Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN BU AKODIE SƐN?

Yesu Bere so no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Yesu Bere so no, na Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?

Yesu bere so no, Roma Ahemman dii Yudafo no ani paa. Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnye wɔn sɛnea wɔn agyanom nso su frɛɛ Onyankopɔn no. Ɛwom ara na Yudafo no tee sɛ obi aba a wɔfrɛ no Yesu. Ɔno ne Mesia a kyerɛwnsɛm no aka sɛ ɔbɛba no anaa? Yudafo pii nyaa “anidasoɔ sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ɔmmɛgye Israel” mfiri Romafo no nsam. (Luka 24:21) Nanso ɔgyeɛ biara amma. Mmom, afe 70 mu no, Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem ne asɔrefie a ɛwɔ hɔ no.

Ɛbaa no sɛn? Adɛn nti na saa bere yi deɛ Onyankopɔn anko amma Yudafo no, anaa wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔne wɔn atamfo mfa nsi ani? Afei deɛ, na Onyankopɔn asesa n’adwene wɔ akokoakoko ho anaa? Dabi. Yudafo mmom na wɔammɔ wɔn bra yie. Wɔannye anni sɛ Yesu, Onyankopɔn Ba no, ne Mesia no. (Asomafoɔ Nnwuma 2: 36) Enti na wɔnyɛ Onyankopɔn man bio.—Mateo 23:37, 38.

Afei deɛ na Onyankopɔn ayi n’ani afiri Yuda man ne Bɔhyɛ Asase no so, na na ɔko biara a Yudafo bɛkɔ no Onyankopɔn nsa nnim bio. Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a Onyankopɔn bɛpo Israel man no na wayi ɔman foforo. Saa ɔman yi na Bible frɛ no “Onyankopɔn Israel.” Wɔn na afei wɔbɛnya Onyankopɔn nhyira. (Galatifoɔ 6: 16; Mateo 21:43) Yɛka Onyankopɔn Israel a, wɔne Kristofo asafo no mufo a wɔde honhom asra wɔn no. Asomafo no bere so no, wɔde sii Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no anim sɛ: “Seesei moyɛ Onyankopɔn man.”—1 Petro 2:9, 10.

Bere a tete Kristofo no bɛyɛɛ “Onyankopɔn man” no, wogye di sɛ Onyankopɔn ko gyee wɔn fii Romafo no nsam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntu wɔn atamfo no so sa anaa? Dabi. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛahu dada sɛ ɔko biara a Onyankopɔn nsa wom no, ɔno na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔko. Enti Onyankopɔn anko amma tete Kristofo no, na wamma wɔankɔ ɔko biara nso. Wei kyerɛ sɛ na Onyankopɔn bere nsoe sɛ ɔbɛko ayi amumɔyɛsɛm ne ateetee afiri hɔ.

Tete no, Onyankopɔn na na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ n’asomfo kɔ ako. Enti Kristofo a wɔtenaa ase asomafo bere so no, na ɛsɛ sɛ wɔn nso twɛn kɔsi sɛ Onyankopɔn ankasa bɛyi amumɔyɛsɛm ne ateetee afiri hɔ. Ɛno nti, Onyankopɔn amma Kristofo no kwan sɛ wɔne wɔn atamfo nko. Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ mu no, ɔmaa emu daa hɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ne wɔn atamfo ko. Mmom ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5: 44) Bere a Yesu rehyɛ nkɔm sɛ Roma asraafo bɛsɛe Yerusalem no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnnwane; wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔntena hɔ ne wɔn atamfo mfa nsi ani. Asuafo no tiei, na wɔdwanee.—Luka 21:20, 21.

Bio nso, Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnni mo ho werɛ, . . . ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Aweredie wɔ me; me ara mɛtua ka, Yehowa na ɔseɛ.’” (Romafoɔ 12:19) Asɛm a Paulo kae yi, na Onyankopɔn aka dada wɔ Leviticus 19:18 ne Deuteronomium 32:35. Yɛahu sɛ tete no, sɛ atamfo teetee Onyankopɔn nkurɔfo a, na ɔtua wɔn bɔne no so ka. Ɔkwan baako a na ɔfa so yɛ saa ne sɛ ɔboa n’asomfo no ma wɔtu atamfo no so sa. Enti Paulo asɛm no kyerɛ sɛ asomafo no bere so nyinaa na Onyankopɔn adwene wɔ akodie ho nsesae. Onyankopɔn adwene ne sɛ, sɛ ɛho hia sɛ ɔtua atamfo so ka anaa ɔyi ateetee ne amumɔyɛsɛm fi hɔ a, akodie ne ɔkwampa a ɔfa so yɛ saa. Nanso sɛnea yɛahu no, Onyankopɔn nko ara na na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ako ne nnipa a ɛsɛ sɛ wɔkɔ. Saa ara nso na ɛte nnɛ.

Ɛda adi sɛ Onyankopɔn amma tete Kristofo no ankɔ ako. Ɛnnɛ nso ɛ? Onyankopɔn aka akyerɛ nnipa bi sɛ wɔnkɔ ɔko anaa? Wohwɛ a, bere aso sɛ Onyankopɔn ko ma ne nkurɔfo? Ɛnnɛ, sɛn koraa na Onyankopɔn bu akokoakoko? Ɔwɛn-Aban yi mu asɛm a ɛdi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu.