Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SUASUA WƆN GYIDI | YOSEF

“Mesrɛ Mo, Muntie Dae a Maso Yi”

“Mesrɛ Mo, Muntie Dae a Maso Yi”

HWƐ ara na na Yosef rehwɛ apuei fam. Onyae a, anka obeguan afi akwantufo a ɔne wɔn nam no nkyɛn. Wotra mmepɔw a ɛwɔ apuei fam no a, ɛrenkyɛ pii na woadu ne kurom Hebron. Ne papa Yakob de, na onnim nea ato ne dɔba no, enti, na onwini rebedwo ama wadwudwo ne ho. Nanso na Yosef nenam baabi koraa; baabi a ɔbɛkɔ akopue no, ebi mpo a na wanhu ne papa bio. Aguadifo a wɔne Yosef ani kyerɛ anafo no, bere a wɔreka wɔn yoma no nyinaa, na wɔn ani wɔ ne ho. Seesei de, Yosef abɛyɛ wɔn dea, enti na wɔrenhwɛ ma omfi wɔn nsa. Yosef abɛyɛ te sɛ aneneduru ne sradehuam a wɔde rekɔ Egypt nohoa akɔtɔn anya mfaso no.

Ɛbɛyɛ sɛ na Yosef anya mfe 17 pɛ. Sɛ Yosef twa n’ani hwɛ Po Kɛse no wɔ atɔe fam baabi a owia rekɔtɔ no a, wohwɛ a, sɛn na ɔbɛte nka? N’asetena adan abutuw. Anka ɔno ara ne nuanom rekum no, na seesei wɔatɔn no sɛ akoa. Odwen ho ara a, ɔnte ase. Afei na ato nusu. Nea ɛbɛto no daakye mpo, onnim.

Yosef fahodi fii ne nsa, nanso ne gyidi de, okuraa mu pintinn

Ɛbaa no sɛn na Yosef ho kaa mu saa? Ɔno ara n’abusuafo tan n’ani na wɔpoo no, nanso wampa abaw. Dɛn na yebetumi asua afi aberante yi gyidi mu?

ABUSUA A EMU NSƐM PII

Abusua a Yosef fi mu no, na ɛsõ, nanso na anigye ne koroyɛ nnim. Sɛnea Bible ka Yakob abusua ho asɛm no, ɛma yehu sɛ aware dodow nye. Ɛwom, bere a Onyankopɔn asomfo binom waree mmea pii no, Onyankopɔn maa ho kwan. Nanso ne Ba no bae no, ɔsan twee adwene kɔɔ sɛnea Onyankopɔn hyehyɛɛ aware mfiase no so. Ɛne sɛ, obiara nware baako. (Mateo 19:4-6) Yakob ne mmea nnan woo mma bɛyɛ 14. Mmea no ne Lea ne Rahel a Yakob hyɛɛ da waree wɔn, ne wɔn mmaawa Silpa ne Bilha. Efi mfiase nyinaa, Rahel na na ne ho yɛ Yakob fɛ na ɔdɔ no. Lea nso, na ɔyɛ Rahel nua panyin a Yakob asew daadaa Yakob ma ɔwaree no. Enti, na Yakob nnɔ no te sɛ Rahel. Koratwe de, na ebi wɔ Rahel ne Lea ntam paa. Ɛkɔɔ so ara maa wɔn mma nso bɛtoaa so.Genesis 29:16-35; 30:1, 8, 19, 20; 37:35.

Rahel yɛɛ obonin kyɛe paa ansa na ɔrewo Yosef. Enti bere a ɔwoo Yosef no, na Yakob nni ne  ba no ho agoru koraa, efisɛ na ɔyɛ ne nkwakoraabere mu ba. Ɛho nhwɛso bi ni: Bere bi, na Yakob ne n’abusua rekohyia ne nua Esau a anka ɔrepɛ Yakob akum no no. Ná Yakob nnim nea ɛwɔ ne nua no tirim, enti bere a ɔrehyehyɛ n’abusua no, ɔmaa Rahel ne abofra Yosef kodii akyi koraa sɛnea ɛbɛyɛ a asiane biara rento wɔn. Nea esii saa da no, ɛbɛyɛ sɛ Yosef werɛ amfi da. Yosef sɔree saa da no, na ne papa akwakoraa a ɔwɔ ahoɔden no tɔ gu so. Wohwɛ a, ɔtee nka sɛn? Bere a ɔtee nea enti a ne papa tɔ gu so no, ɛbɛyɛ sɛ ne ho dwiriw no paa. Ná ne papa ne ɔbɔfo paa atentam anadwo no. Dɛn na ɛmaa Yakob ne ɔbɔfo no tentamee? Yehowa Nyankopɔn nhyira a na ɔrepɛ ntia. Akatua a Yakob nyae ne sɛ Onyankopɔn sesaa ne din frɛɛ no Israel. Ná wɔde ne din bɛto ɔman mũ so. (Genesis 32:22-31) Akyiri yi, Yosef behui sɛ mmusuakuw a wɔbɛkyekye saa ɔman no, Yakob mma mmarima mu na wobefi aba.

