Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

Yehowa “Nhwɛ Nnipa Anim”

Yehowa “Nhwɛ Nnipa Anim”

Nnipa mu nyiyim; obi de bi adi wo da? Abusua a wufi mu anaa biribi foforo nti, obi ahwɛ wo ho abu wo animtiaa de biribi akame wo pɛn? Sɛ ɛte saa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko ara na ebi ato wo. Anigyesɛm ne sɛ, animtiaabu a abu so wɔ asase so no, Onyankopɔn remma abɔfo a wɔwɔ soro no kwan mma wɔnyɛ saa da. Kristoni ɔsomafo Petro de ahotoso kae sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.”—Kenkan Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Baabi a Petro kaa asɛm no, na obiara nhwɛ kwan sɛ ɛhɔ na ɔbɛka no; ɔkaa asɛm no wɔ Amanaman muni bi a ne din de Kornelio fie. Ná Petro yɛ Yudani, na ne bere so no, na Yudafo bu Amanaman mufo sɛ wɔn ho ntew, enti wɔmfata sɛ wɔne wɔn bɛbom ayɛ biribiara. Sɛ saa a, ɛnde Petro kɔyɛɛ dɛn wɔ Kornelio fie? Nea ɛwom ara ne sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔsomaa no kɔɔ hɔ. Petro nyaa anisoadehu bi, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Mfrɛ nneɛma a Onyankopɔn atew ho sɛ ɛho agu fĩ.” Ná Kornelio nso anya anisoadehu bi ama ɔbɔfo aka akyerɛ no sɛ ɔnsoma nkɔfrɛ Petro, nanso Petro de, na onnim nea ɛrekɔ so. (Asomafo Nnwuma 10:1-15) Bere a Petro hui sɛ Yehowa nsa wom no, wantumi anka n’ano antom.

Petro kae sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.” (Asomafo Nnwuma 10:34) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase Onyankopɔn “nhwɛ nnipa anim” no, ɔbenfo bi kaa ho asɛm sɛ: “Ayɛ sɛ ɔtemmufo bi a ɔredi obi asɛm na ɔnhwɛ nea asi no ho mmu no atɛn, na mmom ɔhwɛ onipa no anim hwɛ sɛ ɔpɛ n’asɛm anaa ɔmpɛ n’asɛm, na ɛno na ogyina so bua asɛm no.” Onyankopɔn de, sɛ obi yɛ kɔkɔɔ oo, ɔyɛ tuntum oo, sɛ ofi he oo, ofi he oo, sɛ ɔte sɛn oo, ɔte sɛn oo, ɔnhwɛ obiara anim.

Mmom no, Yehowa hwɛ yɛn komam. (1 Samuel 16:7; Mmebusɛm 21:2) Petro toaa so sɛ: “Ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:35) Yɛka sɛ obi suro Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ onipa no bu Onyankopɔn, odi no ni, ogye no di na ɔnyɛ biribiara a ɛbɛhaw no. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ adetrenee a, gye sɛ oyi ne komam yɛ ade a ɛteɛ Onyankopɔn ani so. Obi a osuro Yehowa wɔ ne komam ma enti ɔyɛ adetrenee no, saa nipa no na Yehowa ani gye ne ho.—Deuteronomium 10:12, 13.

Sɛ Yehowa fi soro hwɛ asase so a, ohu adesamma nyinaa sɛ abusua biako

Sɛ obi ayɛ nyiyim atia wo anaa wabu wo atɛnkan pɛn a, ɛnde ma asɛm a Petro ka faa Onyankopɔn ho no nkyekye wo werɛ. Yehowa retwe nnipa a wofi aman nyinaa mu ama wɔaba nokware som mu. (Yohane 6:44; Asomafo Nnwuma 17:26, 27) Otie n’asomfo mpaebɔ na odi ho dwuma; ɔnhwɛ abusua a wofi mu, ɔman a wofi mu anaa wɔn sika. (1 Ahene 8:41-43) Yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ Yehowa fi soro hwɛ asase so a, ohu adesamma nyinaa sɛ abusua biako. Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no, wo koma nka wo sɛ sua ne ho ade pii anaa?

June Bible akenkan

Yohane 17-21Asomafo Nnwuma 1-10