Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Nnipa Yɛ Nneɛma Bɔne?

Dɛn Nti Na Nnipa Yɛ Nneɛma Bɔne?

Dɛn Nti Na Nnipa Yɛ Nneɛma Bɔne?

ADE biako bi wɔ hɔ a nnipa kakraa bi na wobegye ho kyim: Ɛne sɛ yɛn nyinaa tɔ sin ma enti yedi mfomso na yɛyɛ nneɛma a akyiri yi yenu yɛn ho wɔ ho. Nanso, so eyi na ɛma nnipa yɛ nneɛma bɔne akɛse ne nketewa, a ɛkame ayɛ sɛ yehu anaa yɛte ho asɛm da biara wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no?

Ɛwom sɛ nnipa tɔ sin de, nanso nkurɔfo taa gye tom sɛ yɛwɔ abrabɔ ho mmara a ɛnsɛ sɛ yebu so da, ma ɛno nti nnipa betumi agyae nneɛma bɔne a wɔyɛ no. Nnipa dodow no ara nso begye atom ntɛm sɛ ɛsono atoro a obi anhyɛ da na odii ɛnna ɛsono ntwiri, afei nso, ɛsono pira a wɔanhyɛ da na wopira obi ɛnna ɛsono awu a wɔhyɛ da di. Nanso ɛte sɛ nea nnipa a wɔba fam a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no na wɔtaa yɛn nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw. Dɛn ntia? Dɛn nti na nnipa yɛ nneɛma bɔne?

Bible no ma yehu eyi. Ɛka nneɛma atitiriw nti a nnipa yɛ nneɛma wɔ akwan a wonim sɛ enye so ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Susuw nea ɛka no ho.

▪ “Nhyɛso tumi ma onyansafo yɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo.”ƆSƐNKAFO 7:7.

Bible no ka sɛ ɛtɔ mmere bi a, nsɛm tebea hyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ biribi a anka wɔrenyɛ. Ebia ebinom mpo bedi nsɛmmɔne de abɔ mmɔden ayɛ biribi a wobu no sɛ ɛyɛ amanehunu ne nsisi ano aduru. Urban Terrorism nhoma no ka sɛ: “Mpɛn pii no, ade titiriw a ɛma obi di amumɔyɛsɛm ne amammui, asetena, ne sikasɛm mu ɔhaw a ohu sɛ ɛyɛ den sɛ wobetumi adi ho dwuma no.”

▪ “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.”1 TIMOTEO 6:10.

Wɔka asɛm bi sɛ, Sika sɛe onipa pa. Ɛkyerɛ sɛ, sɛ wɔma nnipa papa mpo sika pii a, ebetumi ama wɔabu abrabɔ pa ho mmara so. Ɛte sɛ nea ebinom a wɔpɛ nnipa na wɔwɔ ayamye no sakra yɛ wɔn a wɔmpɛ nnipa bere a wohu sika no. Susuw nsɛmmɔne pii a adifudepɛ ma wodi no ho. Ebi ne ahunahuna, dwowtwa, amimdi, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie ne awudi mpo.

▪ “Nnebɔne a wommu ho atɛn ntɛm nti, nnipa mma ayɛ wɔn adwene sɛ wobedi bɔne.”ƆSƐNKAFO 8:11.

Saa kyerɛwsɛm no da no adi sɛ nnipa kura adwene a ɛne sɛ obi betumi ayɛ biribiara na wafa ne ho adi bere a wɔnhwɛ mma wonni mmara so no. Saa na nnipa a wɔde afiri tu mmirika mmoroso, wowia sɔhwɛ mu, wodi ɔman no sika, na wɔyɛ nneɛma a ɛsen saa no yɛ wɔn ade. Sɛ wɔnhwɛ mma wonni mmara so bere nyinaa, anaasɛ sɛ nnipa nsuro sɛ wɔyɛ bɔne a wɔbɛkyere wɔn a, ebetumi ahyɛ wɔn a wɔtaa di mmara so no nkuran ma wɔayɛ nneɛma a anka wɔrenyɛ. Arguments and Facts nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛte sɛ nea fa a nsɛmmɔnedifo fa wɔn ho di ntɛm no hyɛ ɔmanfo nkuran ma wodi nsɛmmɔne a ɛsen biara.”

▪ “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.”YAKOBO 1:14, 15.

Nnipa nyinaa betumi anya adwene a ɛnteɛ. Da biara yɛte nyansahyɛ pii na yehyia sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma yɛayɛ bɔne. Wɔka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ hɔ wɔ bere a Bible ka ho asɛm no mu sɛ: “Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.” (1  Korintofo 10:13) Ɛte saa mpo de, nanso nea obi paw—sɛ́ ebia oyi nsusuwii bɔne fi ne tirim ntɛm anaasɛ ɔma ɛtena mu no na ɛkyerɛ nea ebefi mu aba. Atifi hɔ kyerɛwsɛm a efi Yakobo krataa a ɔnam honhom so kyerɛwee no mu no bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ obi ma akɔnnɔ bɔne “nyinsɛn a,” akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma wayɛ nneɛma bɔne.

▪ “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.”MMEBUSƐM 13:20.

Sɛnea ɛte biara no, yɛn nnamfo betumi anya yɛn so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. Esiane atipɛnfo nhyɛso nti, mpɛn pii no, nkurɔfo taa yɛ biribi a anka wɔmpɛ sɛ wɔyɛ, anaasɛ sɛnea nnipa pii ka no, sɛ wofa fekuw bɔne a, ɔhaw fi mu ba. Wɔ Bible mu no, “nkwasea” nyɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom wɔn a wontie Onyankopɔn Asɛm mu afotu a nyansa wom no. Sɛ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, sɛ yɛannyina Bible no so ampaw yɛn nnamfo ne wɔn a yɛne wɔn bɔ no wɔ nyansam a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ “ebewie yɛn bɔne.”

Bible mu nsɛm yi ne afoforo pii kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa—ebia wɔn a wɔba fam yɛ nneɛma bɔne, mpo nea ɛma afoforo ho dwiriw wɔn. Ɛwom sɛ ɛboa yɛn ma yehu tumi a epiapia nnipa ma wɔyɛ nneɛma bɔne no de, nanso so anidaso bi wɔ hɔ sɛ nneɛma bɛsakra ma ayɛ yiye? Yiw, efisɛ ɛnyɛ nea enti a nnipa yɛ nneɛma bɔne nkutoo na Bible kyerɛkyerɛ mu, na mmom ɛhyɛ bɔ nso sɛ saa nneɛma bɔne no befi hɔ. Ɛyɛ bɔhyɛ ahorow bɛn? So nneɛma bɔne a ɛkɔ so wɔ wiase no mu bɛba awiei ampa? Asɛm a edi hɔ no de mmuae ma.