Ankyɛ na awerɛhosɛm bi too abarimaa Yosef; wannyin annu baabiara na onipa a ɔdɔ no paa wui yayaayaw. Ne maame rewo n’akyiriba Benyamin no, ɔfaa mu wui. Yosef papa dii awerɛhow kɛse. Wo de, hwɛ sɛ Yakob repopa Yosef ani ase nusu, na ɔreka anidaso a bere bi, ɛkyekyee Yakob nana Abraham werɛ no ho asɛm akyerɛ no. Hwɛ sɛnea Yosef koma bɛtɔ ne yam bere a obehui sɛ da bi, Yehowa benyan ne maame aba nkwa mu bio. Ebia ɛno maa ɔdɔ a Yosef wɔ ma ‘ateasefo Nyankopɔn’ no yɛɛ kɛse. (Luka 20:38; Hebrifo 11:17-19) Rahel wu akyi no, Yakob bɛpɛɛ ɔne Rahel mma mmienu no asɛm kɛse.Genesis 35:18-20; 37:3; 44:27-29.

Mmofra bi na wɔn awofo pɛ wɔn asɛm saa a, anka wɔbɛsɛe pɔtɔɔ. Yosef de, wanyɛ saa. Ɔhwɛɛ n’awofo suban pa no suasuaa wɔn, na onyaa gyidi a ɛyɛ den. Afei, na n’ani nnye bɔne ho. Bere a Yosef dii mfe 17 no, na ɔne ne nuanom mpanyimfo rehwɛ nguan, ɛnna ohui sɛ ne nuanom no ayɛ bɔne bi. Dɛn na Yosef yɛe? Ɔkaa n’ano toom sɛnea ɛbɛyɛ a ne nuanom bɛpɛ n’asɛm anaa? Sɛ saa adwene no baa Yosef tirim mpo a, ɔde too nkyɛn yɛɛ nea ɛteɛ, na ɔbɔɔ ne papa amanneɛ. (Genesis 37:2) Ná Yakob nim sɛ ne dɔba Yosef yɛ abofra pa, nanso sɛnea ɔde akokoduru bɛkaa ne nuanom nneyɛe bɔne kyerɛɛ no no, ɛmaa ne papa gyee no dii kɛse. Eyi yɛ asuade kɛse ma Kristofo mmerante ne mmabaa. Sɛ wo nua anaa w’adamfo yɛ bɔne a emu yɛ duru, na ɛyɛ wo sɛ kata so a, ɛyɛ papa sɛ wubesuasua Yosef. Mfa nsie, ka kyerɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔte ho asɛm na wɔatumi aboa no.Leviticus 5:1.

Yɛhwɛ Yosef abusua no nso a, yebetumi asua biribi afi mu. Ɛnnɛ, nokware Kristofo ware baako pɛ, nanso mmusua pii wɔ hɔ a mmofra no nyinaa nyɛ agya anaa ɛna koro mma. Yɛn nyinaa betumi asua biribi afi Yakob abusua no mu. Animhwɛ ne  nyiyim tumi sɛe biakoyɛ wɔ abusua mu. Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa ma wɔn mma ne wɔn mmanoma hu sɛ wɔdɔ wɔn mu biara. Afei nso, ɛyɛ papa sɛ awofo a wɔwɔ mmusua a ɛte saa mu no ma mmofra no nyinaa hu sɛ wɔn mu biara ho hia, na wɔn mu biara betumi aboa ama anigye aba abusua no mu.Romafo 2:11.

