Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: WUBETUMI ANYA ASETENA A AKOMATƆYAM WOM

Yebetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom Anaa?

Yebetumi Anya Asetena a Akomatɔyam Wom Anaa?

“Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson; na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe, nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã.”—Dwom 90:10.

SAA asɛm no yɛ nokware paa! “Ɔhaw ne amanehunu” taa to yɛn wɔ wiase a yɛte mu yi mu. Ebia woabisa pɛn sɛ, ‘Enti yebetumi anya asetena a akomatɔyam wom ni?’

Ma yɛnhwɛ Maria asɛm yi. Ná osi pi si ta, na na otumi kɔ baabiara a ɔpɛ, nanso seesei wadi mfe 84, na waka dan mu. N’adwenem da hɔ nanso onni ahoɔden bio. Wohwɛ tebea a waba mu yi a, ɛbɛyɛ dɛn na wate nka sɛ ɔwɔ abotɔyam?

Wo nso ɛ? Ebetumi aba sɛ wo nso woadwen ho pɛn sɛ wubetumi anya asetena a abotɔyam wom anaa. Ebia adwuma a woyɛ no yɛ den dodo anaa afono wo. Ebia obiara nhu adwuma a woyɛ no mpo. Sɛ adwuma no kɔ yiye ma wo nnɛ mpo a, wunnim nea ɛbɛto wo daakye. Ɛtɔ da bi nso a, wubehu sɛ woayɛ ankonam anaa adwennwene da wo so. Ebia ntɔkwaw ne akasakasa pii wɔ w’abusua mu. Ebia na owu afa wo dɔfo bi yayaayaw. Ná André ne ne papa kã paa, nanso prɛko pɛ na ne papa no yare wui. Asɛm no bubuu André pasaa na ɛyɛɛ no sɛ awerɛhow kɛse a ato no no de, ɛremfi ne so da.

Sɛ ɔhaw bɛn mpo na ato yɛn a, asɛm bi wɔ hɔ a ehia paa sɛ yenya ho mmuae; ɛne sɛ: Enti yebetumi anya asetena a abotɔyam wom ni? Sɛ yɛhwɛ ɔbarima bi a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 2,000 ni a, yebetumi anya asɛm no ho mmuae; saa ɔbarima no ne Yesu Kristo. Ɔhaw ne amanehunu a ɛtotoo Yesu wɔ n’asetena mu nyinaa akyi no, otumi nyaa akomatɔyam. Enti sɛ yesuasua sɛnea ɔbɔɔ ne bra a, yɛn nso yebetumi anya akomatɔyam