɔ Dwom 56:8. Ɔkae wɔ dwom no mu sɛ: “Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?” Sɛnea mfatoho yi kyerɛ no, na Dawid nim sɛ ɛnyɛ n’amanehunu nkutoo na na Yehowa nim, na mmom na onim sɛnea na ɔte nka nso. Ná Yehowa nim Dawid amanehunu, na ɔkaee nea Dawid faa mu a ɛma osui no. Nokwarem no, yɛn Bɔfo no hu wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nyinaa, “wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho” no.

Bible mu asɛm foforo a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn adɔe mu ne Dwom a ɛto so 23 a nkurɔfo nim emu nsɛm yiye no. Dwom no nnianim nsɛm no de Onyankopɔn toto oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ ho. Ɛka sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.” Wɔ aman a ɛwɔ Mediterranea Apuei fam mu no, nguanhwɛfo binom hwɛ wɔn nguan yiye araa ma wɔtoto wɔn mu biara din mpo. Da biara oguanhwɛfo no frɛ ne nguan no na ɔde ne nsa fofa wɔn ho hwɛ sɛ wɔn mu bi apira anaa. Sɛ ohu sɛ oguan bi apira a, ɔde ngo anaa srade srasra so na ama kuru no awu ntɛm. Sɛ oguan bi yare a, oguanhwɛfo no bue n’anom hwie aduru gu mu, na oso ne mu gyina hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenna hɔ nwu. Eyi yɛ mfatoho a ɛfata a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa dwen wɔn a wɔba ne nkyɛn no ho no mu yiye.

Mpaebɔ ne Owusɔre—Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho

Wɔankyerɛw dwom yi ne nnwom afoforo a ɛyɛ dɛ a ɛwɔ Bible mu no sɛ yɛnkenkan mfa nye yɛn ani kɛkɛ. Mmom no, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no fi wɔn koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae de hwehwɛɛ Ne mmoa na wɔde aseda mae wɔ akwankyerɛ ne nhyira a wonya fii ne hɔ no ho. Nsɛm a ɛte saa a Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no kae no da no adi pefee sɛ na wogye di sɛ Onyankopɔn dwen wɔn ho. Sɛ yɛkenkan nsɛm a ɛka koma yi na yedwennwen ho a, ɛbɛboa ma yɛn nso yɛakamfo Onyankopɔn saa ara. Hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɔ mpae no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho.

Nanso ɛtɔ mmere bi a, yɛn haw hyɛ yɛn so araa ma yenhu sɛnea yɛbɛbɔ ho mpae mpo. So eyi kyerɛ sɛ Yehowa ntumi nhu yɛn haw no? Romafo 8:26 bua sɛ: “Honhom no nso di boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu; efisɛ nea ehia sɛ yɛbɔ ho mpae sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, yennim, nanso honhom no ara srɛ ma yɛn, apini a empue ho.” Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ mpae a Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no bɔe a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no betumi aka sɛnea yɛte nka no na ama Yehowa a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no atie yɛn.—Dwom 65:2.

Owusɔre anidaso no nso yɛ adanse foforo a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn mu biara ho. Yesu Kristo kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne [Yesu] nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Wɔkyerɛɛ Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no ase yiye sɛ “nkae ada” sen sɛ anka wɔbɛkyerɛ ase sɛ “adamoa.” Ntease a ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn kae onipa a wawu no asetena mu nsɛm nyinaa.

Wo de susuw ho hwɛ, sɛ Onyankopɔn benyan obi aba nkwa mu a, ɛsɛ sɛ ohu onipa no ho biribiara, a sɛnea na ɔte, ne nipasu, ne ne nimdeɛ nyinaa nso ka ho! (Marko 10:27) Sɛ onipa no awu mfe mpempem pii a atwam ni mpo a, Onyankopɔn were remfi no. (Hiob 14:13-15; Luka 20:38) Enti Yehowa Nyankopɔn kae nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no ho biribiara. Eyi yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn mu biara ho!

Yehowa Yɛ Ɔkatuafo

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn afi ɔdɔ mu adwen yɛn ho? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso, yetie no, na yegye no di nso. Ɔsomafo Paulo ma yehu abusuabɔ a ɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi a yebenya ne sɛnea odwen yɛn ho no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Hyɛ no nsow sɛ, gyidi a ɛsɔ Onyankopɔn ani no wɔ afã abien. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘yegye di sɛ ɔwɔ hɔ,’ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔne yɛn Sodifo Pumpuni a ɛfata sɛ yetie no na yɛsom no. Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ “ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.” Nea gyidi mapa kyerɛ ne sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn dwen wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nyinaa ho, na ɔyɛ wɔn katuafo. Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm na wo ne wɔn a wotie no no bɔ a, wo nso wubetumi anya gyidi a ɛbɛma woanya akatua afi Onyankopɔn hɔ, na wafi ɔdɔ mu adwen wo ho.

Ɛnnɛ, nnipa pii gye di sɛ obiara asɛm mfa Onyankopɔn ho. Nanso sɛnea yɛahu no, Bible no ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn dwen wɔn a wɔkyerɛ ne mu gyidi ankasa no ho paa. Ɛwom sɛ nnɛ ɔhaw, adwennwen, huammɔdi, ne yawdi ahyɛ asetena mu ma de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Yehowa Nyankopɔn dwen yɛn ho. Nokwarem no, ofi ɔdɔ mu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ne nkyɛn na ɔbɛboa yɛn. Odwontofo no ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.”—Dwom 55:22.—w09 06/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

Kyerɛwnsɛm a Ɛbɛhyɛ Wo Gyidi Den Ma Woahu Sɛnea Yehowa Fi Ɔdɔ mu Dwen Wo Ho

“Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.”—2 BERESOSƐM 16:9

“Fa me nusu gu wo kotoku mu. Enni wo nhoma mu anaa?”—DWOM 56:8

“Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.”—DWOM 23:1

“O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.” —DWOM 65:2

“Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.”—HIOB 14:15

“Ɛsɛ sɛ nea ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—HEBRIFO 11:6

“Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.”—DWOM 55:22