AHOƆYAW YII NE TI

Ná Yakob pɛ Yosef asɛm efisɛ na odi nokware na ɔyɛ adetrenee

Yakob hyɛɛ Yosef anuonyam, na ɛbɛyɛ sɛ bɔne a na Yosef mpɛ nti na ɔyɛɛ saa. Ɔpam atade soronko bi maa no. (Genesis 37:3) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ atade tenten fɛfɛɛfɛ a na ɛwɔ nsa tenten. Ebia na ɛte sɛ atade a ɔhene ba anaa otitiriw bi hyɛ.

Nea Yakob yɛ maa Yosef no, na adwemmɔne biara nni akyi. Yosef nso, nea ne papa yɛ maa no no ma ohui sɛ ne papa pɛ n’asɛm. Nanso atade a ne papa pam maa no no amma ne ho antɔ no. Ade yi, ɔyɛ oguanhwɛfo, enti na ɔyɛ adwumaden. Wo de, hwɛ sɛ Yosef ahyɛ atade a ɛyɛ fɛ sei, na ɔde nenam sare so reforo abotan. Anaa fa no sɛ oguammaa bi nam wuram na wakɔka nkasɛɛ-nkasɛɛ mu na Yosef hyɛ n’atade fɛfɛ no rebɔ mmɔden sɛ obeyi no. Afei, na atade no bɛma ne nuanom ahu sɛ wɔn papa ahyɛ no anuonyam. Enti wohwɛ a, ne nuanom no bɛte nka sɛn?

Bible ka sɛ: “Bere a ne nuanom hui sɛ wɔn papa dɔ no sen wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan, na na wontumi ne no nkasa abodwo so.” * (Genesis 37:4) Ahoɔyaw a Yosef nuanom nyae no, ebia na ntease wom. Nanso ɛnsɛ sɛ anka wɔma saa su bɔne no di wɔn so. (Mmebusɛm 14:30; 27:4) Wo nso, sɛ wuhu sɛ obi nsa aka hokwan bi a anka wopɛ a, ɛyɛ a wo bo fuw anaa ɛyɛ wo yaw? Ɛnde kae Yosef nuanom no. Ahoɔyaw nti, wɔyɛɛ nneɛma bi nuu wɔn ho akyiri yi. Nea ɛtoo wɔn no kyerɛ Kristofo sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔne “wɔn a wodi ahurusi” bedi ahurusi.Romafo 12:15.

Ɛnyɛ dɛn ara a, na Yosef nim sɛ ne nuanom ani bere no. Enti wohwɛ a, sɛ ne nuanom no wɔ hɔ a, ɔde n’atade fɛfɛɛfɛ no besie anaa? Ebia ɛbaa ne tirim saa. Nanso kae sɛ na Yakob pɛ sɛ Yosef hyɛ atade no de kyerɛ sɛ ne papa dɔ no na ɔsom bo ma no. Ná Yosef mpɛ sɛ awerɛhyem a ne papa anya wɔ ne mu no bɛyɛ ɔkwa, enti daa na ɔhyɛ n’atade no. Nea Yosef yɛe no, yesua no a, ɛbɛboa yɛn. Ɛwom, yɛn soro Agya no nyɛ nyiyim. Nanso, ɛtɔ da a, otumi ma ne nkoa bi hokwan soronko. Afei, waka akyerɛ ne nkoa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wiase a aporɔw atetew yi ho. Sɛnea Yosef atade soronko no maa ɔdaa nsow no, saa ara na nokware Kristofo abrabɔ pa ma wɔda nsow wɔ  wiase. Wɔn abrabɔ pa nti, ɛtɔ da a nkurɔfo ani bere wɔn, na wɔtan wɔn mpo. (1 Petro 4:4) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ Kristoni suro sɛ ɔbɛda ne ho adi sɛ obi a ɔsom Onyankopɔn anaa? Dabi. Sɛnea Yosef ansuro sɛ ɔbɛhyɛ n’atade fɛfɛ no, saa ara na ɛnsɛ sɛ Kristoni suro sɛ obeyi n’anim sɛ ɔyɛ Kristoni.Luka 11:33.

YOSEF SOSOO ADAE

Ankyɛ, Yosef sosoo adae mmienu bi a na obiara nte ase. Dae a edi kan no mu no, na Yosef ne ne nuanom rekyekyere awi atifi atifi. Nanso, Yosef awi no sɔre gyinae, na ne nuanom de no twaa ho hyiae na ɛkotow Yosef de no. Dae a ɛto so mmienu no mu no, na owia ne ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow Yosef. (Genesis 37:6, 7, 9) Dae a Yosef soe yi, dɛn na na ɔbɛyɛ wɔ ho?

Dae no, na efi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Ná ɛyɛ nkɔmhyɛ a Onyankopɔn pɛ sɛ Yosef ka ho asɛm kyerɛ afoforo. Akyiri yi, Onyankopɔn faa adiyifo so kaa ne nsɛm ne n’atemmu kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔnam kwammɔne so. Enti yɛbɛka a, na Onyankopɔn pɛ sɛ Yosef yɛ adwuma a daakye, adiyifo bɛyɛ no bi.

Yosef de anifere ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ: “Mesrɛ mo, muntie dae a maso yi.” Yosef nuanom huu nea dae no kyerɛ, na wɔn ani annye ho koraa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wobɛyɛ ɔhene wɔ yɛn so? Anaa wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wubedi yɛn so?” Enti Bible ka sɛ: “Ne dae yi ne nsɛm a ɔkae no ma wɔtan no sen kan no.” Bere a Yosef kaa dae a ɛto so mmienu no kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom no, ɛno nso, wɔn ani annye ho. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ: ‘Dae a woaso yi kyerɛ dɛn? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ me ne wo maame ne wo nuanom bɛkotow fam wɔ w’anim anaa?’” Nea Yakob kae yi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so dwinnwen nea ne ba no kae no ho. Ebetumi aba sɛ na Yehowa ne Yosef rekasa anaa?Genesis 37:6, 8, 10, 11.

Ɛnyɛ Yosef nko ara na Yehowa de asɛm hyɛɛ n’ano sɛ ɔnka a ɛkɔfaa ɔtan brɛɛ no. Wɔn a Yehowa somaa wɔn saa no, wɔn mu kɛse paa ne Yesu, na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:20) Kristofo nyinaa betumi asua nneɛma pii afi aberante Yosef gyidi ne n’akokoduru no mu.

ƆTAN NO YƐƐ KƐSE

Bere tiaa bi akyi no, Yakob somaa Yosef. Ná Yakob mma mpanyimfo no wɔ atifi fam baabi a ɛbɛn Sekem rehwɛ nguan. Ná ɛnkyɛe pii na Yosef nuanom kodii nsɛmmɔne wɔ Sekem maa ɛhɔfo faa wɔn ho tan. Enti, na Yakob pɛ sɛ ohu sɛnea ne mma no ho te. Ɛno na ɛma ɔsomaa Yosef wɔn nkyɛn. Ná Yosef nim paa sɛ ne nuanom no mpɛ n’anim ahwɛ mpo. Enti wohwɛ a ɔtee nka sɛn? Sɛ ne nuanom no hu sɛ ɔno na ne papa asoma no wɔn nkyɛn a, wɔn ani begye ho anaa? Ɛmfa ho sɛnea na Yosef te nka biara no, ɔyɛɛ setie kɔe.Genesis 34:25-30; 37:12-14.

Ɔkwan de, na ebi wom. Anyɛ yiye koraa no, na ɔbɛnantew nnanan anaa nnanum. Ná Sekem wɔ Hebron atifi fam, na efi Hebron rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 80. Yosef duu Sekem no, ɔtee sɛ ne nuanom no akɔ wɔn anim akodu Dotan. Efi Sekem nso rekɔ Dotan bɛyɛ kilomita 22. Bere a Yosef koduu Dotan no, ne nuanom no huu sɛ ofi akyirikyiri reba. Ɛhɔ ara na wɔn bo fuwii denneennen. Bible ka sɛ: “Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Monhwɛ, ɔdaesofo no na ɔreba no! Momma yenkum no nto abura yi bi mu, na yɛnkɔka sɛ aboa bi akyere no, na yɛnhwɛ nea ne dae no bɛkɔ akosi.’” Ruben ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ mma wonkum no, na mmom wɔmfa no nto abura bi mu. Ná n’adwene nyinaa ne sɛ akyiri ɔbɛkɔ akoyi no.Genesis 37:19-22.

Yosef de, na onnim sɛ ne nuanom no afa ne ho adwene bi. Oduu hɔ ara na wɔyeree no! Wodwoodwoo no worɔw n’atade fɛfɛ no, na wɔtwee no kɔɔ abura bi a nsu nnim ho. Ɛnna wɔtow no hwii kɔtoo abura no ase, tim! N’ani so tetew no no, ɔyɛɛ brɛbrɛ sɔre gyinaa ne nan so. Nanso ɔto n’ani a, na ohu sɛ ɛnyɛ ade a ɔno ara betumi apue. Ade a na ohu ara ne wim. Ná ɔte ne nuanom no kasa, nanso ɔteɛm teɛm a, wommua no. Woyii wɔn ani tenaa nkyɛn hɔ baabi didii. Bere a  Ruben twee ne ho ara pɛ, wɔsan yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum Yosef. Nanso Yuda ka ma wɔtee ase sɛ, sɛ aguadifo bi betwam a, wɔntɔn no mma wɔn mmom. Esiane sɛ na Dotan bɛn ɔkwan a aguadifo fa so kɔ Egypt nti, ankyɛ koraa na Ismaelfo ne Midianfo akwantufo bi yii wɔn ti. Ruben bae no, na wɔayɛ nea wɔbɛyɛ awie. Ná wɔatɔn wɔn nua no agye nnwetɛbona aduonu. *Genesis 37:23-28; 42:21.

Ná Yosef mpɛ bɔne, nanso na ne nuanom tan no

Ɛno de yɛn ba asɛm a yɛkaa no mfiase pɛɛ no so. Bere a aguadifo a wɔtɔɔ Yosef no de wɔn ani kyerɛɛ Egypt wɔ anafo fam no, na ayɛ sɛ Yosef anidaso asa. Ná ɛte sɛ nea wɔatwa no asu! Nneɛma a esisii n’akyi no, mfe pii betwam a na ɔrente ho hwee. Awerɛhow a Ruben dii bere a obehui sɛ wɔatɔn Yosef, ne ɛyaw a Yakob faa mu bere a wɔdaadaa no sɛ ne dɔba Yosef awu no nyinaa, Yosef ante ho biribiara. Ne nana Isak a na ɔda so te ase ne ne nua kumaa Benyamin a ɔpɛ n’asɛm no nso, wante wɔn ho asɛm biara. Ɛno kyerɛ sɛ na Yosef awiei ara ne no anaa?Genesis 37:29-35.

Biribi wɔ hɔ a, ɛno de, Yosef nuanom antumi annye amfi ne nsam. Ɛno ne gyidi. Ná wasua nneɛma pii afa ne Nyankopɔn Yehowa ho ama wanya gyidi kɛse. Enti nea ɔfaa mu koduu Egypt, ɛne tɔn a wɔsan tɔn no sɛ akoa maa sikani Potifar oo, ne fie a wanhu bio oo, emu biara nni hɔ a ɛsɛee saa gyidi no. (Genesis 37:36) Ɔhaw a Yosef faa mu no maa Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ no yɛɛ kɛse. Afei nso, ɛma osii ne bo denneennen sɛ ɔbɛkɔ so ne ne Nyankopɔn anantew. Yosef gyidi nti, Yehowa Nyankopɔn de no yɛɛ adwuma. Afei, n’abusua a na ɔhaw wom no nso, wonyaa ne so mfaso. Akyiri yi, Ɔwɛn-Aban foforo bɛba abɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu. Sɛ yesuasua Yosef gyidi a, ɛbɛboa yɛn paa!

^ nky. 15 Nhwehwɛmufo binom ka sɛ, akyɛde a Yakob de maa Yosef no nti, ebia ne nuanom faa no sɛ wɔn papa pɛ sɛ ɔde Yosef yɛ abakan. Ná wonim sɛ ɔbea a Yakob dɔ no a ahyɛase no, na ɔpɛ sɛ ɔware no no, ne ba panyin ne Yosef. Afei, Yakob abakan Ruben nso, na ɔne ne papa yefam akɔda ama wagu ne papa anim ase. Enti abakan a ɔyɛ no, na ɛho aba asɛm.Genesis 35:22; 49:3, 4.

^ nky. 25 Ade ketewaa yi mu mpo, nea Bible kae no yɛ nokware. Nhoma a na ɛwɔ hɔ saa bere no foa so sɛ, nnwetɛbona aduonu na na wɔde tɔ nkoa wɔ Egypt.